Dwom
NWOMA A ƐTƆ SO MMIƐNSA
(Dwom 73-89)
Asaf+ dwom.
73 Ampa, Onyankopɔn yɛ ma Israel, ɔyɛ ma wɔn a wɔn akoma mu teɛ.+
8 Wɔtweetwee nkurɔfoɔ, na wɔkeka nsɛmmɔne;+
Wɔn ahantan nti, wɔhunahuna nkurɔfoɔ sɛ wɔde nhyɛsoɔ bɛba wɔn so.+
9 Wɔhoahoa wɔn ho kɔduru soro,
Na wɔmema wɔn ho so wɔ asaase so de wɔn kɛtrɛma keka deɛ wɔpɛ.
10 Enti Onyankopɔn nkurɔfoɔ de wɔn adwene kɔ wɔn so,
Na wɔnom wɔn nsuo bebrebe no bi.
11 Wɔka sɛ: “Onyankopɔn bɛyɛ dɛn ahunu?+
Enti Ɔsorosoroni no nim biribiara ampa?”
12 Anokwa, saa nnebɔneyɛfoɔ yi, daa wɔnya no fo.+
Da biara na wɔn ahodeɛ redɔɔso.+
16 Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛte aseɛ,
Nanso na ɛyɛ den ma me,
17 Kɔsii sɛ mekɔɔ Onyankopɔn tenabea kronkron kɛseɛ no mu;
Ɛnna mehunuu sɛdeɛ daakye ɛbɛwie wɔn.
18 Ampa, wode wɔn gyina deɛ ɛhɔ yɛ toro.+
Woma wɔhwehwe ase na wɔsɛe pasaa.+
19 Hwɛ sɛdeɛ wɔn asɛm ayɛ mmɔbɔ mpofirim!+
Hwɛ sɛdeɛ mpofirim, awie wɔn bɔne!
20 O Yehowa, sɛdeɛ obi so daeɛ a ɔnyane ma no tete n’ani so no,
Saa ara na sɛ wokeka wo ho a, wobɛma wɔn animuonyam abɔ wɔn.*
22 Ná mente nneɛma ase na na me nimdeɛ sua;
Meyɛɛ sɛ aboa a ɔnni adwene wɔ w’ani so.
25 Hwan bio na mewɔ no ɔsoro?
Menni biribiara ho anigyeɛ wɔ asaase so ka wo ho.+
27 Sɛdeɛ ɛteɛ biara, wɔn a wɔtwe wɔn ho firi wo ho no bɛyera.
Wɔn a wɔfiri w’akyi kɔbɔ adwaman* no nyinaa, wɔbɛsɛe wɔn.*+
28 Na me deɛ, ɛyɛ ma me sɛ mɛbɛn Onyankopɔn.+
Awurade Tumfoɔ Yehowa na mede no ayɛ me dwankɔbea
Sɛ mɛka ne nnwuma nyinaa ho asɛm.+