Asomafoɔ Nnwuma
28 Berɛ a yɛkɔduruu dwoodwoo no, yɛhuu sɛ wɔfrɛ saa supɔ no Malta.+ 2 Nnipa a ɛwɔ hɔ a wɔka pɔtɔ kasa* no daa ayamyɛ soronko* adi kyerɛɛ yɛn. Na nsuo a na ɛretɔ ne awɔ a ɛwom nti, wɔsɔɔ gya gyee yɛn nyinaa kama. 3 Nanso berɛ a Paul boaboaa nnua nketenkete bi ano de guu gya no so no, ɛhyew no nti, ahurutoa* bi firii mu bɛkyekyeree ne nsa. 4 Berɛ a nnipa a ɛka pɔtɔ kasa no huu sɛ aboa bɔne no sɛn ne nsa ho no, wɔfirii aseɛ kekaa sɛ: “Ampa ara, ɔbarima yi yɛ wudini. Ɛwom sɛ wafiri ɛpo no mu abɛduru dwoodwoo deɛ, nanso Atɛntenenee* amma no ankɔ so antena ase.” 5 Nanso Paul petee aboa no guu gya no mu, na hwee anyɛ no. 6 Ná wɔrehwɛ kwan sɛ ɔrebɛhonhono anaasɛ ɔrebɛtwa ahwe awu amonom hɔ ara. Nanso berɛ a wɔtwɛn berɛ tenten a wɔhuu sɛ bɔne biara anto no no, wɔsesaa wɔn adwene, na wɔfirii aseɛ kaa sɛ ɔyɛ nyame.
7 Ná nsaase bi wɔ mpɔtamu hɔ, na na ɛyɛ supɔ no so okunini bi a wɔfrɛ no Publio dea. Saa barima yi gyee yɛn fɛ so, na ɔde nnansa som yɛn hɔhoɔ kama. 8 Ná Publio papa da mpa so a ɔyare atiridii ne ayamtuo.* Enti Paul kɔɔ ne nkyɛn, na ɔbɔɔ mpaeɛ, na ɔde ne nsa guu ne so saa no yareɛ.+ 9 Wei siiɛ akyi no, supɔ no so nnipa a aka a wɔyare no nso firii aseɛ baa ne nkyɛn maa no saa wɔn yareɛ.+ 10 Nkurɔfoɔ no nso kyɛɛ yɛn nneɛma pii de kyerɛɛ anisɔ. Na berɛ a yɛrefiri hɔ akɔ no, wɔde biribiara a yɛhia maa yɛn, na wɔde guu ɛpo so hyɛn no mu.
11 Abosome mmiɛnsa akyi no, yɛfaa ɛpo so hyɛn bi a n’ahyɛnsodeɛ ne “Seus Mma.” Ná ɛhyɛn no firi Aleksandria, na na abɛtwa awɔ berɛ no wɔ supɔ no so. 12 Na yɛkɔgyinaa Sirakusa po so hyɛn gyinabea, na yɛdii nnansa wɔ hɔ. 13 Berɛ a yɛtu firii hɔ no, yɛtoaa so kɔduruu Regio. Na da a ɛdi hɔ no, anaafoɔ mframa bi bɔ maa ne nnanu so no, yɛkɔduruu Puteoli. 14 Yɛhuu anuanom wɔ hɔ, na wɔsrɛɛ yɛn sɛ yɛntena wɔn nkyɛn nnanson. Afei yɛde yɛn ani kyerɛɛ Roma. 15 Berɛ a anuanom tee yɛn nka no, wɔfiri hɔ bɛhyiaa yɛn wɔ Apia Dwa so ne Nsadan-Mmiɛnsa tɔnn. Na berɛ a Paul huu wɔn no, ɔdaa Onyankopɔn ase, na n’akoma tɔɔ ne yam.+ 16 Afei deɛ, yɛtumi kɔduruu Roma. Na wɔmaa Paul kwan maa ɔno nko ara kɔtenaeɛ, na na ɔsraani a ɔwɛn no no ka ne ho.
