Asomafoɔ Nnwuma
16 Na ɔkɔduruu Derbe ne Listra.+ Ná osuani bi wɔ hɔ a ne din de Timoteo+ a ne maame yɛ Yudani gyidini, na na ne papa yɛ Greeceni. 2 Ná anuanom a wɔwɔ Listra ne Ikoniom nyinaa bɔ no din pa. 3 Ná Paul pɛ sɛ ɔde Timoteo ka ne ho kɔ, na Yudafoɔ a wɔwɔ hɔ no nti,+ ɔfaa no twaa no twetia,* ɛfiri sɛ na wɔn nyinaa nim sɛ ne papa yɛ Greeceni. 4 Berɛ a wɔnam nkuro no so no, wɔde mmara a na asomafoɔ no ne mpanimfoɔ a wɔwɔ Yerusalem ahyɛ sɛ wɔnni so no maa wɔn.+ 5 Enti asafo ahodoɔ no kɔɔ so yɛɛ den wɔ gyidie no mu, na wɔn dodoɔ kɔɔ animu daa.
6 Afei, wɔkɔfaa Frigia ne Galatia asaase so,+ ɛfiri sɛ honhom kronkron no baraa wɔn sɛ wɔnnka asɛm no wɔ Asia mantam mu. 7 Bio nso, berɛ a wɔbɛduruu Misia no, wɔyɛɛ sɛ wɔbɛkɔ Bitinia,+ nanso Yesu honhom no amma wɔn kwan. 8 Enti wɔtwaam wɔ Misia, na wɔbaa Troa. 9 Saa anadwo no, Paul nyaa anisoadehunu bi. Ná ɔbarima bi a ɔyɛ Makedoniani gyina hɔ resrɛ no sɛ: “Bra Makedonia, na bɛboa yɛn.” 10 Berɛ a ɔnyaa anisoadehunu no pɛ, yɛyɛɛ sɛ yɛrekɔ Makedonia, ɛfiri sɛ yɛhuu sɛ Onyankopɔn na afrɛ yɛn sɛ yɛnkɔka asɛmpa no nkyerɛ wɔn.
11 Enti yɛfaa nsuo so firii Troa baa Samotrake tee, na adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔɔ Neapoli. 12 Na berɛ a yɛfirii hɔ no, yɛkɔɔ Roma kuro* Filipi+ mu. Ná ɛno ne kuro titire wɔ Makedonia mantam no mu. Yɛtenaa saa kuro yi mu dii nna kakra. 13 Berɛ a Homeda duruiɛ no, yɛfaa kuro no pono mu pueeɛ, na yɛkɔɔ asubɔnten bi ho, baabi a na yɛn adwene yɛ yɛn sɛ nkurɔfoɔ bɔ mpaeɛ. Yɛtenaa ase wɔ hɔ, na yɛfirii aseɛ kasa kyerɛɛ mmaa a na wɔahyiam wɔ hɔ no. 14 Ná ɔbaa bi a wɔfrɛ no Lidia a ɔtɔn ataadeɛ afasebire* retie. Ná ɔfiri Tiatira+ kuro no mu, na na ɔsom Onyankopɔn. Na Yehowa* buee n’akoma mu nyinaa maa no tiee nsɛm a na Paul reka no. 15 Berɛ a wɔbɔɔ Lidia ne ne fiefoɔ asu+ no, ɔsrɛɛ yɛn sɛ: “Sɛ moabu me sɛ medi nokorɛ ma Yehowa* a, ɛnneɛ mommra na mommɛtena me fie.” Na ɔyɛeɛ ara maa yɛkɔɔ hɔ.
16 Ɛda bi a yɛrekɔ baabi a wɔbɔ mpaeɛ no, abaawa bi bɛhyiaa yɛn. Ná ɔwɔ honhommɔne a ɛma no ka deɛ ɛbɛsi daakye.+ Ná daakye nsɛm a ɔka no ma ne wuranom nya mfasoɔ pii. 17 Abaawa yi kɔɔ so dii yɛne Paul akyi teateaam sɛ: “Nnipa yi yɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn+ no nkoa, na wɔreka nkwagyeɛ kwan no ho asɛm akyerɛ mo.” 18 Ɔyɛɛ saa nna pii. Afei ɛyɛɛ Paul ahomete, na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ honhom no sɛ: “Mehyɛ wo Yesu Kristo din mu sɛ firi ne mu.” Na ɛhɔ ara na ɔfirii ne mu.+
19 Berɛ a abaawa no wuranom huu sɛ mfasoɔ a wɔn ani da so abɔ wɔn no,+ wɔsosɔɔ Paul ne Silas mu, na wɔtwee wɔn kɔɔ dwa so kɔmaa atumfoɔ no.+ 20 Na wɔdii wɔn anim de wɔn kɔɔ ɔman mpanimfoɔ no hɔ, na wɔkaa sɛ: “Saa mmarima yi reha yɛn kuro yi paa.+ Wɔyɛ Yudafoɔ, 21 na wɔkyerɛkyerɛ amanneɛ ahodoɔ bi a mmara mma kwan sɛ yɛdi akyire anaa yɛyɛ, ɛfiri sɛ yɛyɛ Romafoɔ.” 22 Na nnipadɔm no tuu wɔn ano guu wɔn so. Ɛnna ɔman no mu mpanimfoɔ no tetee Paul ne Silas ntaadeɛ mu, na wɔkaa sɛ wɔmmɔ wɔn mmaa.+ 23 Berɛ a wɔbɔɔ wɔn mmaa pii wieeɛ no, wɔde wɔn kɔguu afiase, na wɔka kyerɛɛ deɛ ɔhwɛ afiase hɔ no sɛ ɔnhwɛ wɔn so yie.+ 24 Ɛsiane sɛ wɔkaa saa kyerɛɛ no nti, ɔde wɔn kɔguu afiase dan a ɛhyɛ akyiri paa no mu, na ɔkyekyeree wɔn nan bɔɔ dua mu.
