Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Hebrifoɔ 12
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Hebrifoɔ Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Yesu na ɔma yɛn gyidie wie pɛyɛ (1-3)

        • Adansefoɔ mununkum kɛseɛ (1)

      • Mmu Yehowa ntenesoɔ adewa (4-11)

      • Momma mo anammɔn kwan nyɛ tẽẽ (12-17)

      • Moaba ɔsoro Yerusalem ho (18-29)

Hebrifoɔ 12:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Heb 3:12
  • +1Ko 9:24, 26; Flp 3:13, 14

Hebrifoɔ 12:2

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoh 14:6; Aso 5:31; Heb 2:10
  • +Dw 110:1; Heb 10:12

Hebrifoɔ 12:3

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “mo kra ampa aba.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 27:39
  • +Ga 6:9

Hebrifoɔ 12:4

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “mmaa wɔnhwiee mo mogya ngui.”

Hebrifoɔ 12:5

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Hebrifoɔ 12:6

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

  • *

    Anaa “ɔtwe n’aso.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 3:11, 12

Hebrifoɔ 12:7

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɛtete mo.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 7:14; Heb 2:10
  • +Mme 13:24

Hebrifoɔ 12:9

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “yɛn honam fam agyanom.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yak 4:10

Hebrifoɔ 12:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Pe 1:15, 16

Hebrifoɔ 12:11

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɛyɛ awerɛho.”

Hebrifoɔ 12:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 35:3

Hebrifoɔ 12:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 4:26

Hebrifoɔ 12:14

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “kronkronyɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 34:14; Ro 12:18; 14:19
  • +Ro 6:19; 1Te 4:3, 4; Heb 10:10

Hebrifoɔ 12:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 29:18

Hebrifoɔ 12:16

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Adwamammɔ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 25:32, 34

Hebrifoɔ 12:17

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Kyerɛ sɛ, ɔbɛma ne papa asesa n’adwene.

  • *

    Nt., “wannya hokwan no.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 27:34

Hebrifoɔ 12:18

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “biribi.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 19:12
  • +Ex 19:18
  • +Ex 19:16

Hebrifoɔ 12:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 19:19
  • +De 4:11, 12
  • +Ex 20:18, 19

Hebrifoɔ 12:20

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 19:12, 13

Hebrifoɔ 12:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 9:19

Hebrifoɔ 12:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Adi 14:1
  • +Adi 21:2

Hebrifoɔ 12:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Da 7:10
  • +Ge 18:25; Dw 94:2; Yes 33:22
  • +Heb 12:9
  • +Heb 10:14

Hebrifoɔ 12:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 26:27, 28
  • +1Ti 2:5; Heb 9:15
  • +Ge 4:8, 10

Hebrifoɔ 12:25

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “moampɛ biribi anyi mo ano ankyerɛ; moampo.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Heb 1:2; 2:2-4

Hebrifoɔ 12:26

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 19:18
  • +Hag 2:6

Hebrifoɔ 12:29

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 4:24

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Heb. 12:1Heb 3:12
Heb. 12:11Ko 9:24, 26; Flp 3:13, 14
Heb. 12:2Yoh 14:6; Aso 5:31; Heb 2:10
Heb. 12:2Dw 110:1; Heb 10:12
Heb. 12:3Mt 27:39
Heb. 12:3Ga 6:9
Heb. 12:6Mme 3:11, 12
Heb. 12:72Sa 7:14; Heb 2:10
Heb. 12:7Mme 13:24
Heb. 12:9Yak 4:10
Heb. 12:101Pe 1:15, 16
Heb. 12:12Yes 35:3
Heb. 12:13Mme 4:26
Heb. 12:14Dw 34:14; Ro 12:18; 14:19
Heb. 12:14Ro 6:19; 1Te 4:3, 4; Heb 10:10
Heb. 12:15De 29:18
Heb. 12:16Ge 25:32, 34
Heb. 12:17Ge 27:34
Heb. 12:18Ex 19:12
Heb. 12:18Ex 19:18
Heb. 12:18Ex 19:16
Heb. 12:19Ex 19:19
Heb. 12:19De 4:11, 12
Heb. 12:19Ex 20:18, 19
Heb. 12:20Ex 19:12, 13
Heb. 12:21De 9:19
Heb. 12:22Adi 14:1
Heb. 12:22Adi 21:2
Heb. 12:23Da 7:10
Heb. 12:23Ge 18:25; Dw 94:2; Yes 33:22
Heb. 12:23Heb 12:9
Heb. 12:23Heb 10:14
Heb. 12:24Mt 26:27, 28
Heb. 12:241Ti 2:5; Heb 9:15
Heb. 12:24Ge 4:8, 10
Heb. 12:25Heb 1:2; 2:2-4
Heb. 12:26Ex 19:18
Heb. 12:26Hag 2:6
Heb. 12:29De 4:24
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Hebrifoɔ 12:1-29

