Ɔde Kɔmaa Hebrifoɔ
4 Enti ɛsiane sɛ bɔhyɛ da so ara wɔ hɔ sɛ yɛbɛtumi akɔ ne home mu nti, momma yɛnhwɛ yɛn ho yie,* anyɛ saa a, mo mu bi rennya* bɔhyɛ no.+ 2 Na yɛn nso, wɔaka asɛmpa no akyerɛ yɛn+ te sɛ wɔn ara; nanso asɛm a wɔteeɛ no so amma wɔn mfasoɔ, ɛfiri sɛ wɔne wɔn a wɔtieeɛ no annya gyidie baako. 3 Na yɛn a yɛagye adi no deɛ, yɛkɔ ɔhome no mu, sɛdeɛ ɔkaeɛ no. Ɔkaa sɛ: “Enti mede abufuo kaa ntam sɛ, ‘Wɔrenkɔ me home mu,’”+ ɛwom sɛ berɛ a wɔhyɛɛ wiase ase no, na wawie ne nnwuma.+ 4 Ɛfiri sɛ waka da a ɛtɔ so nson no ho asɛm wɔ baabi sɛ: “Na Onyankopɔn homee da a ɛtɔ so nson no firii ne nnwuma nyinaa ho,”+ 5 ɛnna wasan aka wɔ ha sɛ: “Wɔrenkɔ me home mu.”+
6 Enti ɛsiane sɛ ɛkwan da so wɔ hɔ sɛ ebinom bɛkɔ mu, na asoɔden amma wɔn a wɔdii kan kaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn no ankɔ mu nti,+ 7 berɛ tenten bi akyi no, ɔsan hyɛɛ da foforɔ, berɛ a ɔkaa wɔ Dawid dwom mu sɛ “Ɛnnɛ” no. Sɛdeɛ wɔaka dada no, “Ɛnnɛ, sɛ mote Onyankopɔn nne a, mommpirim mo akoma.”+ 8 Na sɛ Yosua+ dii wɔn anim kɔɔ homebea a, anka ɛno akyi no, Onyankopɔn renka ɛda foforɔ ho asɛm. 9 Enti home da bi wɔ hɔ ma Onyankopɔn nkurɔfoɔ.+ 10 Ɛfiri sɛ onipa a ɔkɔ Onyankopɔn home mu no, wahome afiri ɔno ara nso ne nnwuma ho, sɛdeɛ Onyankopɔn home firii ne deɛ ho+ no.
11 Enti momma yɛnyɛ deɛ yɛbɛtumi biara mfa nkɔ saa ɔhome no mu, na obiara ansuasua wɔn asoɔden no bi.+ 12 Na Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu,+ na ano yɛ nnam sene sekan+ anofanu biara, na ɛtumi wura mu kɔpaapae ɔkra* ne honhom,* ne dompe* ne emu hon mu mpo, na ɛtumi hunu akomam adwene ne emu nsusuiɛ. 13 Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ahinta wɔ n’anim,+ na nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee wɔ deɛ ɛsɛ sɛ yɛbu akonta kyerɛ no+ no anim.
14 Enti ɛsiane sɛ yɛwɔ ɔsɔfo panin kɛseɛ a ɔkɔ soro, Onyankopɔn Ba+ Yesu, nti, momma yɛnkɔ so nka ne ho asɛm nkyerɛ nkurɔfoɔ.*+ 15 Na ɔsɔfo panin a yɛwɔ no, ɔnyɛ obi a ɔntumi nte yɛn mmerɛyɛ ase,+ na mmom ɔyɛ obi a wɔasɔ no ahwɛ wɔ biribiara mu te sɛ yɛn ara; nanso bɔne nni ne ho.+ 16 Enti momma yɛmfa ahotɔsoɔ mmra adom ahennwa no anim,+ na yɛanya mmɔborɔhunu, na yɛanya adom a ɛbɛboa yɛn berɛ a ɛsɛ mu.