Yakobo Nwoma
2 Me nuanom, gyidie a yɛwɔ wɔ Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn animuonyam mu no, mode animhwɛ na ɛkura mu anaa?+ 2 Yɛmfa no sɛ obi a sika kɔkɔɔ mpɛtea hyehyɛ ne nsa na ɔhyɛ ataadeɛ fɛfɛ aba baabi a moahyia, na ohiani bi nso a ɔhyɛ ataade fĩ aba hɔ. 3 Sɛ mote mo anim hwɛ deɛ ɔhyɛ ataadeɛ fɛfɛ no ka kyerɛ no sɛ: “Bɛtena baabi pa,” na ohiani no deɛ, moka kyerɛ no sɛ, “Gyina hɔ,” anaa “Tena adwa a me nan sisi so yi nkyɛn” a,+ 4 ɛno nkyerɛ sɛ moyiyi nnipa mu,+ na moabɛyɛ atemmufoɔ a mobu atɛnkyea+ anaa?
5 Me nuanom adɔfo, montie. Ɛnyɛ wiase no mu ahiafoɔ na Onyankopɔn ayi wɔn sɛ wɔmmɛyɛ adefoɔ wɔ gyidie mu?+ Na ɛnyɛ wɔn na wɔayɛ wɔn adedifoɔ* wɔ Ahennie a wahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma wɔn a wɔdɔ no+ no mu anaa? 6 Nanso mobu ahiafoɔ animtia. Ɛnyɛ adefoɔ na wɔhyɛ mo so+ na wɔtwe mo kɔ asɛnnibea? 7 Din pa a Onyankopɔn de ama mo no, ɛnyɛ wɔn na wɔka ho asɛmmɔne? 8 Enti mmara kunini* a ɛwɔ twerɛsɛm no mu sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho”+ no, sɛ modi so a, na morebɔ mmɔden paa. 9 Nanso sɛ mokɔ so yɛ animhwɛ+ a, na moreyɛ bɔne, na mmara no bu mo fɔ* sɛ moyɛ mmaratofoɔ.+
10 Sɛ obi di Mmara no nyinaa so na ɔbu emu asɛm baako so a, wadi ne nyinaa ho fɔ.+ 11 Ɛfiri sɛ deɛ ɔkaa sɛ: “Nsɛe awareɛ”+ no, ɔno ara na ɔkaa sɛ: “Nni awu.”+ Enti sɛ woansɛe awareɛ nanso wodi awu a, woato mmara. 12 Monkɔ so mma mo kasa ne mo nneyɛɛ nkyerɛ sɛ moade mo ho, na wɔde nnipa a wɔade wɔn ho mmara*+ na ɛbɛbu mo atɛn. 13 Na deɛ ɔnhu nnipa mmɔbɔ no, ɔno nso wɔrenhu no mmɔbɔ wɔ atemmuo mu.+ Mmɔborɔhunu tumi di nkonim wɔ atemmuo so.
14 Me nuanom, sɛ obi ka sɛ ɔwɔ gyidie nanso nnwuma nka ho a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ so?+ Saa gyidie no bɛtumi agye no nkwa?+ 15 Sɛ onuabarima anaa onuabaa bi nni ataadeɛ a ɔbɛhyɛ* ne aduane a ɛbɛso no da no mpo, 16 na sɛ mo mu bi ka kyerɛ no sɛ: “Fa asomdwoeɛ kɔ, na wo ho nyɛ wo hye na mee,” na moamma no deɛ nipadua no hia a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ so?+ 17 Saa ara na gyidie nso teɛ; sɛ nnwuma nka ho a, na awu.+
18 Nanso obi bɛka sɛ: “Wowɔ gyidie, na me nso mewɔ nnwuma. Kyerɛ me wo gyidie a nnwuma nka ho no, na me nso memfa me nnwuma nkyerɛ wo me gyidie.” 19 Wogye di sɛ Onyankopɔn baako na ɔwɔ hɔ? Ɛyɛ paa. Ahonhommɔne* nso gye di na wɔn ho popo.+ 20 O onipa a wonni nteaseɛ, wonnim sɛ gyidie a nnwuma nka ho yɛ gyidi hunu? 21 Ɛnyɛ nnwuma so na wɔnam buu yɛn agya Abraham bem berɛ a ɔde ne ba Isak kɔtoo afɔrebukyia so sɛ ɔde no rebɔ afɔreɛ no?+ 22 Wo ara wonim sɛ ɔde nnwuma kaa ne gyidie no ho, na nnwuma na ɛmaa ne gyidie wiee pɛyɛ,+ 23 na twerɛsɛm no baa mu sɛ: “Abraham gyee Yehowa* dii, na wɔbuu no sɛ ɔyɛ ɔteneneeni,”+ na ɛmaa wɔfrɛɛ no Yehowa* adamfo.+
24 Moahu sɛ wɔnam nnwuma so na ɛbu onipa bem, na ɛnyɛ gyidie nko ara so. 25 Tuutuuni Rahab nso, berɛ a ɔgyee mmarima a wɔsomaa wɔn no kama na ɔmaa wɔfaa ɛkwan foforɔ so kɔeɛ no, ɛnkyerɛ sɛ nnwuma so na wɔnam buu no bem anaa?+ 26 Ampa, sɛdeɛ nipadua a honhom* nnim awuo+ no, saa ara na gyidie a nnwuma nka ho awu.+