Luka Twerɛtohɔ
10 Weinom akyi no, Awurade yii asuafoɔ 70 foforɔ, na ɔsomaa wɔn mmienu mmienu+ dii n’anim kɔɔ kuro biara ne baabiara a na ɔno ankasa rebɛkɔ no. 2 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ ɛwom ne sɛ, afuo no mu nnɔbaeɛ a ɛsɛ sɛ wɔtwa no dɔɔso, nanso adwumayɛfoɔ no sua. Enti monsrɛ afuo Wura no, na ɔnsoma adwumayɛfoɔ mmɛtwa ne nnɔbaeɛ no bi.+ 3 Monkɔ! Hwɛ! meresoma mo sɛ nnwan mma akɔ mpataku mu.+ 4 Mommfa sika kotokuo, anaa aduane bɔtɔ, anaa mpaboa,+ na monnkyea obiara* wɔ kwan so. 5 Baabiara a mobɛwura efie bi mu no, monni kan nka sɛ, ‘Asomdwoeɛ mmra efie yi so.’+ 6 Sɛ obi a ɔmpɛ asomdwoeɛ wɔ hɔ a, mo asomdwoeɛ bɛsan aba mo so. Na sɛ obi a ɔpɛ asomdwoeɛ* wɔ hɔ a, mo asomdwoeɛ bɛtena ne so. 7 Enti montena saa fie no mu,+ na deɛ wɔde bɛma mo no, monni na monnom,+ ɛfiri sɛ odwumayɛni akatua sɛ no.+ Monntu mmfiri efie baako mu nnkɔ efie foforɔ mu.
8 “Afei nso, kuro biara a mobɛwura mu no, sɛ wɔgye mo a, monni deɛ wɔde bɛsi mo anim biara; 9 monsa emu ayarefoɔ yareɛ, na monka nkyerɛ wɔn sɛ: ‘Onyankopɔn Ahennie no abɛn mo.’+ 10 Nanso kuro biara a mobɛwura mu no, sɛ wɔannye mo a, mompue nkɔ n’abɔnten so, na monka sɛ: 11 ‘Mo kuro yi mu mfuturo a ɛguu yɛn nan ho mpo, yɛporoporo gu mo so.+ Nanso, monhunu sɛ Onyankopɔn Ahennie no abɛn.’ 12 Mereka akyerɛ mo sɛ, saa da no, deɛ ɛbɛto saa kuro no, ɛbɛkyɛn Sodom.+
13 “Korasin, due! Betsaida, due! Ɛfiri sɛ anwanwadeɛ a ɛkɔɔ so wɔ mo mu no, sɛ ɛkɔɔ so wɔ Tiro ne Sidon a, anka wɔasakra afirafira awerɛhoɔ ntoma* atenatena nsõ mu dadaada.+ 14 Enti deɛ ɛbɛto mo atemmuo mu no, ɛbɛkyɛn Tiro ne Sidon. 15 Na wo Kapernaum, wɔbɛma wo so akɔ soro anaa? Adamena* mu na wobɛsiane akɔ!
16 “Deɛ ɔtie mo no, ɔtie me.+ Na deɛ ɔntie mo no, ɔntie me nso. Afei nso, deɛ ɔntie me no, ɔntie Deɛ ɔsomaa me no nso.”+
17 Na 70 no de anigyeɛ san ba bɛkaa sɛ: “Awurade, wo din+ a yɛde yɛ adwuma nti, ahonhommɔne mpo brɛ wɔn ho ase ma yɛn.” 18 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mahunu sɛ Satan firi soro abɛhwe fam+ te sɛ anyinam. 19 Hwɛ! mama mo tumi a mode bɛtiatia awɔ ne nyanyankyerɛ so, ne deɛ mode bɛdi ɔtamfo no tumi nyinaa so,+ na biribiara rentumi nyɛ mo. 20 Nanso monnni ahurisie sɛ ahonhom brɛ wɔn ho ase ma mo, na mmom monni ahurisie ɛfiri sɛ wɔatwerɛ mo din wɔ soro.”+ 21 Saa berɛ no ara, honhom kronkron hyɛɛ Yesu ma, na n’ani gyee papaapa, na ɔkaa sɛ: “Agya, ɔsoro ne asaase Wura, meyi wo ayɛ wɔ badwam, ɛfiri sɛ wode weinom asie anyansafoɔ ne animdefoɔ+ fee, na woayi no adi akyerɛ mmɔfra nkumaa. O Agya, ɛyɛ ampa, ɛfiri sɛ wei ne ɛkwan a ɛsɔ w’ani.+ 22 M’Agya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa. Obiara nnim onipa korɔ a Ɔba no yɛ, gye Agya no, na obiara nnim onipa korɔ a Agya no yɛ, gye Ɔba no,+ ne deɛ Ɔba no pɛ sɛ ɔda Agya no adi kyerɛ no no.”+
23 Afei ɔdanee ne ho kyerɛɛ n’asuafoɔ no nko ara, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Anigyeɛ ne ani a ɛhunu nneɛma a seesei mohunu yi.+ 24 Na mereka akyerɛ mo sɛ, ná adiyifoɔ ne ahemfo bebree pɛ sɛ wɔhunu nneɛma a seesei mohunu yi, nanso wɔanhunu;+ ná wɔpɛ sɛ wɔte nsɛm a mote yi, nanso wɔante.”
25 Na, hwɛ! ɔbarima bi a ɔnim Mmara no sɔree sɛ ɔresɔ Yesu ahwɛ, na ɔbisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛdeɛn na meyɛ a mɛnya daa nkwa?”+ 26 Yesu bisaa no sɛ: “Deɛn na wɔatwerɛ wɔ Mmara no mu? Berɛ a wokenkaneeɛ no, wotee aseɛ sɛn?” 27 Ɔbuaa sɛ: “‘Ɛsɛ sɛ wode w’akoma nyinaa ne wo kra* nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa* wo Nyankopɔn,’+ na ‘wodɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’”+ 28 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Woabua no yie; kɔ so yɛ wei na wobɛnya nkwa.”+
29 Nanso, ná ɔbarima no pɛ sɛ ɔbu ne ho bem,+ enti ɔbisaa Yesu sɛ: “Hwan paa ne me yɔnko?” 30 Yesu buaa sɛ: “Ná ɔbarima bi firi Yerusalem resiane akɔ Yeriko, na ɔkɔtɔɔ akorɔmfo-werɛmfoɔ mu. Wɔworɔɔ ne ho ntaadeɛ bobɔɔ no, na wɔgyaa no hɔ kɔe a na ɔreyɛ awu. 31 Na ɛbaa sɛ ɔsɔfoɔ bi siane bɛtwaa mu wɔ saa kwan no so, nanso berɛ a ɔhuu ɔbarima a ɔreyɛ awu no, ɔkɔfaa baabi foforɔ koraa. 32 Na Lewini bi nso bɛfaa hɔ, na berɛ a ɔhuu ɔbarima no, ɔno nso faa baabi foforɔ koraa. 33 Afei Samariani+ bi a ɔnam kwan no so retu kwan bɛpuee ɔbarima no so, na berɛ a ɔhuu no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ. 34 Enti ɔbɛn no, na ɔhwiee ngo ne nsã* guu n’akuro no so, na ɔkyekyeree. Afei ɔde no tenaa ɔno ankasa aboa so, na ɔde no kɔɔ ahɔhodan bi mu kɔhwɛɛ no. 35 Adeɛ kyeeɛ no, ɔyii denare* mmienu de maa onipa a ɔhwɛ ahɔhodan no so no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Hwɛ no, na ɛka biara a wobɛbɔ aka ho no, mesan ba a mɛtua ama wo.’ 36 Nnipa mmiɛnsa yi, wɔn mu hwan na wosusu sɛ ɔde ne nneyɛɛ kyerɛɛ sɛ ɔyɛ ɔbarima a ɔkɔtɔɔ akorɔmfo-werɛmfoɔ mu no yɔnko?”+ 37 Ɔkaa sɛ: “Deɛ ɔhuu no mmɔbɔ no.”+ Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ, na wo nso kɔyɛ saa ara.”+
38 Berɛ a wɔnam kwan so rekɔ no, ɔkɔɔ akuraa bi ase. Ɛhɔ na ɔbaa bi a wɔfrɛ no Marta+ gyee no kɔɔ ne fie kɔsom no hɔhoɔ. 39 Ná saa ɔbaa yi wɔ nuabaa bi nso a wɔfrɛ no Maria. Na Maria tenaa Awurade nan ase, na Awurade asɛm no ara na na ɔretie. 40 Nanso Marta deɛ, na nnwuma bebree agye n’adwene. Enti ɔbaa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, enti me nuabaa no agya me nko ara ama mereyɛ adeɛ yi, wonhunu? Ka kyerɛ no na ɔmmɛboa me.” 41 Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: “Marta, Marta, wodwendwene bebree, na wode nneɛma pii ha wo ho. 42 Nanso nneɛma kakraa bi na ɛhia, anaa baako pɛ mpo. Maria deɛ, wayi deɛ ɛyɛ papa,*+ na obiara rennye mfiri ne nsam.”