Ɔde Kɔmaa Romafoɔ
8 Enti wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu no nni fɔ. 2 Ɛfiri sɛ honhom no mmara a ɛnam Kristo Yesu so ma nkwa no, ama moade* mo ho+ afiri bɔne ne owuo mmara ho. 3 Na ɛsiane sɛ ɔhonam maa Mmara no yɛɛ mmerɛ+ nti, deɛ Mmara no antumi anyɛ+ no, Onyankopɔn yɛe. Deɛ ɔyɛeɛ ne sɛ, bɔne nti, ɔsomaa ɔno ara ne Ba+ bae, te sɛ nnipa* a bɔne wɔ yɛn ho,+ na ɔde buu bɔne fɔ wɔ ɔhonam mu, 4 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nneɛma a ɛtene a Mmara no hwehwɛ no bɛba mu wɔ yɛn so,+ yɛn a yɛnnante honam mu, na mmom yɛnante honhom mu+ no. 5 Na wɔn a wɔnam honam mu no de wɔn adwene si honam mu nneɛma so,+ na wɔn a wɔnam honhom mu no de wɔn adwene si honhom mu nneɛma so.+ 6 Na adwene a ɛsi honam nneɛma so kɔwie owuo mu,+ na adwene a ɛsi honhom nneɛma so kɔwie nkwa ne asomdwoeɛ mu;+ 7 ɛfiri sɛ adwene a ɛsi honam nneɛma so no yɛ ɔtan a wɔtan Onyankopɔn,+ na ɛnhyɛ Onyankopɔn mmara ase, na ɛrentumi nyɛ saa mpo. 8 Enti wɔn a wɔwɔ honam mu no rentumi nsɔ Onyankopɔn ani.
9 Nanso, sɛ Onyankopɔn honhom te mo mu ampa a, ɛnneɛ na monni honam mu, na mmom mowɔ honhom mu.+ Na sɛ obi nni Kristo honhom a, saa onipa no nyɛ ne dea. 10 Nanso sɛ Kristo wɔ mo mu+ a, bɔne nti, nipadua no awu, na tenenee nti, honhom no wɔ nkwa. 11 Enti afei, sɛ deɛ ɔnyanee Yesu firii awufoɔ mu+ no honhom te mo mu a, deɛ ɔnyanee Kristo Yesu firii awufoɔ mu no nam ne honhom a ɛte mo mu no so bɛma mo nipadua a ɛtumi wuo no nso anya nkwa.+
12 Enti afei, anuanom, yɛde ka, nanso ɛnyɛ ɔhonam na yɛde no ka. Enti ɛnsɛ sɛ yɛtena ase honam mu;+ 13 ɛfiri sɛ sɛ motena ase ɔhonam mu a, sɛdeɛ ɛteɛ biara, mobɛwu; nanso sɛ mode honhom no kum nipadua no nneyɛɛ a,+ mobɛtena ase.+ 14 Na wɔn a Onyankopɔn honhom kyerɛ wɔn kwan no nyinaa yɛ Onyankopɔn mma ampa.+ 15 Na honhom a monyaeɛ no, ɛnyɛ honhom a ɛma moyɛ nkoa anaa ɛma mosuro bio, na mmom monyaa honhom a ɛgye yɛn yɛ mma, na saa honhom no ma yɛteam sɛ: “Abba,* Agya!”+ 16 Honhom no ankasa ne yɛn honhom di adanseɛ+ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma.+ 17 Na sɛ yɛyɛ mma a, ɛnneɛ na yɛdi adeɛ nso. Ampa, yɛbɛnya agyapadeɛ afiri Onyankopɔn hɔ, na yɛne Kristo bɛbom adi adeɛ,+ nanso gye sɛ yɛne no hunu amane+ ansa na wɔahyɛ yɛne no animuonyam.+
18 Na mehunu sɛ, sɛ yɛde amanehunu a yɛrefa mu seesei no toto animuonyam a wɔrebɛyi no adi wɔ yɛn mu no ho a, amanehunu no nnuru baabiara.+ 19 Na abɔdeɛ no rehwɛ kwan paa sɛ wɔbɛda Onyankopɔn mma no adi.+ 20 Na wɔde abɔdeɛ no ahyɛ adehunu ase.