Krataa a Ɛtɔ So Mmienu a Ɔde Kɔmaa Korintofoɔ
12 Ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho. Mfasoɔ nni so, nanso merebɛka anisoadehunu+ ne yikyerɛ a ɛfiri Awurade hɔ+ ho asɛm. 2 Menim onipa bi wɔ Kristo mu a mfeɛ 14 nie wɔhwim no kɔɔ ɔsoro a ɛtɔ so mmiɛnsa. Sɛ ɛyɛ ɔhonam mu oo, sɛ ɛnyɛ ɔhonam mu oo, mennim; Onyankopɔn na ɔnim. 3 Aane, menim saa onipa no. Sɛ ɛyɛ ɔhonam mu oo, sɛ ɛnyɛ ɔhonam oo, mennim; Onyankopɔn na ɔnim. 4 Wɔhwim no kɔɔ paradise, na ɔtee nsɛm a wɔntumi nka, a mmara mma kwan sɛ onipa bɛka. 5 Onipa a ɔte saa na mede no bɛhoahoa me ho, na me ara deɛ, merenhoahoa me ho, gye me mmerɛyɛ na mede bɛhoahoa me ho. 6 Na sɛ mepɛ sɛ mehoahoa me ho mpo a, ɛno nkyerɛ sɛ menni adwene, ɛfiri sɛ deɛ mɛka no yɛ nokorɛ. Nanso merenhoahoa me ho, na amma obi ammu me ankyɛn deɛ ɔhunu wɔ me ho anaa deɛ ɔte firi me hɔ 7 ɛsiane yikyerɛ a ɛyɛ nwanwa a menya nti.
Deɛ ɛbɛyɛ a meremma me ho so mmoro so nti, wɔama me ɔhonam mu kasɛɛ,+ Satan bɔfoɔ, sɛ ɔnkɔ so mpaapae m’asom* na mamma me ho so ammoro so. 8 Mesrɛɛ Awurade mprɛnsa wɔ ho, sɛ ɛmfiri me so. 9 Nanso ɔka kyerɛɛ me sɛ: “M’adom dɔɔso ma wo, ɛfiri sɛ mmerɛyɛ mu na me tumi wie pɛyɛ.”*+ Enti mede anigyeɛ kɛseɛ bɛhoahoa me ho wɔ me mmerɛyɛ ho mmom, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Kristo ahoɔden bɛtena me so sɛ ntomadan. 10 Ɛno nti, mmerɛyɛ ne adapaatwa ne ohia ne tan a nkurɔfoɔ tan m’ani ne ahokyerɛ a Kristo nti mehyia no yɛ anigyesɛm ma me. Ɛfiri sɛ meyɛ mmerɛ a, ɛno mmom na menya ahoɔden.+
11 Mayɛ obi a ɔnni adwene. Mo na moama mayɛ saa, ɛfiri sɛ ɛsɛ sɛ anka mokamfo me. Na sɛ mensɛ hwee mpo a, wɔn a mokyerɛ sɛ wɔyɛ asomafoɔ ahotefoɔ no, biribiara nni hɔ a wɔde kyɛn me.+ 12 Mo ara mohuu nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ meyɛ ɔsomafoɔ no. Mohuu animia kɛseɛ+ ne nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ ne ahoɔden nnwuma*+ no. 13 Ɛyɛɛ dɛn na asafo ahodoɔ no nyaa hokwan bi a mo deɛ moannya bi? Ɛno ara ne sɛ, manyɛ adesoa amma mo.+ Mesrɛ mo, momfa mfomsoɔ yi nkyɛ me.
14 Hwɛ! Wei ne ne mprɛnsa so a mayɛ krado sɛ mereba mo nkyɛn, na merenyɛ mo so adesoa. Na ɛnyɛ mo ahodeɛ na merehwehwɛ,+ na mmom mo na merehwehwɛ mo. Ɛfiri sɛ ɛnyɛ mma+ na ɛsɛ sɛ wɔpɛ adeɛ gu hɔ ma wɔn awofoɔ, na mmom awofoɔ na ɛsɛ sɛ wɔpɛ adeɛ gu hɔ ma wɔn mma. 15 Na me deɛ, mede anigyeɛ kɛseɛ de deɛ mewɔ nyinaa bɛma, na mede me ho ama mo* korakora.+ Sɛdeɛ medɔ mo boro so yi, ɛnsɛ sɛ mo nso modɔ me saa ara bi anaa? 16 Ne nyinaa mu no, manyɛ mo so adesoa.+ Nanso moka sɛ mede “nyansakwan” ne “nnɛɛdɛɛ” na ɛnyaa mo. 17 Wɔn a mesomaa wɔn mo nkyɛn no, menam wɔn mu bi so didii mo ho anaa? 18 Mesrɛɛ Tito, na mesomaa onua no kaa ne ho. Tito didii mo ho anaa? Daabida.+ Ɛnyɛ honhom korɔ no ara mu na yɛnanteeɛ? Ɛnyɛ anammɔn korɔ no ara na yɛtuiɛ?
19 Saa berɛ yi nyinaa, na mo adwene yɛ mo sɛ yɛreyi yɛn ano akyerɛ mo anaa? Onyankopɔn anim na yɛkasa wɔ Kristo mu. Nanso adɔfo, hyɛ a yɛpɛ sɛ yɛhyɛ mo den nti na yɛyɛ biribiara. 20 Na mesuro sɛ, sɛ meba a, ebia meremmɛto mo sɛdeɛ mepɛ, na me nso, morenhu me sɛdeɛ mopɛ. Mmom anhwɛ a deɛ mɛba abɛto so ne mansotwe, ahoɔyaa, abufuo, twe-ma-mentwe, anoɔyaa, huhuhuhu,* ahomasoɔ, ne sakasaka. 21 Ebia mesan ba mo nkyɛn a, me Nyankopɔn bɛbrɛ me ase wɔ mo anim. Na wɔn a wɔyɛɛ bɔne a wɔnsakraa wɔn adwene wɔ wɔn bra fĩ,* ne wɔn adwamammɔ,* ne wɔn ahohwisɛm* ho no, ebia mɛdi wɔn mu pii ho awerɛhoɔ.