30 Yake ba Agur nsɛm a emu yɛ duru. Ɔka kyerɛɛ Itiel, Itiel ne Ukal.
2 Me na mennim hwee koraa wɔ nnipa mu,+
Na nteaseɛ a ɛsɛ sɛ nnipa nya no, menni bi.
3 Mensuaa nyansa,
Na menni Ɔkronkronni no nimdeɛ no bi.
4 Hwan na waforo akɔ soro na wasiane?+
Hwan na ɔde ne nsa mmienu akye mframa?
Hwan na ɔde ne ntoma akyekyere nsuo?+
Hwan na ɔde asaase ano nyinaa tintim hɔ?+
Sɛ wonim a, ne din de sɛn, na ne ba din de sɛn?
5 Onyankopɔn asɛm biara ho te.+
Ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔhwehwɛ ahobammɔ wɔ ne nkyɛn.+
6 Mfa biribiara nka ne nsɛm ho,+
Anyɛ saa a, ɔbɛka w’anim,
Na wobɛyɛ ɔtorofoɔ.
7 Nneɛma mmienu na mesrɛ firi wo hɔ.
Berɛ a menwuiɛ yi, mfa nkame me.
8 Yi nkontompo ne atorɔ firi me ho kɔ akyirikyiri.+
Mma me ohia anaa ahonyadeɛ.
Ma me aduane a ɛbɛso me na menni,+
9 Na mammee anka sɛ mennim wo, na mammisa sɛ, “Hwan ne Yehowa?”+
Na mma ɛnnhia me, na manwia adeɛ angu me Nyankopɔn din ho fĩ.
10 Nsɛe akoa din nkyerɛ ne wura,
Na wannome wo amma woanni fɔ.+
11 Nnipa bi wɔ hɔ a, wɔdome wɔn papa,
Na wɔnhyira wɔn maame.+
12 Nnipa bi wɔ hɔ a, wɔn ho te wɔn ankasa ani so,+
Nanso wɔnhohoroo wɔn ho fĩ.
13 Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ani tra wɔn ani ntɔn,
Na wɔn ani nsɔ adeɛ koraa!+
14 Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn se yɛ sekan,
Wɔn apantan yɛ sekan a wɔde di awuo,
Na wɔde we mmɔborɔwafoɔ a wɔwɔ asaase so
Ne ahiafoɔ firi nnipa mu.+
15 Amemem wɔ mma mmaa mmienu a wɔteam sɛ: “Fa bra! Fa bra!”
Nneɛma mmiɛnsa bi wɔ hɔ a, ɛmmee da,
Na nneɛma nnan bi wɔ hɔ a, ɛnka sɛ: “Ayɛ yie!”
16 Adamena+ ne yafunu a ɛnwoɔ,
Asaase a ɛnnya nsuo,
Ne egya a ɛnka da sɛ, “Ayɛ yie!”
17 Ani a ɛdi ne papa ho fɛ na ɛbu ne maame asɛm animtia no,+
Subɔn mu kwaakwaadabi bɛtutu,
Na ɔkɔdeɛ mma abɛdi.+
18 Nneɛma mmiɛnsa bi wɔ hɔ a, ɛboro m’adwene so,
Na nnan na mente aseɛ:
19 Ɔkɔdeɛ kwan wɔ wiem,
Ɔwɔ kwan wɔ abotan so,
Ɛhyɛn kwan wɔ ɛpo so,
Ne ɔbarima kwan wɔ ababaawa ho.
20 Ɔbaa waresɛefoɔ kwan nie:
Ɔdidi, ɔpepa n’ano;
Na ɔka sɛ, “Menyɛɛ bɔne biara.”+
21 Nneɛma mmiɛnsa na ɛwoso asaase,
Na nnan yi na ɛntumi nnyina ano:
22 Berɛ a akoa abɛdi hene,+
Berɛ a kwasea adidi aboro so,
23 Berɛ a ɔbaa a obiara tan no anya kunu,
Ne berɛ a abaawa apamo n’awuraa na wakɔhyɛ n’anan.+
24 Nneɛma nnan yi yɛ asaase so nneɛma a ɛsusua no bi,
Nanso wɔde nyansa ahyɛ wɔn mu:+
25 Ntɛtea yɛ abɔdeɛ a wɔnni ahoɔden,
Nanso wɔsiesie wɔn aduane ahuhuro berɛ mu.+
26 Nkukuban+ nyɛ abɔdeɛ akɛseɛ,
Nanso wɔyɛ wɔn dan wɔ abotan mu.+
27 Ntutummɛ+ nni ɔhene,
Nanso sɛ wɔrekɔ a, wɔn nyinaa hyehyɛ wɔn ho akuakuo.+
28 Efiewura+ de ne nan sɔ adeɛ mu dendeenden,
Na ɔkɔ ɔhene ahemfie.
29 Nneɛma mmiɛnsa na sɛ wɔretutu wɔn nan a, wɔyi akyẽa,
Na nnan yi na wɔn nanteɛ yɛ fɛ:
30 Gyata, mmoa mu hoɔdenfoɔ
A ɔnnane ne ho mfiri obiara anim;+
31 Kraman a wɔde no kɔ ahayɔ; apɔnkyenini;
Ne ɔhene a n’asraafoɔ ka ne ho.
32 Sɛ woadi nkwaseasɛm ama wo ho so,+
Anaa woabɔ pɔ sɛ wobɛyɛ saa a,
Fa wo nsa to w’ano.+
33 Ɛfiri sɛ wonu nufosuo mu ara a, bɔta na ɛba,
Na womia hwene a, mogya na ɛba,
Saa ara na sɛ wohwanyan abufuo a, akasakasa na ɛba.+