Timoteo Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
4 Kristo Yesu a ɔbɛbu ateasefoɔ ne awufoɔ+ atɛn+ berɛ a wɔada no adi,+ ne berɛ a waba n’Ahennie mu+ no, megyina ɔno ne Onyankopɔn anim hyɛ wo dendeenden sɛ: 2 Ka asɛm no;+ yere wo ho ka, na ntwentwɛn so, ka no berɛ a ɛyɛ ne berɛ a ɛnyɛ mu, ka anim,+ fa ntenesoɔ ma, tu fo; fa aboterɛ ne nkyerɛkyerɛ a ɛtu mpɔn yɛ ne nyinaa.+ 3 Ɛfiri sɛ berɛ bi bɛba a wɔbɛpo nkyerɛkyerɛ pa*+ no, na wɔbɛdi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi, na wɔapɛ akyerɛkyerɛfoɔ a wɔbɛka nsɛm a ɛbɛyɛ wɔn asom dɛ.*+ 4 Wɔrentie nokorɛ no bio, mmom wɔbɛkɔ akɔtie atosɛm. 5 Nanso wo deɛ, ma w’ani nna hɔ adeɛ nyinaa mu, mia w’ani gyina amanehunu mu,+ yɛ ɔsɛmpakafoɔ adwuma,* yɛ wo som adwuma no pɛpɛɛpɛ.*+
6 Na seesei mpo, wɔrehwie me te sɛ nsã afɔreɛ,+ na ɛrenkyɛ na manya me ho atete.+ 7 Mako ɛko pa no,+ matu mmirika no awie,+ makura gyidie no mu. 8 Ɛfiri saa berɛ yi rekɔ no, deɛ ɛda hɔ retwɛn me ne tenenee abotire+ a Awurade, ɔtemmufoɔ teneneeni+ no, de bɛma me sɛ akatua saa da no,+ na ɛnyɛ me nko na mɛnya, na mmom wɔn a wɔrehwɛ kwan dendeenden sɛ wɔbɛda no adi no nyinaa nso.
9 Bɔ mmɔden paa bra me nkyɛn ntɛm. 10 Ɛfiri sɛ wiase a ɛwɔ hɔ yi* ho dɔ nti, Dema+ agya me hɔ kɔ Tesalonika, Kreske kɔ Galatia, na Tito kɔ Dalmatia. 11 Luka nko ara na ɔwɔ me nkyɛn. Fa Marko ka wo ho bra, ɛfiri sɛ ɔboa me wɔ ɔsom adwuma no mu. 12 Tikiko+ deɛ, masoma no kɔ Efeso. 13 Sɛ woreba a, fa m’ataadeɛ a mede ko awɔ no brɛ me, deɛ mede gyaa Karpo wɔ Troa no, na fa nwoma mmobɔeɛ no nso ka ho, ne titire no aboa nwoma deɛ no.
14 Aleksandro a ɔyɛ kɔbere dwumfoɔ no yɛɛ me bɔne pii. Yehowa* bɛtua no ka sɛdeɛ ne nnwuma teɛ.+ 15 Wo nso, ɛyɛ a hwɛ wo ho yie wɔ ne ho, ɛfiri sɛ ɔkasa tiaa yɛn asɛm no dendeenden.
16 Berɛ a ɛdi kan a wɔmaa meyii m’ano no, obiara ammɛgyina m’akyi, na wɔn nyinaa twee wɔn ho firii me ho. Mempɛ sɛ wɔde ɛho asodie bɛto wɔn so. 17 Nanso Awurade bɛgyinaa me nkyɛn hyɛɛ me den sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛfa me so ayɛ asɛnka adwuma no pɛpɛɛpɛ, na ama amanaman nyinaa ate;+ na wɔgyee me firii gyata anom.+ 18 Awurade bɛgye me afiri adebɔne biara mu, na ɔbɛgye me nkwa akɔ ne soro Ahennie no mu.+ Ɔno na animuonyam nka no daa daa. Amen.
19 Kyea Priska ne Akwila+ ne Onesiforo fiefoɔ+ ma me.
20 Erasto+ kaa Korinto, na Trofimo+ deɛ, ɛsiane sɛ ɔyare nti, megyaa no wɔ Mileto. 21 Yɛ deɛ wobɛtumi biara bra ansa na awɔ berɛ aduru.
Eubulo se ɔkyea wo, ɔne Pude ne Lino ne Klaudia ne anuanom nyinaa.
22 Suban pa a woda no adi nti, Awurade nka wo ho. N’adom nka mo.