Yakobo Nwoma
3 Me nuanom, ɛnyɛ mo nyinaa na ɛsɛ sɛ moyɛ akyerɛkyerɛfoɔ, ɛfiri sɛ sɛdeɛ monim no, yɛn paa na yɛbɛnya atemmuo a emu yɛ duru.*+ 2 Ɛne sɛ, yɛn nyinaa di mfomsoɔ* mprɛ pii.+ Sɛ obi nni mfomsoɔ wɔ kasa mu a, ɛkyerɛ sɛ saa onipa no, bɔne nni ne ho,* na ɔtumi hyɛ ne nipadua nyinaa so.* 3 Sɛ yɛde nnareka hyɛ pɔnkɔ anom ma no tie yɛn a, yɛtumi ma aboa no yɛ deɛ yɛpɛ. 4 Hwɛ, ɛpo so hyɛn nso ɛwom sɛ ɛso, na mframa denden na ɛtumi twe no deɛ, nanso akyerɛkyerɛkwan ketewaa bi na ɛdanedane no kɔ baabi a ɔhyɛnkafoɔ no pɛ.
5 Saa ara na kɛtrɛma nso teɛ; ɛyɛ kwaa ketewa wɔ nipadua no mu, nanso ɛtumi hoahoa ne ho paa. Hwɛ sɛdeɛ egya ketewa tumi hye kwaeɛ kɛseɛ! 6 Kɛtrɛma nso yɛ gya.+ Kɛtrɛma yɛ nipadua kwaa a amumuyɛ ahyɛ no ma; ɛtumi gu nipadua no nyinaa ho fĩ+ na ɛsɛe nnipa abrabɔ; ɛsɛe adeɛ te sɛ Gehenna.* 7 Nkekaboa ne nnomaa ne mmoa a wɔwea ne mmoa a wɔwɔ po mu nyinaa, nnipa tumi yɛ ara* ma wɔtie wɔn, na wɔatie nnipa firi tete. 8 Nanso kɛtrɛma deɛ, ɔdasani biara ntumi nni so. Ne ho yɛ ahomete; wontumi nka no nhyɛ, na ɛdi awu.+ 9 Ɛno na yɛde yi Agya Yehowa* ayɛ, na ɛno ara nso na yɛde dome nnipa a wɔayɛ wɔn wɔ “Onyankopɔn suban so”+ no. 10 Ano korɔ no ara mu na nhyira ne nnome firi ba.
Me nuanom, ɛnyɛ papa sɛ wei bɛkɔ so saa.+ 11 Asutire baako bɛtumi apu nsuo dɛdɛ ne nsuo nwononwono afiri faako anaa? 12 Me nuanom, borɔdɔma dua bɛtumi aso ngodua aba? Na bobe nso bɛtumi aso borɔdɔma?+ Saa ara nso na yɛrentumi nnya nsuo dɛdɛ mfiri nsuo nkyenenkyene mu.
13 Mo mu hwan na ɔyɛ onyansafoɔ na ɔwɔ nteaseɛ? Ma no mfa ɔbra pa ne ɔdwoɔ a ɛfiri nyansam nna ne nnwuma adi. 14 Nanso sɛ mowɔ ahoɔyaa+ ne mansotwe*+ wɔ mo akomam a, monhwɛ na moanhoahoa mo ho+ amfa ankyerɛ sɛ monni nokorɛ. 15 Wei nyɛ nyansa a ɛfiri soro, na mmom ɛyɛ asaase so deɛ,+ honam deɛ, ne ahonhommɔne deɛ. 16 Na baabiara a ahoɔyaa ne mansotwe* wɔ no, basabasa ne akyiwadeɛ biara bi nso wɔ hɔ.+
17 Na nyansa a ɛfiri soro no deɛ, deɛ ɛdi kan, ɛho te,+ ɛpɛ asomdwoeɛ,+ ɛte asɛm ase,+ ɛyɛ asoɔmmerɛ; mmɔborɔhunu ne aba pa ayɛ no ma,+ ɛnyɛ nyiyimu,+ na ɛnyɛ nyaatwom.+ 18 Bio nso, wɔdua tenenee aba wɔ asomdwoeɛ mu+ ma wɔn a wɔyɛ nneɛma a ɛde asomdwoeɛ ba.+