25 Na bɛyɛ dasuom no, Paul ne Silas bɔɔ mpaeɛ, na wɔtoo dwom yii Onyankopɔn ayɛ,+ na na nneduafoɔ no retie wɔn. 26 Prɛko pɛ na asaasewosoɔ kɛseɛ bi siiɛ, na ɛmaa afiase no fapem mpo wosoeɛ. Na ɛhɔ ara na apono no nyinaa buebueeɛ, na obiara nkɔnsɔnkɔnsɔn saneeɛ.+ 27 Berɛ a deɛ ɔhwɛ afiase hɔ no nyaneeɛ a ɔhuu sɛ afiase apono no abuebue no, ɔtwee ne sekan sɛ ɔrebɛku ne ho, ɛfiri sɛ na ɛyɛ no sɛ nneduafoɔ no adwane.+ 28 Ɛnna Paul de nne kɛseɛ teaam sɛ: “Nyɛ wo ho bɔne biara, na yɛn nyinaa wɔ ha!” 29 Enti ɔkɔgyee kanea, na ɔde mmirika bɔ wuraa hɔ, na ɔde ahopopoɔ kɔbuu nkotodwe wɔ Paul ne Silas anim. 30 Na ɔde wɔn baa abɔnten, ɛnna ɔbisaa wɔn sɛ: “Me wuranom, menyɛ dɛn na manya nkwa?” 31 Wɔkaa sɛ: “Gye Awurade Yesu di, na wɔbɛgye wo nkwa, wo ne wo fiefoɔ.”+ 32 Na wɔkaa Yehowa* asɛm no kyerɛɛ ɔne wɔn a wɔwɔ ne fie nyinaa. 33 Na anadwo no ara, ɔde wɔn kɔ kɔhohoroo wɔn akuro anim. Na ntɛm ara wɔbɔɔ ɔne ne fiefoɔ nyinaa asu.+ 34 Na ɔde wɔn baa ne fie bɛtoo pono maa wɔn, na ɔne ne fiefoɔ nyinaa dii ahurisie kɛseɛ sɛ seesei wabɛgye Onyankopɔn adi.
35 Berɛ a adeɛ kyeeɛ no, ɔman mpanimfoɔ no somaa awɛmfoɔ maa wɔkɔka kyerɛɛ deɛ ɔhwɛ afiase hɔ no sɛ: “Gyaa saa mmarima no ma wɔnkɔ.” 36 Ɛnna deɛ ɔhwɛ afiase hɔ no kaa wɔn asɛm no kyerɛɛ Paul sɛ: “Ɔman mpanimfoɔ no asoma nnipa aba sɛ mennyaa mo mmienu. Enti mompue mmra, na momfa asomdwoeɛ nkɔ.” 37 Nanso Paul ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛyɛ Romafoɔ, ɛnna wɔahwe yɛn badwam+ de yɛn agu afiase berɛ a wɔmmuu yɛn fɔ.* Afei deɛ wɔrebɛyi yɛn kodɛɛ? Daabi! Momma wɔn ankasa mmra, na wɔmmɛfa yɛn mpue.” 38 Enti awɛmfoɔ no kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ ɔman mpanimfoɔ no. Berɛ a wɔtee sɛ mmarima no yɛ Romafoɔ no, wɔbɔɔ hu.+ 39 Enti wɔbae, na wɔbɛpaa wɔn kyɛw. Na berɛ a wɔde wɔn pueeɛ no, wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfiri kuro no mu nkɔ. 40 Nanso berɛ a wɔfirii afiase hɔ no, wɔkɔɔ Lidia fie. Na berɛ a wɔhuu anuanom no, wɔhyɛɛ wɔn nkuran,+ na wɔfirii hɔ kɔe.