17 Nnansa akyi no, ɔfrɛɛ Yudafoɔ no mu atitire no hyiae. Berɛ a wɔhyiaeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mmarima, anuanom, ɛwom sɛ menyɛɛ biribiara a ɛtia ɔmanfoɔ anaa yɛn agyanom amanneɛ deɛ,+ nanso wɔde me hyɛɛ Romafoɔ nsa sɛ ɔdeduani wɔ Yerusalem.+ 18 Na berɛ a wɔhwehwɛɛ asɛm no mu wieeɛ no,+ na wɔpɛ sɛ wɔgyaa me, ɛfiri sɛ na menyɛɛ biribiara a enti ɛsɛ sɛ wɔku me.+ 19 Nanso Yudafoɔ no ampene. Ɛno na ɛmaa mede asɛm no kɔdan Kaesare,+ na ɛnyɛ sɛ ebia mewɔ biribi a mede rebɔ me man kwaadu. 20 Saa asɛm yi ho nti na mekaa sɛ mepɛ sɛ mehu mo, na me ne mo kasa, ɛfiri sɛ Israel anidasoɔ no nti na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn yi agu me.”+ 21 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛnnyaa wo ho krataa biara mfirii Yudea, na anuanom a wɔfiri hɔ baeɛ no mu biara nso mmɛbɔɔ wo ho amanneɛ, na wɔmmɛkaa wo ho asɛmmɔne biara. 22 Nanso yɛsusu sɛ ɛyɛ papa sɛ yɛbɛtie w’adwene ɛfiri sɛ nokwasɛm nie, mate-me-ho kuo yi+ deɛ, yɛnim sɛ nkurɔfoɔ kasa tia wɔ baabiara.”+
23 Afei wɔhyɛɛ da a wɔne no bɛhyia, na saa da no, nnipa pii baa baabi a ɔte no senee kane no. Na ɔkyerɛkyerɛɛ asɛm no mu kyerɛɛ wɔn, na ɔdii Onyankopɔn Ahennie ho adanseɛ frenkyemm, na ɔnam Mose Mmara+ ne Adiyifoɔ no+ so kaa Yesu ho nsɛm+ a ɛtɔ asom, firii anɔpa kɔsii anwummerɛ. 24 Ebinom firii aseɛ gyee deɛ ɔkaeɛ no diiɛ; ebinom nso annye anni. 25 Ɛsiane sɛ na wɔn adwene nhyia nti, wɔfirii aseɛ sɛ wɔrekɔ. Ɛnna Paul kaa asɛm baako yi sɛ:
“Honhom kronkron nam odiyifoɔ Yesaia so kaa no yie kyerɛɛ mo agyanom 26 sɛ, ‘Kɔ na kɔka kyerɛ ɔman yi sɛ: “Te deɛ, mobɛte nanso morente aseɛ, na hwɛ deɛ, mobɛhwɛ nanso morenhunu.+ 27 Ɛfiri sɛ ɔman yi akoma apirim, na wɔde wɔn aso atie kwa. Wɔakata wɔn ani sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔremfa wɔn ani nhunu da, na wɔremfa wɔn aso ntie, na wɔremfa wɔn akoma nte aseɛ, na wɔansakra amma mansa wɔn yareɛ.”’+ 28 Enti monhu sɛ, nkwagyeɛ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ yi, wɔde kɔ amanaman no mu;+ na sɛdeɛ ɛteɛ biara, wɔbɛtie.”+ 29 *——
30 Enti ɔdii mfeɛ mmienu mua wɔ hɔ wɔ fie a ɔno ara agye tua ho ka+ mu, na ɔgyee wɔn a wɔbaa ne nkyɛn no nyinaa kama. 31 Ɔkaa Onyankopɔn Ahennie ho asɛm kyerɛɛ wɔn, na ɔde akokoɔduro kɛseɛ kyerɛkyerɛɛ Awurade Yesu Kristo ho adeɛ,+ na biribiara ansi no kwan.