Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Asomafoɔ Nnwuma 12
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Asomafoɔ Nnwuma Mu Nsɛntitire

      • Wɔkum Yakobo; wɔde Petro too afiase (1-5)

      • Wɔnam anwanwakwan so yii Petro (6-19)

      • Ɔbɔfoɔ bɔɔ Herode (20-25)

Asomafoɔ Nnwuma 12:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoh 15:20

Asomafoɔ Nnwuma 12:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 20:20-23; Lu 11:49
  • +Mt 4:21

Asomafoɔ Nnwuma 12:3

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Biribi a ɛma esiam tu anaasɛ ɛma emu ka.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 12:15; 23:15; Le 23:6

Asomafoɔ Nnwuma 12:4

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɔbɛyi no apue na wadi n’asɛm wɔ ɔman no anim.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Lu 21:12

Asomafoɔ Nnwuma 12:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ko 1:11

Asomafoɔ Nnwuma 12:7

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 34:7; Heb 1:7, 14
  • +Aso 5:18, 19

Asomafoɔ Nnwuma 12:8

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Bɔ w’abɔsoɔ; Bɔ w’asene.”

Asomafoɔ Nnwuma 12:10

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wɔfaa borɔno bi so kɔɔ anim kakra.”

Asomafoɔ Nnwuma 12:11

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Pe 2:9

Asomafoɔ Nnwuma 12:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 13:5; 15:37, 38; Kol 4:10

Asomafoɔ Nnwuma 12:17

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 13:55; Aso 15:13; 21:18; 1Ko 15:7; Ga 1:19; 2:9

Asomafoɔ Nnwuma 12:19

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɔsiane kɔɔ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 16:27

Asomafoɔ Nnwuma 12:23

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Asomafoɔ Nnwuma 12:24

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 6:7; 19:20; Kol 1:6

Asomafoɔ Nnwuma 12:25

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 4:36, 37
  • +Aso 11:29, 30
  • +Aso 13:5; 15:37, 38

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Aso. 12:1Yoh 15:20
Aso. 12:2Mt 20:20-23; Lu 11:49
Aso. 12:2Mt 4:21
Aso. 12:3Ex 12:15; 23:15; Le 23:6
Aso. 12:4Lu 21:12
Aso. 12:52Ko 1:11
Aso. 12:7Dw 34:7; Heb 1:7, 14
Aso. 12:7Aso 5:18, 19
Aso. 12:112Pe 2:9
Aso. 12:12Aso 13:5; 15:37, 38; Kol 4:10
Aso. 12:17Mt 13:55; Aso 15:13; 21:18; 1Ko 15:7; Ga 1:19; 2:9
Aso. 12:19Aso 16:27
Aso. 12:24Aso 6:7; 19:20; Kol 1:6
Aso. 12:25Aso 4:36, 37
Aso. 12:25Aso 11:29, 30
Aso. 12:25Aso 13:5; 15:37, 38
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Asomafoɔ Nnwuma 12:1-25

Asomafoɔ Nnwuma

12 Saa berɛ no ara mu no, Ɔhene Herode firii aseɛ yɛɛ asafo no mufoɔ bi ayayadeɛ.+ 2 Ɔde sekan+ kum Yohane nua Yakobo.+ 3 Berɛ a ɔhuu sɛ Yudafoɔ no ani agye deɛ ɔyɛeɛ no ho no, ɔkɔkyee Petro nso. (Ná ɛyɛ berɛ a wɔdi Paanoo a Mmɔka* Nnim.)+ 4 Berɛ a ɔkyee no no, ɔde no too afiase,+ na ɔmaa asraafoɔ akuo nnan wɛn no. Ná asraafoɔ nnan na ɛwɔ kuo biara mu, na wɔwɛn no nnidisoɔ nnidisoɔ. Herode yɛɛ n’adwene sɛ Twam no akyi no, ɔbɛyi no apue na ɔde no abɛgyina ɔman no anim.* 5 Enti, na Petro da afiase, na na asafo no rebɔ Onyankopɔn mpaeɛ dendeenden ma no.+

6 Anadwo a adeɛ rebɛkye ama Herode ayi Petro apue no, na Petro da asraafoɔ mmienu ntam a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu agu no. Ná awɛmfoɔ wɔ ɛpono no ano rebɔ afiase no ho ban. 7 Na hwɛ! Yehowa* bɔfoɔ bɛgyinaa hɔ,+ na hann bi hyerɛn afiase dan no mu. Na ɔbɔfoɔ no prɛɛ Petro nkyɛnmu nyanee no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre ntɛm!” Na nkɔnsɔnkɔnsɔn no firii ne nsa guu fam.+ 8 Ɛnna ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Siesie wo ho* na hyɛ wo mpaboa.” Na ɔyɛɛ saa. Afei ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa w’ataadeɛ ngugusoɔ hyɛ na di m’akyi.” 9 Na ɔpueeɛ, na ɔdii n’akyi. Nso na ɔnnim sɛ deɛ ɔbɔfoɔ no reyɛ no yɛ biribi a ɛresi paa. Nokorɛm no, na n’adwene yɛ no sɛ ɔrenya anisoadehunu. 10 Wɔtwaam wɔ baabi a ɛdi kan ne baabi a ɛtɔ so mmienu a awɛmfoɔ gyinagyina no. Afei, wɔkɔduruu dadeɛ pono a ɛkɔ kuro no mu no ano, na ɛpono no ara bue maa wɔn. Berɛ a wɔpueeɛ no, wɔsii kwantempɔn bi so nantee kakra,* na ɛhɔ ara na ɔbɔfoɔ no gyaa ne hɔ kɔeɛ. 11 Berɛ a Petro ani baa ne ho so no, ɔkaa sɛ: “Afei na mahunu ampa sɛ Yehowa* na ɔsomaa ne bɔfoɔ sɛ ɔmmɛgye me mfiri Herode nsam, na ɔnyi me mfiri biribiara a na Yudafoɔ no pɛ sɛ ɛto me no mu.”+

12 Ɔhunuu wei no, ɔkɔɔ Yohane a wɔfrɛ no Marko+ no maame Maria fie, na na nnipa dodoɔ bi ahyiam wɔ hɔ rebɔ mpaeɛ. 13 Berɛ a ɔbɔɔ abɔnten pono no mu no, abaawa bi a wɔfrɛ no Roda bae. 14 Berɛ a ɔtee Petro nne no, n’ani gyee ara ma enti wammue pono no mpo. Mmom ɔtuu mmirika kɔɔ mu, na ɔkɔbɔɔ amanneɛ sɛ Petro gyina abɔnten pono no ano. 15 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Gyama worebɔ dam.” Nanso ɔkɔɔ so ara kaa sɛ ɛte saa. Ɛnna wɔfirii aseɛ kaa sɛ: “Ɛyɛ ne bɔfoɔ.” 16 Ne nyinaa, na Petro da so ara gyina hɔ rebom. Berɛ a wɔbuee pono no, wɔhuu no, na wɔn ho dwirii wɔn. 17 Na ɔde ne nsa yɛɛ biribi kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ komm. Afei ɔkaa sɛdeɛ Yehowa* yii no firii afiase no ho asɛm nyinaa kyerɛɛ wɔn, na ɔkaa sɛ: “Monkɔka weinom ho asɛm nkyerɛ Yakobo+ ne anuanom no.” Ɛnna ɔpueeɛ, na ɔfirii hɔ kɔɔ baabi foforɔ.

18 Berɛ a adeɛ kyeeɛ no, na asraafoɔ no nhunu baabi a Petro afa. Enti wɔn ho yeraa wɔn papaapa. 19 Na Herode hwehwɛɛ no dendeenden, na berɛ a wanhu no no, ɔbisabisaa awɛmfoɔ no deɛ ɛsiiɛ. Afei ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa wɔn nkɔ nkɔtwe wɔn aso.+ Na Herode firii Yudea, na ɔkɔɔ* Kaesarea kɔdii nna kakra wɔ hɔ.

20 Na Herode ani beree Tirofoɔ ne Sidonfoɔ so. Enti wɔyɛɛ baako, ɛnna wɔbaa ne nkyɛn. Na wɔde wɔn asɛm bɛtoo Blasto a ɔhwɛ ɔhene fie so no anim. Na wɔsrɛɛ sɛ ɔnka bi mma asomdwoeɛ mmra, ɛfiri sɛ ɔhene no asaase so na na wɔn man nya wɔn aduane. 21 Na da titire bi duruiɛ, na Herode hyɛɛ ahentaadeɛ, na ɔtenaa atemmuo adwa so. Afei ɔfirii aseɛ kasa kyerɛɛ wɔn. 22 Ɛnna nkurɔfoɔ a wɔahyiam no firii aseɛ teateaam sɛ: “Wei deɛ, ɛyɛ nyame bi nne, na ɛnyɛ onipa nne!” 23 Ɛhɔ ara na Yehowa* bɔfoɔ bɔɔ no, ɛfiri sɛ wamfa animuonyam no amma Onyankopɔn. Na ɔdɔree mmoaa, na ɔwuiɛ.

24 Na Yehowa* asɛm kɔɔ so trɛeɛ,+ na nnipa pii gye diiɛ.

25 Na Barnaba+ ne Saul deɛ, berɛ a wɔkɔboaa anuanom wɔ Yerusalem wieeɛ no,+ wɔfaa Yohane+ a wɔfrɛ no Marko no kaa wɔn ho san baeɛ.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane