Yakobo Nwoma
5 Afei mo adefoɔ, montie; ahohia a ɛreba mo so nti, monsu na mommɔ bena.+ 2 Mo ahonyadeɛ aporɔ, na mmoaa awe mo ntaadeɛ.+ 3 Mo sika kɔkɔɔ ne mo dwetɛ awe nnaakyen asɛe, na nnaakyen no bɛyɛ adanseɛ atia mo na adi mo nam. Deɛ moakora so no bɛyɛ sɛ gya wɔ awieeɛ mmerɛ no mu.+ 4 Hwɛ! Adwumayɛfoɔ a wɔtwaa mo afuo mu nnɔbaeɛ no, wɔn akatua a mode akame wɔn no reteam, na atwafoɔ no sufrɛ aduru asafo Yehowa* asom.+ 5 Moanya asetena pa wɔ asaase so na moadi ɔhonam akɔnnɔ akyi. Moadidi ama mo akoma adɔre sradeɛ te sɛ mmoa a wɔrekɔku wɔn.+ 6 Moabu ɔteneneeni fɔ; moaku no. Ɔne* mo renni asie anaa?
7 Enti anuanom, monnya aboterɛ nkɔsi sɛ Awurade mmaeɛ+ no bɛfiri aseɛ. Hwɛ! Okuafoɔ kɔ so ara twɛn asaase so aba a ɛsom bo no, na ɔnya ho aboterɛ kɔsi sɛ ɔbɛnya nsuo a ɛdi kan ne nsuo a ɛtwa toɔ.+ 8 Mo nso monnya aboterɛ;+ monhyɛ mo akoma den, ɛfiri sɛ Awurade mmaeɛ no abɛn.+
9 Anuanom, mma obiara nnnwiinwii* nntia ne yɔnko na wɔammu mo atɛn.+ Hwɛ! Ɔtemmufoɔ no gyina pono ano. 10 Anuanom, momma adiyifoɔ a wɔkasaa wɔ Yehowa* din mu+ no amanehunu+ ne wɔn aboterɛ+ nyɛ nhwɛsoɔ mma mo. 11 Hwɛ! Wɔn a wɔamia wɔn ani agyina mu no, yɛka sɛ: “Wɔwɔ anigyeɛ.”*+ Moate Hiob animia+ ho asɛm na moahunu deɛ Yehowa* maa no firii mu baeɛ;+ moabɛhu sɛ Yehowa* wɔ ayamhyehyeɛ* ne mmɔborɔhunu.+
12 Nanso, me nuanom, deɛ ɛsene ne nyinaa no, monnka ɔsoro anaa asaase ntam anaa ntam foforɔ biara. Mmom momma mo “Aane” nyɛ aane, na mo “Daabi” nyɛ daabi,+ na wɔammu mo atɛn.
13 Mo mu bi rehunu amane anaa? Ma no nkɔ so mmɔ mpaeɛ.+ Obi wɔ anigyeɛ mu? Ma no nto ayeyi nnwom.+ 14 Mo mu bi yare anaa? Ma no mfrɛ asafo no mu mpanimfoɔ+ na wɔmmɔ mpaeɛ mma no, na wɔnsra no ngo+ wɔ Yehowa* din mu. 15 Na mpaeɛ a wɔde gyidie bɔ no bɛma deɛ ɔnte apɔ* no ho ayɛ no den, na Yehowa* bɛma ne so. Sɛ wayɛ bɔne bi nso a, wɔde bɛkyɛ no.
16 Enti mompae mu nka mo bɔne+ nkyerɛ mo ho, na mommɔ mpaeɛ mma mo ho na moanya ayaresa. Ɔteneneeni nkotosrɛ wɔ* tumi kɛse.+ 17 Ná Elia yɛ onipa a ɔwɔ atenka te sɛ yɛn ara, nanso ɔyeree ne ho bɔɔ mpaeɛ sɛ mma nsuo nntɔ; na ampa ara, nsuo antɔ asaase no so mfeɛ mmiɛnsa ne abosome nsia.+ 18 Afei ɔsan bɔɔ mpaeɛ, na nsuo tɔ firii soro, na asaase soo n’aba.+
19 Me nuanom, sɛ mo mu bi mane firi nokorɛ no ho na sɛ obi gye no si yie a, 20 monhu sɛ obiara a ɔtwe ɔbɔnefoɔ firi ne kwammɔne so+ no bɛgye no* afiri owuo mu na wakata bɔne pii so.+