Hesekiel
38 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, fa w’ani si Gog a ɔfiri Magog asaase so no so,+ Mesek ne Tubal ɔberempɔn kunini no,+ na hyɛ nkɔm tia no.+ 3 Ka sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mesek ne Tubal ɔberempɔn kunini Gog, hwɛ, me ne wo wɔ asɛm. 4 Mɛma w’adwene asesa, na mede akɔtɔkorɔ ahyehyɛ w’afono mu+ de atwe wo ne w’asraafoɔdɔm,+ apɔnkɔ ne ɛsotefoɔ a wɔhyehyɛ ntaadeɛ fɛfɛ, w’asafodɔm a wɔkurakura akyɛm akɛseɛ ne nketewa* ne nsekan nyinaa. 5 Persia, Etiopia, ne Put+ a wɔn nyinaa wɔ akyɛm nketewa ne nnadeɛ kyɛ no ka wɔn ho; 6 Gomer ne n’asraafoɔdɔm nyinaa, Togarma fie+ a wɔfiri atifi fam akyirikyiri ne n’asraafoɔdɔm nyinaa; aman pii nso ka wo ho.+
7 “‘“Siesie wo ho na yɛ krado, wo ne wo dɔm nyinaa, wɔn a wɔaboaboa wɔn ano wɔ wo nkyɛn nyinaa, na wo na wobɛdi wɔn anim.*
8 “‘“Nna pii akyi no mɛba abɛhwɛ wo. Na mfeɛ a ɛdi akyire mu no, wobɛto ahyɛ wɔn a wɔagye wɔn afiri sekan ano no asaase so, wɔne nnipa a wɔboaboaa wɔn ano firii aman pii so baa Israel mmepɔ so no; ɛfiri berɛ tenten na ayɛ amamfo. Asaase yi sofoɔ na wɔyii wɔn firii aman so baeɛ, na wɔn nyinaa te hɔ dwoodwoo.+ 9 Wobɛba wɔn so sɛ ahum, na wobɛkata asaase no so te sɛ mununkum; wo ne w’asraafoɔdɔm nyinaa ne aman pii a wɔka wo ho.”’
10 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Saa da no, biribi bɛba w’akomam na woadwene adwemmɔne. 11 Na wobɛka sɛ: “Mɛto ahyɛ asaase a ɛho da hɔ no so.*+ Mɛba wɔn a wɔte hɔ dwoodwoo na biribiara nha wɔn no so. Wɔn nyinaa tete hɔ a wɔnni fasuo, na adaban ne apono mpo wɔnni bi.” 12 W’adwene ne sɛ wobɛnya nneɛma pii afom, na woato ahyɛ amamfo a afei nnipa tete so no so,+ ne nnipa a wɔasan aboaboa wɔn ano afiri amanaman mu+ a wɔanya ahodeɛ ne agyapadeɛ pii+ no so; nnipa a wɔte asaase mfimfini no.
13 “‘Saba+ ne Dedan+ ne Tarsis adwadifoɔ+ ne n’akofoɔ* nyinaa bɛbisa wo sɛ: “Nneɛma pii a wobɛnya afom nti na worebɛto ahyɛ wɔn so yi? Woaboaboa w’asafo ano, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛsoa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ na woafa ahodeɛ ne agyapadeɛ, na woasesa nneɛma pii akɔ?”’
14 “Enti onipa ba, hyɛ nkɔm na ka kyerɛ Gog sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Da a me man Israel bɛtena ase dwoodwoo no, worenhu anaa?+ 15 Wobɛfiri wo tenabea a ɛwɔ atifi fam akyirikyiri aba,+ wo ne aman pii a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ so, asafodɔm kɛseɛ, asraafoɔdɔm bebree.+ 16 Wobɛba me man Israel so te sɛ mununkum abɛkata asaase no so. Awieeɛ nna no mu no, mede wo bɛba ama woato ahyɛ m’asaase so,+ na sɛ menam wo so te me din ho wɔ amanaman no anim a, wɔahu me, O Gog.”’+
17 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Ɛnyɛ wo na menam me nkoa adiyifoɔ a wɔwɔ Israel so kaa wo ho asɛm tete no? Wɔhyɛɛ* nkɔm mfeɛ pii sɛ mede wo bɛba ama woato ahyɛ wɔn so.’
18 “Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, ‘Saa da no, ɛda a Gog bɛto ahyɛ Israel asaase so no, m’abufuo bɛdɛre.+ 19 M’aniberɛ ne m’abufuo mu na mɛkasa; saa da no, asaasewosoɔ kɛseɛ bɛba Israel asaase so. 20 Me nti, ɛpo mu mpataa, ewiem nnomaa, wuram mmoa, mmoa a wɔwea fam nyinaa, ne asaase so nnipa nyinaa ho bɛpopo, na mmepɔ bɛdwiri agu,+ na abotan akɛseɛ apaapae na afasuo nyinaa adwiri agu fam.’
21 “‘Mɛma sekan aba ne so wɔ me mmepɔ nyinaa so. Na obiara bɛtwe sekan wɔ ne nua so,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. 22 ‘Na mede nsanyareɛ a ɛdi awuo+ ne mogyahwieguo bɛtwe n’aso; na mɛma nsuo kɛseɛ ne asukɔtweaa+ ne egya+ ne sɔfe*+ atɔ agu ɔne n’asraafoɔdɔm ne aman bebree a wɔka ne ho no so.+ 23 Na mɛhyɛ me ho animuonyam na mate me din ho, na mɛda me ho adi wɔ aman pii anim ama wɔahu sɛ mene Yehowa.’