+ Ɛnyɛ ɔno ankasa ne pɛ nti na ɔhyɛ aseɛ, na mmom deɛ ɔde no hyɛɛ aseɛ no pɛ ntira. Ɔyɛɛ saa anidasoɔ mu, 21 a ɛne sɛ abɔdeɛ no ankasa nso bɛnya ahofadie+ afiri porɔeɛ a ɛde no ayɛ akoa no mu, na ɛbɛnya animuonyam ahofadie a ɛwɔ hɔ ma Onyankopɔn mma no. 22 Na yɛnim sɛ abɔdeɛ nyinaa abom repenepene, na wɔahunu amane abɛsi nnɛ. 23 Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom yɛn ankasa a yɛwɔ aba a ɛdi kan a ɛne honhom no nso, deɛ ɛwom ne sɛ, yɛsũ di awerɛhoɔ* wɔ yɛn mu,+ berɛ a yɛretwɛn dendeenden sɛ wɔbɛgye yɛn ayɛ mma,+ na yɛretwɛn sɛ wɔnam agyedeɛ so bɛgye yɛn afiri yɛn nipadua mu no. 24 Na anidasoɔ yi mu na wɔgyee yɛn nkwa. Nanso anidasoɔ a wɔhunu deɛ, ɛnyɛ anidasoɔ. Na sɛ obi hunu biribi a, ɛyɛ dɛn na ɔsan de n’ani to so? 25 Nanso sɛ yɛn ani da deɛ yɛnhunu so+ a, yɛkɔ so ara de animia twɛn dendeenden.+
26 Saa ara na honhom no nso di boa yɛn wɔ yɛn mmerɛyɛ mu.+ Asɛm no ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpaeɛ, nso yɛnnim deɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpaeɛ. Nanso sɛ yɛsũ di awerɛhoɔ* wɔ yɛn mu mpo a, honhom no ara srɛ ma yɛn. 27 Na deɛ ɔhwehwɛ akoma mu+ no te honhom no ase, ɛfiri sɛ ɛsrɛ ma akronkronfoɔ no sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ.
28 Yɛnim sɛ Onyankopɔn ma ne nnwuma nyinaa bom di boa wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn, wɔn a wɔafrɛ wɔn sɛdeɛ n’atirimpɔ teɛ no;+ 29 ɛfiri sɛ wɔn a ɔdii kan gyee wɔn toom no, ɔhyɛ too hɔ nso sɛ wɔbɛyɛ te sɛ ne Ba no,*+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ne Ba no bɛyɛ abakan+ wɔ anuanom pii mu.+ 30 Bio nso, wɔn a na wayi wɔn* no,+ wɔn nso na ɔfrɛɛ wɔn;+ na wɔn a ɔfrɛɛ wɔn no, wɔn nso na ɔbuu wɔn ateneneefoɔ.+ Ne korakora no, wɔn a ɔbuu wɔn ateneneefoɔ no, wɔn nso na ɔhyɛɛ wɔn animuonyam.+
31 Ɛnneɛ deɛn na yɛbɛka wɔ weinom ho? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hwan na ɔbɛtumi ne yɛn adi asie?+ 32 Wamfa ɔno ara ne Ba mpo ankame yɛn, na mmom yɛn nyinaa nti, ɔde no mae.+ Ɛnneɛ, ɛbɛyɛ dɛn na ɔrenyɛ yɛn adom mfa nneɛma foforɔ nyinaa nso nka ne Ba no ho mma yɛn? 33 Hwan na ɔbɛtumi abɔ wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no soboɔ?+ Onyankopɔn ne Deɛ ɔbu wɔn ateneneefoɔ.+ 34 Hwan na ɔbɛtumi abu wɔn fɔ? Kristo Yesu ne deɛ ɔwuiɛ no, na deɛ ɛsene saa no, ɔno ne deɛ wɔanyane no no. Ɔte Onyankopɔn nsa nifa,+ na ɔsrɛ ma yɛn nso.+
35 Ɛdeɛn na ɛbɛtumi ate yɛn afiri Kristo dɔ ho?+ Amanehunu anaa ahoyera anaa ɔtan* anaa ɛkɔm anaa adagya anaa asiane anaa sekan?+ 36 Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: “Wo nti, wɔku yɛn daa nyinaa; wɔbu yɛn sɛ nnwan a wɔrekɔku wɔn.”+ 37 Nanso, weinom nyinaa mu no, yɛnam deɛ ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim korakora.+ 38 Na megye di yie sɛ owuo anaa nkwa anaa abɔfoɔ anaa aban anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa tumi+ 39 anaa deɛ ɛwɔ soro anaa deɛ ɛwɔ fam anaa abɔdeɛ foforɔ biara rentumi nte yɛn mfiri Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu no ho.