Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Asomafoɔ Nnwuma 25
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Asomafoɔ Nnwuma Mu Nsɛntitire

      • Wɔdii Paul asɛm wɔ Festo anim (1-12)

        • “Mede asɛm no dan Kaesare!” (11)

      • Festo ne Ɔhene Agripa dwendwenee asɛm no ho (13-22)

      • Wɔde Paul bɛgyinaa Agripa anim (23-27)

Asomafoɔ Nnwuma 25:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 24:27

Asomafoɔ Nnwuma 25:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 24:1

Asomafoɔ Nnwuma 25:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 23:20, 21

Asomafoɔ Nnwuma 25:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 25:16

Asomafoɔ Nnwuma 25:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 5:11; Lu 23:1, 2; Aso 24:5

Asomafoɔ Nnwuma 25:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 24:11, 12

Asomafoɔ Nnwuma 25:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 24:27

Asomafoɔ Nnwuma 25:11

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Mepɛ sɛ Kaesare nso tena asɛm no so!”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 23:26, 29
  • +Aso 28:17-19

Asomafoɔ Nnwuma 25:12

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Wopɛ sɛ Kaesare nso tena asɛm no so.”

Asomafoɔ Nnwuma 25:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 25:2, 3

Asomafoɔ Nnwuma 25:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 25:5

Asomafoɔ Nnwuma 25:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 25:7

Asomafoɔ Nnwuma 25:19

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wɔn ankasa nyamesom.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 18:14, 15; 23:26, 29
  • +Aso 22:6-8

Asomafoɔ Nnwuma 25:20

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 25:9

Asomafoɔ Nnwuma 25:21

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛyɛ abodin bi a na wɔde ma Roma ɔhempɔn.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 25:11, 12

Asomafoɔ Nnwuma 25:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 9:15

Asomafoɔ Nnwuma 25:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 22:22

Asomafoɔ Nnwuma 25:25

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 23:26, 29

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Aso. 25:1Aso 24:27
Aso. 25:2Aso 24:1
Aso. 25:3Aso 23:20, 21
Aso. 25:5Aso 25:16
Aso. 25:7Mt 5:11; Lu 23:1, 2; Aso 24:5
Aso. 25:8Aso 24:11, 12
Aso. 25:9Aso 24:27
Aso. 25:11Aso 23:26, 29
Aso. 25:11Aso 28:17-19
Aso. 25:15Aso 25:2, 3
Aso. 25:16Aso 25:5
Aso. 25:18Aso 25:7
Aso. 25:19Aso 18:14, 15; 23:26, 29
Aso. 25:19Aso 22:6-8
Aso. 25:20Aso 25:9
Aso. 25:21Aso 25:11, 12
Aso. 25:22Aso 9:15
Aso. 25:24Aso 22:22
Aso. 25:25Aso 23:26, 29
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Asomafoɔ Nnwuma 25:1-27

Asomafoɔ Nnwuma

25 Enti Festo+ baa ɔmantam no mu, na ɔbɛfirii n’adwuma ase. Ne nnansa so no, ɔfiri Kaesarea foro kɔɔ Yerusalem. 2 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Yudafoɔ atitire no baa ne nkyɛn, na wɔde nsɛm a wɔwɔ tia Paul no bɛtoo n’anim.+ Na wɔfirii aseɛ paa Festo kyɛw 3 sɛ ɔnyɛ wɔn adom, na ɔnsoma nkɔfa Paul mmra Yerusalem. Nanso na wɔabɔ pɔ sɛ wɔbɛtetɛ Paul wɔ kwan so aku no.+ 4 Ɛnna Festo kaa sɛ wɔmma Paul nna afiase wɔ Kaesarea, ɛfiri sɛ ɛrenkyɛ ɔno ara nso bɛkɔ hɔ. 5 Ɔkaa sɛ: “Enti momma mo mu atitire no ne me nkɔ, na sɛ ɛyɛ ampa sɛ ɔbarima no ayɛ bɔne bi a, wɔabɔ no kwaadu.”+

6 Enti berɛ a ɔdii wɔn nkyɛn bɛyɛ nnawɔtwe anaa nnafua du no, ɔkɔɔ Kaesarea. Berɛ a adeɛ kyeeɛ no, ɔtenaa atemmuo adwa so, na ɔkaa sɛ wɔmfa Paul mmra. 7 Berɛ a ɔbaeɛ no, Yudafoɔ a wɔfiri Yerusalem baeɛ no bɛtwaa ne ho hyiaeɛ, na wɔkaa nsɛm akɛseɛ bebree guu ne so, nanso wɔantumi amfa ho adanseɛ biara amma.+

