Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Asomafoɔ Nnwuma 11
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Asomafoɔ Nnwuma Mu Nsɛntitire

      • Petro de amanneɛbɔ kɔmaa asomafoɔ no (1-18)

      • Barnaba ne Saul kɔɔ Antiokia a ɛwɔ Siria (19-26)

        • Berɛ a ɛdi kan a wɔfrɛɛ asuafoɔ no Kristofoɔ (26)

      • Agabo hyɛɛ nkɔm sɛ ɛkɔm bɛba (27-30)

Asomafoɔ Nnwuma 11:2

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wɔn a wɔtaa twetiatwa akyi.”

  • *

    Anaa “ne no nyaa akasakasa.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 10:45; Ga 2:12

Asomafoɔ Nnwuma 11:3

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wɔntwaa wɔn dua.”

Asomafoɔ Nnwuma 11:5

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “dadesɛn bi.”

  • *

    Anaa “nwera.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 10:10-16

Asomafoɔ Nnwuma 11:6

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “mmoa a wɔwea fam.”

Asomafoɔ Nnwuma 11:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 10:17-20

Asomafoɔ Nnwuma 11:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 10:30-33

Asomafoɔ Nnwuma 11:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 2:1, 4; 10:44, 45

Asomafoɔ Nnwuma 11:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 3:11; Mr 1:8; Lu 3:16; Aso 1:5
  • +Yoe 2:28; Yoh 1:33; Aso 2:17

Asomafoɔ Nnwuma 11:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 10:47

Asomafoɔ Nnwuma 11:18

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “wɔyɛɛ dinn.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 11:10; Aso 17:30; Ro 10:12; 15:8, 9

Asomafoɔ Nnwuma 11:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 8:1
  • +Mt 10:5, 6

Asomafoɔ Nnwuma 11:21

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 2:47; 9:35

Asomafoɔ Nnwuma 11:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 4:36, 37

Asomafoɔ Nnwuma 11:23

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wɔnsi wɔn adwene pi na wɔmmata Awurade ho.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 13:43; 14:21, 22

Asomafoɔ Nnwuma 11:24

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “bɛkaa Awurade ho.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 2:47; 4:4; 5:14; 9:31

Asomafoɔ Nnwuma 11:25

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 21:39

Asomafoɔ Nnwuma 11:26

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wɔdii kan too asuafoɔ no din sɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 9:2

Asomafoɔ Nnwuma 11:27

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “siane firii.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 12:28; Efe 4:11

Asomafoɔ Nnwuma 11:28

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 21:10, 11
  • +Mt 24:7

Asomafoɔ Nnwuma 11:29

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wɔde akɔsom.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ko 8:12
  • +Ga 2:10

Asomafoɔ Nnwuma 11:30

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wɔde faa Barnaba ne Saul nsa so.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 12:25

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Aso. 11:2Aso 10:45; Ga 2:12
Aso. 11:5Aso 10:10-16
Aso. 11:11Aso 10:17-20
Aso. 11:13Aso 10:30-33
Aso. 11:15Aso 2:1, 4; 10:44, 45
Aso. 11:16Mt 3:11; Mr 1:8; Lu 3:16; Aso 1:5
Aso. 11:16Yoe 2:28; Yoh 1:33; Aso 2:17
Aso. 11:17Aso 10:47
Aso. 11:18Yes 11:10; Aso 17:30; Ro 10:12; 15:8, 9
Aso. 11:19Aso 8:1
Aso. 11:19Mt 10:5, 6
Aso. 11:21Aso 2:47; 9:35
Aso. 11:22Aso 4:36, 37
Aso. 11:23Aso 13:43; 14:21, 22
Aso. 11:24Aso 2:47; 4:4; 5:14; 9:31
Aso. 11:25Aso 21:39
Aso. 11:26Aso 9:2
Aso. 11:271Ko 12:28; Efe 4:11
Aso. 11:28Aso 21:10, 11
Aso. 11:28Mt 24:7
Aso. 11:292Ko 8:12
Aso. 11:29Ga 2:10
Aso. 11:30Aso 12:25
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Asomafoɔ Nnwuma 11:1-30

Asomafoɔ Nnwuma

11 Na asomafoɔ no ne anuanom a wɔwɔ Yudea no tee sɛ amanaman mufoɔ nso agye Onyankopɔn asɛm no. 2 Enti berɛ a Petro foro baa Yerusalem no, wɔn a wɔka sɛ nkurɔfoɔ ntwa twetia*+ no firii aseɛ kasa tiaa no.* 3 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Woakɔ nnipa a wɔntwaa wɔn twetia* fie ne wɔn akɔdidi.” 4 Ɛnna Petro firii aseɛ kyerɛkyerɛɛ asɛm no mu nyinaa kyerɛɛ wɔn. Ɔkaa sɛ:

5 “Ná mewɔ Yopa kuro mu rebɔ mpaeɛ, ɛnna menyaa anisoadehunu bi. Mehuu sɛ biribi* resiane firi soro te sɛ ntoma* kɛseɛ bi a wɔkurakura anoano nnan regyaagyaa mu firi soro, na ɛbaa me nkyɛn.+ 6 Berɛ a mehwɛɛ mu yie no, mehuu asaase so mmoa a wɔn nan yɛ nnan ne nkekaboa ne awɔ ne nkoterɛ* ne ewiem nnomaa. 7 Metee nso sɛ ɛnne bi reka akyerɛ me sɛ: ‘Petro, sɔre, kum bi na di!’ 8 Ɛnna mekaa sɛ: ‘Daabida, Awurade, ɛfiri sɛ biribi a ɛho agu fĩ anaa ɛho nteɛ biara nkɔɔ m’anom da.’ 9 Ɛnne a ɛfiri soro no kaa ne mprenu so sɛ: ‘Nneɛma a Onyankopɔn ate ho no, nka sɛ ɛho agu fĩ.’ 10 Wei kɔɔ so mprɛnsa, na wɔtwee biribiara san kɔɔ ɔsoro. 11 Afei nso, saa berɛ no ara, mmarima mmiɛnsa bɛgyinaa fie a yɛte mu no ano. Ná wɔasoma wɔn firi Kaesarea sɛ wɔmmra me nkyɛn.+ 12 Ɛnna honhom no ka kyerɛɛ me sɛ me ne wɔn nkɔ, na memmma m’adwenem nnyɛ me naa koraa. Na anuanom nsia yi nso ne me kɔeɛ, na yɛwuraa ɔbarima no fie.

13 “Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ ɔhuu ɔbɔfoɔ sɛ ɔgyina ne fie reka sɛ: ‘Soma mmarima ma wɔnkɔ Yopa, na wɔnkɔfrɛ Simon a wɔfrɛ no Petro no mmra,+ 14 na ɔbɛkyerɛ wo deɛ wo ne wo fiefoɔ nyinaa yɛ a, mobɛnya nkwa.’ 15 Na berɛ a mefirii aseɛ sɛ merekasa no, honhom kronkron baa wɔn so sɛdeɛ yɛn nso, ɛbaa yɛn so mfitiaseɛ no.+ 16 Ɛnna mekaee asɛm a na Awurade taa ka no. Ná ɔka sɛ: ‘Yohane deɛ, nsuo na ɔde bɔɔ asu,+ na mo deɛ, wɔde honhom kronkron bɛbɔ mo asu.’+ 17 Enti, akyɛdeɛ a Onyankopɔn de ma kwa a ɔde maa yɛn a yɛagye Awurade Yesu Kristo adie no, sɛ ɔde akyɛdeɛ korɔ no ara bi ama wɔn a, mene hwan a mɛtumi asi Onyankopɔn kwan?”+

18 Berɛ a wɔtee weinom no, wɔne no antwe bio,* na wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam. Wɔkaa sɛ: “Ɛnneɛ na Onyankopɔn abue kwan ama amanaman mufoɔ nso sɛ wɔnsakra wɔn adwene sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya nkwa.”+

19 Na asuafoɔ a amanehunu a ɛbaa wɔ Stefano wuo akyi nti wɔbɔ hweteeɛ no,+ wɔkɔeɛ ara kɔfaa Foinike ne Kipro ne Antiokia. Nanso Yudafoɔ nko ara na wɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn.+ 20 Nso wɔn mu bi a wɔfiri Kipro ne Kirene baa Antiokia, na wɔfirii aseɛ ne wɔn a wɔka Greek kasa no kasaeɛ, na wɔkaa Awurade Yesu ho asɛmpa kyerɛɛ wɔn. 21 Bio nso, na Yehowa* nsa ka wɔn ho, na nnipa pii bɛyɛɛ agyidifoɔ, na wɔdane baa Awurade nkyɛn.+

22 Na asafo a ɛwɔ Yerusalem no tee wɔn ho asɛm, na wɔsomaa Barnaba+ maa no kɔe ara kɔduruu Antiokia. 23 Berɛ a ɔduruu hɔ a ɔhuu Onyankopɔn adom no, ɔdii ahurisie, na ɔfirii aseɛ hyɛɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnkɔ so mfiri wɔn akoma nyinaa mu ntie Awurade.*+ 24 Ná Barnaba yɛ onipa pa, na na honhom kronkron ne gyidie ayɛ no ma. Ɛno nti, nnipadɔm bebree bɛgyee Awurade diiɛ.*+ 25 Enti ɔkɔɔ Tarso kɔhwehwɛɛ Saul dendeenden.+ 26 Berɛ a ɔhuu no no, ɔde no baa Antiokia. Na wɔde afe mua ne wɔn hyiaam wɔ asafo no mu, na wɔkyerɛkyerɛɛ nnipadɔm pii. Na Antiokia na wɔnam Onyankopɔn akwankyerɛ so dii kan frɛɛ asuafoɔ no* Kristofoɔ.+

27 Saa nna no mu no, adiyifoɔ+ bi firi* Yerusalem baa Antiokia. 28 Ɛnna adiyifoɔ no baako a wɔfrɛ no Agabo+ sɔreeɛ, na ɔnam honhom no so hyɛɛ nkɔm sɛ ɛkɔm kɛseɛ bi reba asaase nyinaa so.+ Na ampa ara, ɛbaa mu wɔ Klaudio berɛ so. 29 Enti asuafoɔ no yɛɛ adwene sɛ, deɛ obiara bɛtumi biara,+ ɔde bɛba ama wɔde akɔboa*+ anuanom a wɔwɔ Yudea no. 30 Enti wɔyɛɛ saa, na wɔde somaa Barnaba ne Saul+ maa wɔde* kɔmaa mpanimfoɔ no.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane