Ɔde Kɔmaa Romafoɔ
13 Momma onipa* biara mmrɛ ne ho ase nhyɛ atumfoɔ a wɔkorɔn no ase,+ ɛfiri sɛ tumi biara nni hɔ sɛ deɛ ɛfiri Nyankopɔn.+ Atumfoɔ a ɛwɔ hɔ no, Onyankopɔn na ama kwan ama wɔn mu biara anya ne diberɛ.+ 2 Enti obiara a ɔsɔre tia atumfoɔ no, ɔsɔre tia Onyankopɔn nhyehyɛeɛ. Wɔn a wɔsɔre tia Onyankopɔn nhyehyɛeɛ no, wɔde atemmuo ba wɔn ankasa so. 3 Wɔn a wɔyɛ nnwuma pa no nsuro atumfoɔ no, mmom wɔn a wɔyɛ bɔne no na wɔsuro.+ Wompɛ sɛ wosuro atumfoɔ no anaa? Ɛnneɛ kɔ so yɛ papa,+ na wɔbɛkamfo wo. 4 Ɛfiri sɛ atumfoɔ no yɛ Onyankopɔn asomfoɔ ma wo yiedie. Na sɛ woreyɛ bɔne a, ɛnneɛ suro, ɛfiri sɛ wɔnkura sekan no kwa. Wɔyɛ Onyankopɔn asomfoɔ a wɔde asotwe ba* deɛ ɔyɛ bɔne no so.
5 Enti ɛhia sɛ mobrɛ mo ho ase ma wɔn, ɛnyɛ asotwe* no nko ara nti, na mmom mo ahonim* nso ntira.+ 6 Ɛno nso nti na motua toɔ; ɛfiri sɛ wɔyɛ Onyankopɔn asomfoɔ ma ɔmanfoɔ, na wɔsom ɔmanfoɔ daa. 7 Momfa deɛ ɛyɛ obiara deɛ mma no: deɛ toɔ yɛ ne dea no, momfa toɔ mma no;+ deɛ ɔgyegye sika no, momfa sika mma no; deɛ ɛsɛ sɛ mosuro no no, monsuro no;+ deɛ ɛsɛ sɛ modi no ni no, monni no ni.+
8 Ɛnsɛ sɛ mode obiara ka, gye ɔdɔ a mode bɛdodɔ mo ho;+ ɛfiri sɛ obiara a ɔdɔ ne yɔnko no adi mmara no so yie.+ 9 Na mmara nsɛm a ɛka sɛ, “Nsɛe awareɛ,+ nni awu,+ mmɔ korɔno,+ mma w’ani mmmere adeɛ,”+ ne mmara asɛm foforɔ biara a ɛwɔ hɔ no, wɔabɔ no mua wɔ asɛm yi mu sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”+ 10 Ɔdɔ nyɛ ne yɔnko bɔne;+ enti ɔdɔ ne mmara no so die.+
11 Monyɛ weinom, ɛfiri sɛ monim berɛ no; monim sɛ berɛ* a ɛsɛ sɛ monyane firi nna mu no anya aduru,+ ɛfiri sɛ seesei yɛn nkwagyeɛ abɛn sene berɛ a yɛbɛyɛɛ agyidifoɔ no. 12 Anadwo kɔ n’anim; adekyeeɛ abɛn. Enti momma yɛnto sum mu nnwuma no ngu,+ na yɛnhyɛ hann akodeɛ.+ 13 Momma yɛnnante fɛfɛɛfɛ+ sɛdeɛ yɛnante hann mu adekyeeɛ, ɛnyɛ apontoɔ a aseɛ yɛ gyegyeegye ne nsaweɛ mu, ɛnyɛ adwamammɔ ne ahohwie*+ mu, ɛnyɛ mansotwe ne ahoɔyaa mu.+ 14 Na mmom monhyɛ Awurade Yesu Kristo,+ na monnyɛ nhyehyɛeɛ nnto hɔ mmma honam akɔnnɔ.+