Ɔde Kɔmaa Hebrifoɔ
5 Ɔsɔfo panin biara a wɔyi no firi nnipa mu no, wɔhyɛ no sɔfoɔ ma ɔgyina nnipa ananmu yɛ Onyankopɔn som adwuma,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔde akyɛdeɛ bɛma, na wabɔ bɔne ho afɔreɛ.+ 2 Nnipa a wɔnnim a wɔdi mfomsoɔ* no, ɔtumi nya ayamhyehyeɛ ma wɔn,* ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ɔno nso wɔ mmerɛyɛ, 3 na ɛno nti, ɛsɛ sɛ ɔbɔ ɔno ara ne bɔne ho afɔreɛ, sɛdeɛ ɔbɔ ma ɔmanfoɔ no ara.+
4 Onipa biara rentumi mfa saa anidie yi mma ɔno ara ne ho. Sɛ obi bɛtumi anya saa anidie yi a, gye sɛ Onyankopɔn afrɛ no, sɛdeɛ ɔfrɛɛ Aaron no.+ 5 Saa ara na Kristo nso teɛ. Ɛnyɛ ɔno ara na ɔhyɛɛ ne ho animuonyam+ bɛyɛɛ ɔsɔfo panin. Mmom Deɛ ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Woyɛ me ba; ɛnnɛ mabɛyɛ w’agya”+ no, ɔno na ɔhyɛɛ no animuonyam. 6 Saa ara na waka wɔ baabi foforɔ nso sɛ, “Woyɛ ɔsɔfoɔ daa te sɛ Melkisedek.”+
7 Berɛ a Kristo wɔ asaase so no,* ɔnam nteamu a emu yɛ den ne nisuo+ so de nkotosrɛ ne adesrɛ kɔɔ Deɛ na ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu no anim, na ne nyamesuro nti, wɔtiee no. 8 Ɛwom sɛ na ɔyɛ ɔba deɛ, nanso ɔsuaa ɔsetie firii amanehunu a ɔfaa mu no mu.+ 9 Na berɛ a wɔmaa no wiee pɛyɛ+ no, ɔbɛyɛɛ obi a ɔbɛma wɔn a wɔtie no no nyinaa anya nkwagyeɛ daa,+ 10 ɛfiri sɛ Onyankopɔn ayi no sɛ ɔsɔfo panin te sɛ Melkisedek.+
11 Yɛwɔ ne ho nsɛm pii ka, nanso ɛyɛ den sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ mu, ɛfiri sɛ mote asɛm a, ɛkyɛ ansa na moate aseɛ. 12 Saa berɛ yi deɛ, anka ɛsɛ sɛ moyɛ akyerɛkyerɛfoɔ. Nanso, moda so ara hia obi a ɔbɛsan afiri aseɛ akyerɛkyerɛ mo Onyankopɔn nsɛm kronkron a modii kan suaeɛ no.*+ Moate kɔ mo akyi abɛyɛ nnipa a wɔhia nufosuo, ɛnyɛ aduane a ɛyɛ den. 13 Na obiara a ɔkɔ so ara nom nufoɔ no, ɔnnim tenenee asɛm no, ɛfiri sɛ ɔyɛ abɔfra ketewa.+ 14 Na aduane a ɛyɛ den yɛ wɔn a wɔanyini no dea, wɔn a wɔde wɔn adwene yɛ adwuma ma enti wɔatete no ama ɛtumi hunu papa ne bɔne mu nsonsonoeɛ no.