8 Na Paul yii ano sɛ: “Menyɛɛ bɔne biara a ɛtia Yudafoɔ Mmara anaa asɔrefie no anaa Kaesare.”+ 9 Ná Festo pɛ sɛ ɔnya Yudafoɔ no anim animuonyam,+ enti ɔbisaa Paul sɛ: “Wopɛ sɛ wokɔ Yerusalem ma wɔdi asɛm no wɔ m’anim wɔ hɔ anaa?” 10 Ɛnna Paul kaa sɛ: “Megyina Kaesare atemmuo adwa anim, na ɛha na ɛsɛ sɛ wɔdi m’asɛm. Menyɛɛ Yudafoɔ no bɔne biara, sɛdeɛ wo ara nso woahu no yie no. 11 Sɛ meyɛ ɔbɔnefoɔ ampa, na sɛ mayɛ biribi a enti ɛsɛ sɛ mewu a,+ merenka sɛ wɔnyaa me; wɔnku me. Nanso sɛ asɛm a mmarima yi de ato me so yi mu biara nyɛ nokorɛ a, ɛnneɛ onipa biara rentumi mfa me nhyɛ wɔn nsa mfa nsɔ wɔn ani. Mede asɛm no dan Kaesare!”*+ 12 Ɛnna Festo ne n’afotufoɔ kɔsusuu asɛm no ho. Berɛ a wɔwieeɛ no, ɔka kyerɛɛ Paul sɛ: “Kaesare na wode asɛm no adan no,* enti Kaesare hɔ na wobɛkɔ.”

13 Nna bi akyi no, Ɔhene Agripa ne Bernike baa Kaesarea bɛkyeaa Festo maa no amo. 14 Ná wɔbɛdi nna pii wɔ hɔ, enti Festo de Paul asɛm no too ɔhene no anim. Ɔkaa sɛ:

“Ɔbarima bi wɔ ha a Felike gyaa no afiase. 15 Berɛ a mewɔ Yerusalem no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Yudafoɔ mpanimfoɔ no de ne ho asɛm bɛtoo m’anim,+ na wɔsrɛɛ me sɛ memmu no fɔ. 16 Nanso meka kyerɛɛ wɔn sɛ, ɛnyɛ Romafoɔ amammerɛ sɛ wɔbɛbu obi fɔ de asɔ wɔn a wɔabɔ no kwaadu no ani berɛ a ɔnnyaa kwan nyii n’ano wɔ wɔn anim wɔ asɛm a wɔde ato ne so no ho.+ 17 Enti berɛ a wɔbɛduruu ha no, mantwentwɛn me nan ase. Adeɛ kyeeɛ ara na metenaa atemmuo adwa so kaa sɛ wɔmfa ɔbarima no mmra. 18 Berɛ a wɔn a wɔrebɔ no kwaadu no sɔre gyinaa hɔ no, wɔfirii aseɛ kasae. Nanso bɔne a na mesusu sɛ ɔbarima no ayɛ no, ɛnyɛ emu biara na wɔde too ne so.+ 19 Mmom ɛkwan a wɔn ara fa so som wɔn nyame* ho akyinnyeɛ bi na wɔne no gyeeɛ.+ Afei nso, wɔne no gyee akyinnyeɛ wɔ Yesu bi a ɔwuiɛ a Paul ka no dendeenden sɛ ɔte ase ho.+ 20 Ná menhunu deɛ menyɛ wɔ akyinnyegyeɛ no ho, enti mebisaa no sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem ma wɔkɔdi asɛm no wɔ hɔ anaa.+ 21 Nanso Paul kaa sɛ wɔmma no nna afiase nkɔsi sɛ Onimuonyamfoɔ*+ no bɛbua asɛm no. Enti mekaa sɛ wɔmma no nna hɔ nkɔsi sɛ mede no bɛkɔ akɔma Kaesare.”

22 Na Agripa ka kyerɛɛ Festo sɛ: “Me ara mepɛ sɛ metie ɔbarima no.”+ Ɛnna ɔkaa sɛ: “Ɔkyena wobɛtie no.” 23 Enti adeɛ kyeeɛ no, Agripa ne Bernike baeɛ a wɔahyehyɛ wɔn ho kɔsɔɔ, na wɔne asahene ne kuro no mu atitire no kɔɔ baabi a wɔtie asɛm no. Afei Festo kaa sɛ wɔmfa Paul mmra, enti wɔde no baeɛ. 24 Na Festo kaa sɛ: “Ɔhene Agripa ne mo a mo ne yɛn wɔ ha nyinaa, saa ɔbarima a mo ani tua no yi, ɔno na Yudafoɔ no nyinaa de ne ho asɛm bɛtoo m’anim wɔ Yerusalem ne ɛha nso no. Ɔno na Yudafoɔ no teateaam sɛ ɛnsɛ sɛ ɔtena nkwa mu bio no.+ 25 Nanso mehuu sɛ ɔnyɛɛ biribiara a enti ɛsɛ sɛ ɔwuo.+ Enti berɛ a ɔbarima no ara de asɛm no dan Onimuonyamfoɔ no, meyɛɛ sɛ mede no bɛkɔ akɔma no. 26 Nanso menhu asɛm pɔtee a mentwerɛ mfa ne ho nkɔma me Wura. Ɛno nti na mede no aba mo nyinaa anim no, titire wo, Ɔhene Agripa, na sɛ wohwehwɛ asɛm no mu wie a, manya biribi atwerɛ. 27 Ɛfiri sɛ mehu sɛ nteaseɛ nnim sɛ mede ɔdeduani bɛkɔ a merenkyerɛ asɛm a wɔde ato ne so.”

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane