Dwom
Wɔde ma dwom kyerɛfoɔ; Gitit* so. Kora mma+ dwom. Ayeyi dwom.
M’akoma ne me honam to ahurisi dwom ma Onyankopɔn teasefoɔ no.
3 O asafo Yehowa a woyɛ me Hene ne me Nyankopɔn,
Baabi a w’afɔrebukyia kɛseɛ no wɔ no,
Anomaa mpo anya baabi atena wɔ hɔ;
Asomfena nso ayɛ ne pirebuo wɔ hɔ,
Na ɛhɔ na ɔhwɛ ne mma.
4 Anigyeɛ ne wɔn a wɔwɔ wo fie!+
Wɔyi wo ayɛ daa.+ (Sela)
5 Anigyeɛ ne nnipa a wɔde wo ayɛ wɔn ahoɔden+
Na wɔn akoma so adeɛ ne sɛ wɔde wɔn ani bɛkyerɛ wo fie kwan.
8 O asafo Yehowa Nyankopɔn, tie me mpaebɔ;
O Yakob Nyankopɔn, yɛ aso tie me. (Sela)
10 Ɛfiri sɛ ɛyɛ sɛ obi bɛtena wo fie adihɔ da koro sene sɛ ɔbɛdi nna apem wɔ baabi foforɔ biara.+
Mayɛ m’adwene sɛ mɛgyina me Nyankopɔn fie kwan ano mmom
Sene sɛ mɛtena abɔnefoɔ ntomadan mu.
Wɔn a wɔn abrabɔ di mu no,
Yehowa remfa adepa biara nkame wɔn.+