Luka Twerɛtohɔ
7 Berɛ a ɔkaa ne nsɛm no nyinaa kyerɛɛ nkurɔfoɔ no wieeɛ no, ɔkɔɔ Kapernaum. 2 Ná ɔsraani panin bi wɔ akoa bi a ɔdɔ no paa. Ná akoa no yare dendeenden a ɔreyɛ awu.+ 3 Enti berɛ a ɔsraani panin no tee Yesu nka no, ɔsomaa Yudafoɔ mpanimfoɔ bi sɛ wɔnkɔsrɛ no mma ɔmmɛsa n’akoa no yareɛ. 4 Enti wɔbaa Yesu nkyɛn, na wɔfirii aseɛ srɛɛ no dendeenden sɛ: “Ɔfata sɛ woyɛ wei ma no, 5 ɛfiri sɛ ɔdɔ yɛn man no, na ɔno ankasa na ɔsii yɛn hyiadan no.” 6 Enti Yesu ne wɔn kɔe. Na berɛ a ɔreyɛ aduru fie hɔ no, na ɔsraani panin no adi kan asoma ne nnamfo sɛ wɔmmɛka nkyerɛ no sɛ: “Owura, nha wo ho, na memfata sɛ woba me fie.+ 7 Ɛno nti, mansusu sɛ mefata sɛ meba wo nkyɛn. Wo deɛ, ka biribi ma m’akoa no ho ntɔ no. 8 Ɛfiri sɛ me nso mehyɛ obi ase, na mewɔ asraafoɔ hyɛ m’ase. Meka kyerɛ wei sɛ, ‘Kɔ!’ na ɔkɔ, na meka kyerɛ ɔfoforɔ sɛ ‘Bra!’ na waba, na meka kyerɛ m’akoa sɛ, ‘Yɛ wei!’ na wayɛ.” 9 Berɛ a Yesu tee wei no, ɔbarima no ho yɛɛ no nwanwa. Na Yesu danee n’ani kyerɛɛ nnipadɔm a wɔdi n’akyi no kaa sɛ: “Mereka akyerɛ mo sɛ, menhuu gyidie a ɛso saa wɔ Israel mpo.”+ 10 Berɛ a wɔn a wɔsomaa wɔn no san wɔn akyi kɔɔ fie no, wɔkɔhuu sɛ akoa no ho atɔ no.+
11 Wei akyi pɛɛ no, ɔkɔɔ kuro bi a wɔfrɛ no Nain mu, na na n’asuafoɔ no ne nnipadɔm kɛseɛ bi ka ne ho. 12 Berɛ a ɔbɛn kuro no pono ano no, hwɛ! ná nkurɔfoɔ so ɔbarima bi a wawu de no repue afiri kuro no mu. Ná ɔbarima no yɛ ne maame ba baako pɛ,*+ na na maame no yɛ okunafoɔ. Ná nnipadɔm kɛseɛ bi a wɔfiri kuro no mu nso ka maame no ho. 13 Berɛ a Awurade huu maame no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ,+ na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Gyae su.”+ 14 Enti Yesu bɛn wɔn, na ɔde ne nsa kaa adeɛ a efunu no da so no. Na wɔn a ɛso wɔn no gyinae. Ɛnna ɔkaa sɛ: “Aberanteɛ, mese wo sɛ, sɔre!”+ 15 Na aberanteɛ a wawu no sɔre tenaa ase, na ɔfirii asɛe kasae, na Yesu de no maa ne maame.+ 16 Na ehu kaa wɔn nyinaa, na wɔfirii aseɛ hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam sɛ: “Wɔama odiyifoɔ kɛseɛ bi so wɔ yɛn mu.”+ Wɔka kaa ho sɛ: “Onyankopɔn atwa n’ani abɛhwɛ ne nkurɔfoɔ.”+ 17 Na ne ho asɛm yi trɛ kɔɔ Yudea nyinaa ne nkuro a atwa ho ahyia nyinaa mu.
18 Na Yohane asuafoɔ no kɔkaa weinom nyinaa kyerɛɛ no.+ 19 Enti Yohane frɛɛ n’asuafoɔ no mu mmienu somaa wɔn Awurade nkyɛn sɛ wɔnkɔbisa no sɛ: “Wone Deɛ Ɔreba no,+ anaasɛ yɛnhwɛ obi foforɔ kwan?” 20 Berɛ a mmarima no kɔduruu Yesu nkyɛn no, wɔkaa sɛ: “Yohane Suboni asoma yɛn sɛ yɛmmɛbisa wo sɛ, ‘Wone Deɛ Ɔreba no, anaasɛ yɛnhwɛ obi foforɔ kwan?’” 21 Saa berɛ no ara mu, ɔsaa wɔn a wɔn yareɛ mu yɛ den ne wɔn a wɔn yareɛ mu nyɛ den nyinaa yareɛ,+ na ɔsaa wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne nso yareɛ, na ɔdom anifirafoɔ pii ma wɔhunuu adeɛ. 22 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ na monkɔka deɛ moahunu na moate yi nkyerɛ Yohane sɛ: Seesei anifirafoɔ hunu adeɛ,+ mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ nya ayaresa,* wɔn a wɔn aso asi te asɛm,+ wɔnyane awufoɔ, na wɔka asɛmpa no kyerɛ ahiafoɔ.+ 23 Anigyeɛ ne obi a ɔmma me ho biribiara nto no suntidua.”+
24 Berɛ a wɔn a Yohane somaa wɔn no kɔeɛ no, Yesu firii aseɛ kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nnipadɔm no sɛ: “Deɛn na mokɔɔ serɛ so kɔhwɛeɛ? Demmire* a mframa rewoso no anaa?+ 25 Ɛnneɛ, deɛn na mopue kɔhwɛeɛ? Ɔbarima a ɔhyɛ ataade pa*+ anaa? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntaadeɛ fɛfɛɛfɛ a wɔdi dɛ no, wɔte ahemfie. 26 Deɛn koraa na mopue kɔhwɛeɛ? Odiyifoɔ anaa? Aane, ɔyɛ odiyifoɔ, na ɔsene odiyifoɔ mpo.+ 27 Wei ne deɛ wɔatwerɛ ne ho asɛm sɛ: ‘Hwɛ! meresoma me somafoɔ adi w’anim, na ɔno na ɔbɛsiesie kwan mu ama wo.’+ 28 Mereka akyerɛ mo sɛ, wɔn a mmaa awo wɔn nyinaa mu no, obiara nni hɔ a ɔyɛ kɛseɛ sene Yohane, nanso deɛ ɔsua wɔ Onyankopɔn Ahennie mu no yɛ kɛseɛ sene no.”+ 29 (Berɛ a nkurɔfoɔ no nyinaa ne wɔn a wɔgyegye toɔ no tee wei no, wɔkaa sɛ Onyankopɔn yɛ teneneeni, ɛfiri sɛ na Yohane abɔ wɔn asu.+ 30 Nanso Farisifoɔ ne wɔn a wɔnim Mmara no amfa Onyankopɔn afotuo* a ɔde ama wɔn no anyɛ hwee,+ ɛsiane sɛ Yohane ammɔ wɔn asu nti.)
31 “Hwannom ho na mede awoɔ ntoatoasoɔ yi bɛtoto, na wɔte sɛ hwannom?+ 32 Wɔte sɛ mmɔfra nkumaa a wɔtete dwa so a wɔrekeka kyerɛ wɔn ho sɛ: ‘Yɛde atɛntɛbɛn bɔɔ nnwom maa mo, nanso moansa; yɛsui na yɛteateaam, nanso moansu bi.’ 33 Saa ara nso na Yohane Suboni baeɛ no, wannidi* na wannom nsã,*+ na mokaa sɛ, ‘Ɔwɔ honhommɔne.’ 34 Onipa Ba no aba, ɔdidi na ɔnom, nanso moka sɛ: ‘Hwɛ! Ɔbarima didifoɔ* ne kɔwensani, wɔn a wɔgyegye toɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo!’+ 35 Nanso, nyansa nam ne mma* nyinaa so di bem.”*+
36 Na Farisini bi kɔɔ so srɛɛ no sɛ ɔne no mmɛdidi. Enti ɔkɔɔ Farisini no fie kɔtenaa ase didii.* 37 Na hwɛ! ɔbaa bi a wɔnim no kuro no mu sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ tee sɛ Yesu redidi* wɔ Farisini no fie, na ɔde alabasta toa a ngo hwamhwam wom bae.+ 38 Na ɔbɛgyinaa ne nan ho wɔ n’akyi sui, na ɔfirii aseɛ de ne nisuo fɔɔ ne nan ho, na ɔde ne tiri nwi pepae. Afei ɔfee ne nan ho, na ɔde ngo hwamhwam no srasraa ho. 39 Berɛ a Farisini a ɔtoo nsa frɛɛ no no hunuiɛ no, ɔkaa wɔ ne mu sɛ: “Sɛ ɔbarima yi yɛ odiyifoɔ ampa a, anka ɔbɛhunu onii korɔ a ɔde ne nsa reka no no. Anka ɔbɛhunu sɛ ɔbaa yi yɛ ɔdebɔneyɛfoɔ.”+ 40 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Simon, mewɔ biribi ka kyerɛ wo.” Na ɔkaa sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ka!”
41 “Mmarima mmienu kɔbɔɔ bosea wɔ owura bi hɔ. Baako gyee denare* 500, ɛnna ɔfoforɔ no nso gyee 50. 42 Ná wɔnni hwee a wɔde bɛtua ka no, enti ɔde wɔn aka no kyɛɛ wɔn korakora. Wohwɛ a, wɔn mu hwan na ɔbɛdɔ owura no kɛse?” 43 Simon buaa no sɛ: “Mesusu sɛ deɛ ɔde pii kyɛɛ no no.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Woabua no yie.” 44 Ɛnna ɔdanee n’ani hwɛɛ ɔbaa no, na ɔka kyerɛɛ Simon sɛ: “Woahunu ɔbaa yi? Berɛ a mebaa wo fie no, woamma me nsuo anhohoro me nan ho. Nanso ɔbaa yi de ne nisuo afɔ me nan ho, na ɔde ne tiri nwi apepa. 45 Woamfe m’ano, nanso ɔbaa yi deɛ, ɛfiri berɛ a mebaeɛ no, ɔnnyaee me nan ho fe. 46 Woanhwie ngo angu me tirim, nanso ɔbaa yi deɛ, wahwie ngo hwamhwam agu me nan ho. 47 Enti mereka akyerɛ wo sɛ, ɛwom sɛ ne bɔne dɔɔso* deɛ, nanso wɔde akyɛ no.+ Ɛno nti, wakyerɛ ɔdɔ kɛseɛ. Nanso deɛ wɔde kakraa bi kyɛ no no, ɔkyerɛ ɔdɔ kakraa bi.” 48 Afei ɔka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: “Wɔde wo bɔne akyɛ wo.”+ 49 Na wɔn a wɔne no redidi* no firii aseɛ kekaa sɛ: “Onipa bɛn koraa nie a ɔde bɔne mpo kyɛ yi?”+ 50 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: “Wo gyidie agye wo nkwa;+ fa asomdwoeɛ kɔ.”