Sakaria
13 “Saa da no, wɔbɛtu abura bi ama Dawid fie ne Yerusalemfoɔ, na wɔde bɛte wɔn ho afiri bɔne ne efĩ ho.+
2 “Saa da no,” asafo Yehowa asɛm nie, “mɛpepa ahoni din afiri asaase no so,+ na obiara renkae wɔn bio. Na mɛyi adiyifoɔ ne honhom fĩ nyinaa afiri asaase no so.+ 3 Na sɛ obi hyɛ nkɔm bio a, ne maame ne ne papa a wɔwoo no bɛka akyerɛ no sɛ, ‘Wobɛwu, ɛfiri sɛ wode Yehowa din atwa atorɔ.’ Nkɔm a wahyɛ nti, ne maame ne ne papa a wɔwoo no de adeɛ bɛwɔ ne mu.+
4 “Saa da no, odiyifoɔ biara bɛfɛre sɛ ɔbɛka anisoadehunu de ahyɛ nkɔm. Na wɔrenhyɛ nwi ataadeɛ+ mfa nnaadaa nkurɔfoɔ bio. 5 Na ɔbɛka sɛ, ‘Menyɛ odiyifoɔ. Meyɛ obi a ɔdɔ, na berɛ a meyɛ abɔfra na obi tɔɔ me.’ 6 Na sɛ obi bisa no sɛ, ‘Na akuro a ɛwowɔ wo mmati* yi nso ɛ?’ Ɔbɛka sɛ, ‘Me nnamfo* fie na mepiraeɛ.’”
7 “O sekan, sɔre bra me dwanhwɛfoɔ no so,+
Sɔre bra ɔbarima no so, ɔbarima a ɔyɛ me yɔnko no,” asafo Yehowa asɛm nie.
8 Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Asaase no sofoɔ nyinaa,
Wɔbɛkyɛ wɔn mu mmiɛnsa na wɔatwa emu mmienu agu ama wɔasɛe;*
Na baako a aka no, wɔbɛgya wɔ so.
9 Na baako a aka a mɛgya wɔn wɔ so no, mede wɔn bɛfa egya mu;
Na mɛnane wɔn ayiyi wɔn mu fĩ te sɛ deɛ wɔnane dwetɛ yiyi mu fĩ no,
Na mɛsɔ wɔn ahwɛ te sɛ deɛ wɔsɔ sika kɔkɔɔ hwɛ no.+
Wɔbɛbɔ me din,
Na me nso magye wɔn so.
Na mɛka sɛ, ‘Wɔyɛ me man,’+
Na wɔn nso aka sɛ, ‘Yehowa ne yɛn Nyankopɔn.’”