Ɔde Kɔmaa Romafoɔ
12 Enti anuanom, menam Onyankopɔn mmɔborɔhunu so srɛ mo sɛ momfa mo nipadua+ mmɔ afɔreɛ a ɛte ase, a ɛyɛ kronkron,+ na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Na berɛ a mode ɔsom kronn rema no no, momfa mo adwene nyɛ adwuma nsusu nneɛma ho.+ 2 Na monnyae sɛ moma wiase yi* kyerɛ mo kwan; mmom monsesa mo adwene mfa nyɛ mo ho foforɔ,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu+ deɛ Onyankopɔn pɛ, a ɛyɛ, na ɛsɔ ani, na ɛdi mu no.
3 Menam adom a wɔde adom me no so ka kyerɛ mo mu biara sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔbu ne ho tra deɛ ɛsɛ.+ Mmom ɔnnwene na ɔnnya adwene a emu da hɔ, sɛdeɛ gyidie a Onyankopɔn asusu ama no no teɛ.+ 4 Ɛfiri sɛ nipadua wɔ akwaa bebree,+ nanso akwaa no nyinaa nyɛ adwuma baako. 5 Saa ara na yɛn nso, ɛwom sɛ yɛdɔɔso deɛ, nanso yɛyɛ nipadua baako wɔ Kristo mu, na yɛn mu biara yɛ ne yɔnko akwaa.+ 6 Ɛsiane adom a wɔde adom yɛn no nti, obiara ne akyɛdeɛ a ɔwɔ.+ Ɛno nti, sɛ ɛyɛ nkɔmhyɛ a, momma yɛnhyɛ nkɔm sɛdeɛ yɛn gyidie teɛ; 7 sɛ ɛyɛ ɔsom a, momma yɛnkɔ so nsom; deɛ ɔkyerɛkyerɛ no, ɔnkɔ so nkyerɛkyerɛ;+ 8 deɛ ɔhyɛ nkurɔfoɔ nkuran* no, ɔnkɔ so nhyɛ nkuran;*+ deɛ ɔkyɛ adeɛ no, ɔnyi ne yam nyɛ;+ deɛ ɔdi biribi anim no, ɔnyere ne ho nyɛ;+ deɛ ɔhu mmɔbɔ no, ɔmfa anigyeɛ nyɛ.+
9 Mommma nyaatwom mmma mo dɔ mu.+ Monkyiri bɔne;+ mommata papa ho. 10 Monnya onuadɔ mma mo ho, na obiara mpɛ ne yɔnko asɛm paa. Obiara nni kan* mfa anidie mma ne yɔnko.+ 11 Monyere mo ho* nyɛ adwuma, na monnyɛ aniha.*+ Monyɛ hye honhom mu.+ Monyɛ adwuma mma Yehowa* sɛ nkoa.+ 12 Monni ahurisie wɔ anidasoɔ no mu. Mommia mo ani nnyina amanehunu mu.+ Mommɔ mpaeɛ daa.+ 13 Momma akronkronfoɔ deɛ wɔhia.+ Momma mo ani nnye ahɔhoyɛ ho.+ 14 Monkɔ so nhyira wɔn a wɔtan mo ani no;+ monhyira, na ɛnsɛ sɛ modome.+ 15 Mo ne wɔn a wɔdi ahurisie nni ahurisie; mo ne wɔn a wɔsu nsu. 16 Adwene a mowɔ wɔ mo ho no, monnya saa adwene no ara bi wɔ afoforɔ ho; monnnwennwene nneɛma akɛseɛ ho, na mmom monni nneɛma a ɛba fam akyi.+ Monnyɛ mo ani so anyansafoɔ.+
17 Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka.+ Nneɛma a nnipa nyinaa hunu sɛ ɛyɛ no, momma ɛho nhia mo. 18 Sɛ ɛbɛyɛ yie a, mo fam deɛ, monyɛ deɛ mobɛtumi biara ne nnipa nyinaa ntena asomdwoeɛ mu.+ 19 Adɔfo, monntua bɔne so ka, na mmom monnya mma abufuo no;*+ ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: “‘Me na metua bɔne so ka; me ara mɛtua ka,’ Yehowa* na aka.”+ 20 Mmom “sɛ ɛkɔm de wo tamfo a, ma no biribi nni; sɛ sukɔm de no a, ma no biribi nnom. Woyɛ saa a, wobɛboaboa nnyasramma ano agu n’apampam.”*+ 21 Mma bɔne nnni wo so nkonim, na mmom kɔ so fa papa di bɔne so nkonim.+