Yohane Twerɛtohɔ
15 “Mene nokorɛ bobe no, na m’Agya ne okuafoɔ no. 2 Nkorabata biara a ɛwɔ me ho a ɛnso aba no, ɔyi firi hɔ, na nkorabata biara a ɛso aba no deɛ, ɔyiyi ho kama sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛtumi aso aba pii.+ 3 Mo deɛ, asɛm a maka akyerɛ mo no nti, mo ho ate dada.+ 4 Montena me mu, na me nso mɛtena mo mu. Nkorabata no ara rentumi nso aba gye sɛ ɛfam bobe no ho. Saa ara na mo nso, morentumi nso aba gye sɛ motena me mu.+ 5 Mene bobe no, na mone nkorabata no. Obiara a ɔtena me mu, na me nso metena ne mu no, ɔso aba pii;+ ɛfiri sɛ mokwati me a, morentumi nyɛ hwee. 6 Sɛ obi antena me mu a, wɔtwa no twene te sɛ nkorabata, na ɛwu. Na nnipa boaboa saa nkorabata no ano kɔgu egya mu ma ɛhye. 7 Sɛ motena me mu, na me nsɛm tena mo mu a, mommisa biribiara a mopɛ, na mobɛnya.+ 8 Deɛ ɛhyɛ m’Agya animuonyam ne sɛ mobɛkɔ so aso aba pii, na moakyerɛ sɛ moyɛ m’asuafoɔ.+ 9 Sɛdeɛ Agya no dɔ me no,+ saa ara na me nso medɔ mo; montena me dɔ mu. 10 Sɛ modi m’ahyɛdeɛ so a, mobɛtena me dɔ mu, sɛdeɛ madi Agya no ahyɛdeɛ so na mete ne dɔ mu no.
11 “Maka weinom akyerɛ mo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya m’anigyeɛ no bi,* na mo ani agye aboro so.*+ 12 M’ahyɛdeɛ ne sɛ, monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔ mo no.+ 13 Obiara nni hɔ a ɔwɔ ɔdɔ kyɛn obi a ɔde ne nkwa* to hɔ ma ne nnamfo.+ 14 Ahyɛdeɛ a mede rema mo no, sɛ modi so a, na moyɛ me nnamfo.+ 15 Seesei memfrɛ mo nkoa bio, ɛfiri sɛ akoa nnim deɛ ne wura yɛ. Mmom mefrɛ mo nnamfo, ɛfiri sɛ deɛ mate afiri m’Agya hɔ nyinaa, mama moahunu. 16 Ɛnyɛ mo na moyii me, na mmom me na meyii mo. Meyii mo sɛ monkɔ, na monkɔ so ara nso aba, na mo aba no ntena hɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a biribiara a mobɛbisa Agya no wɔ me din mu no, ɔde bɛma mo.+
17 “Merema mo ahyɛdeɛ yi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛdodɔ mo ho.+ 18 Sɛ wiase no tan mo a, monkae sɛ, atan me ansa na ɛretan mo.+ 19 Sɛ moka wiase no ho a, anka mobɛyɛ wiase no dea, na wiase no bɛpɛ mo asɛm. Ɛsiane sɛ monka wiase no ho,*+ na mayi mo afiri wiase no mu nti, wiase no tan mo.+ 20 Monkae asɛm a meka kyerɛɛ mo no: Akoa nsene ne wura. Sɛ wɔatan m’ani a, mo nso wɔbɛtan mo ani;+ sɛ wɔadi m’asɛm so a, mo nso wɔbɛdi mo deɛ so. 21 Na me din nti na wɔbɛyɛ weinom nyinaa atia mo, ɛfiri sɛ wɔnnim Deɛ ɔsomaa me no.+ 22 Sɛ mamma ammɛkasa ankyerɛ wɔn a, anka wɔnni bɔne ho fɔ.+ Nanso seesei deɛ, wɔnni wɔn bɔne ho anoyie biara.+ 23 Obiara a ɔtan me no, ɔtan m’Agya nso.+ 24 Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛɛ bi da wɔ wɔn mu a, anka wɔnni bɔne ho fɔ.+ Nanso seesei wɔahu me, na wɔatan me ne m’Agya nyinaa. 25 Nanso ɛbaa saa, na ama asɛm a wɔatwerɛ wɔ wɔn Mmara mu yi aba mu. Ɛka sɛ: ‘Wɔtan me kwa.’+ 26 Sɛ ɔboafoɔ a mɛsoma no afiri Agya no nkyɛn no ba a, saa honhom no, nokorɛ no honhom+ a ɛfiri Agya no hɔ no, ɔno na ɔbɛdi me ho adanseɛ;+ 27 na mo nso, ɛsɛ sɛ modi me ho adanseɛ,+ ɛfiri sɛ mo ne me atena firi mfitiaseɛ.