Ɔde Kɔmaa Hebrifoɔ

12 Ɛno nti, ɛsiane sɛ yɛwɔ adansefoɔ mununkum kɛseɛ a atwa yɛn ho ahyia nti, momma yɛnyi adesoa biara ne bɔne a ɛnkyɛ na akyekyere yɛn+ no ngu, na yɛmfa animia ntu mmirika a ɛda yɛn anim no,+ 2 na yɛmfa yɛn ani nyinaa nsi Yesu so. Ɔno ne yɛn gyidie Safohene no ne deɛ ɔma yɛn gyidie wie pɛyɛ.+ Anigyeɛ a na ɛda n’anim nti, ɔmiaa n’ani hunuu amane wɔ asɛndua* so, na ɔbuu n’ani guu aniwuo so, na wakɔtena Onyankopɔn ahennwa no nifa.+ 3 Ɛno nti, deɛ ɔde animia gyinaa pintinn berɛ a nnebɔneyɛfoɔ kasa tiaa no+ de yɛɛ wɔn ankasa wɔn ho bɔne no, monsusu ne ho yie, na moammrɛ, na moampa aba.*+

4 Berɛ a mo ne saa bɔne no redi ako no, monnya nko nkɔduruu owuo mu.* 5 Na afotuo a wɔde maa mo sɛ mma no, mo werɛ afi koraa. Ɛka sɛ: “Me ba, mmu Yehowa* ntenesoɔ adewa, na sɛ ɔka w’anim nso a, mpa aba; 6 na deɛ Yehowa* dɔ no na ɔtene ne so. Deɛ ɛwom ne sɛ, obiara a ɔgye no yɛ ne ba no, ɔhwe no.”*+

7 Deɛ morefa mu no, ɛhia sɛ mode animia gyina mu na mobu no sɛ ɛka mo ntenesoɔ no ho.* Onyankopɔn reyɛ mo sɛ mma.+ Na ɔba bɛn na ne papa ntene ne so?+ 8 Na sɛ mo nyinaa nnyaa ntenesoɔ yi bi a, ɛnneɛ na moyɛ adwaman mma, na monyɛ mma ankasa. 9 Bio nso, na yɛn agyanom* a wɔwoo yɛn no tene yɛn so, na na yɛbu wɔn. Ɛnneɛ yɛn honhom mu Agya no nso ɛ? Ɛnsɛ sɛ yɛyi yɛn yam de yɛn ho hyɛ n’ase kɛse na yɛnya nkwa anaa?+ 10 Wɔn deɛ, wɔtwee yɛn aso kakraa bi sɛdeɛ ɛyɛ ma wɔn, na ɔno deɛ, yɛn yie mu nti na ɔyɛ saa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnya ne kronkronyɛ no bi.+ 11 Ampa, ntenesoɔ biara nni hɔ a ɛyɛ anigye seesei, mmom ɛyɛ ya.* Nanso akyire yi, ɛso asomdwoeɛ aba a ɛne tenenee ma wɔn a atete wɔn no.

12 Enti monhyɛ nsa a emu ago ne nkotodwe a ahodwo den,+ 13 na monkɔ so mma mo anammɔn kwan nyɛ tẽẽ,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a deɛ atɔ apakye no renhwan, na mmom wɔasa no yareɛ. 14 Monhwehwɛ asomdwoeɛ wɔ mo ne nnipa nyinaa ntam,+ na monhwehwɛ ahoteɛ*+ a sɛ obi kwati a, ɔrentumi nhunu Awurade no. 15 Monhwɛ yie na Onyankopɔn adom ammɔ obiara, na nhini a borɔ wom biara ampue ammɛyɛ ɔhaw, na angu nnipa bebree ho fĩ;+ 16 na monhwɛ na mo mu biara anyɛ odwamammɔfoɔ* anaa wanyɛ obi a ɔmmu nneɛma kronkron te sɛ Esau a ɔde hokwan a ɔwɔ sɛ abakan no sesaa aduane baako pɛ no.+ 17 Na monim sɛ ɛno akyi no, ɔpɛɛ sɛ ɔnya nhyira, nanso wɔpoo no. Ɛwom sɛ ɔtee nisuo, na ɔyɛɛ biara sɛ ɔbɛma wasesa n’adwene,*+ nanso ankɔsi hwee.*

18 Na moamma bepɔ no ho, bepɔ* a wɔtumi de nsa ka+ a wɔde egya ato mu,+ a mununkum kusuu ne sum kabii wɔ so na mframa a ano yɛ den+ bɔ fa ho no; 19 na moamma totorobɛnto nnyegyeeɛ+ ne ɛnne a ɛrekasa+ no ho, ɛnne a nkurɔfoɔ no teeɛ a wɔsrɛɛ sɛ wɔnnka asɛm biara nnkyerɛ wɔn bio+ no. 20 Ɛfiri sɛ na ahyɛdeɛ yi mu yɛ duru ma wɔn dodo: “Sɛ aboa mpo ho ka bepɔ no a, wɔnsi no aboɔ.”+ 21 Bio nso, na deɛ ɛrekɔ so no yɛ hu ara ma Mose kaa sɛ: “Mesuro, na me ho repopo.”+ 22 Mmom no, moaba Sion Bepɔ+ ho ne Onyankopɔn teasefoɔ no kuro mu, ɔsoro Yerusalem,+ ne abɔfoɔ mpem dudu 23 badwa anim,+ ne mmakan a wɔatwerɛ wɔn din wɔ ɔsoro no asafo mu, ne Onyankopɔn a ɔyɛ obiara Temmufoɔ+ no anim, ne ateneneefoɔ a wɔde honhom no tumi bɔ wɔn bra,+ a wɔama wɔawie pɛyɛ+ no mu, 24 ne apam foforɔ+ ntamgyinafoɔ Yesu+ nkyɛn, ɛne mogya a wɔpeteeɛ a ɛkasa yie sene Habel mogya+ no ho.

25 Monhwɛ yie na moanyɛ mo adwene sɛ morentie* deɛ ɔrekasa no. Na sɛ wɔn a wɔantie deɛ ɔde Onyankopɔn kɔkɔbɔ maa wɔ asaase so no amfa wɔn ho anni a, ɛnneɛ sɛ yɛdane yɛn akyi kyerɛ deɛ ɔfiri soro kasa no a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛafa yɛn ho adi ama ayɛ yie!+ 26 Saa berɛ no, ne nne wosoo asaase,+ na seesei deɛ wahyɛ bɔ sɛ: “Ɛbɛsan aba bio sɛ, ɛnyɛ asaase nko ara na mɛwoso, na mmom mɛwoso ɔsoro nso.”+ 27 Na sɛ ɔka sɛ, “ɛbɛsan aba bio” a, ɛkyerɛ sɛ wɔbɛyi nneɛma a wɔwoso no afiri hɔ, kyerɛ sɛ, nneɛma a wɔayɛ no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nneɛma a wɔnwoso no bɛtena hɔ. 28 Enti ɛsiane sɛ yɛnim sɛ yɛbɛnya Ahennie a wɔntumi nwoso nti, momma yɛnkɔ so nnya adom a yɛnam so som Onyankopɔn sɛdeɛ ɔpɛ no, wɔ nyamesuro ne ahopopoɔ mu. 29 Ɛfiri sɛ yɛn Nyankopɔn yɛ egya a ɛhye adeɛ.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane