Krataa a Ɛtɔ So Mmienu a Ɔde Kɔmaa Korintofoɔ
13 Wei ne ne mprɛnsa so a mereba mo nkyɛn. “Ɛsɛ sɛ asɛm biara gyina adansefoɔ mmienu anaa mmiɛnsa adanseɛ* so.”+ 2 Ɛwom sɛ seesei menni hɔ deɛ, nanso ɛte sɛ deɛ mewɔ mo nkyɛn ne mprenu so. Meredi kan abɔ wɔn a wɔayɛ bɔne, ne wɔn a aka no nyinaa kɔkɔ sɛ, sɛ mesan ba bio a, merenhu wɔn mmɔbɔ, 3 ɛfiri sɛ morehwehwɛ adanseɛ a ɛkyerɛ sɛ Kristo nam me so kasa ampa, Kristo a ɔnyɛ mmerɛ wɔ mo fam, na mmom ɔwɔ tumi wɔ mo mu no. 4 Ampa, wɔbɔɔ no asɛndua mu ɛsiane mmerɛyɛ nti, nanso Onyankopɔn tumi nti, ɔte ase.+ Ɛyɛ ampa nso sɛ, yɛyɛ mmerɛ te sɛ deɛ na ɔyɛ mmerɛ no, nanso tumi a mo nti Onyankopɔn da no adie+ no nti, yɛne no bɛtena ase.+
5 Monkɔ so nsɔ nhwɛ sɛ mowɔ gyidie no mu anaa; monkɔ so nhwehwɛ* mo mu nhwɛ sɛdeɛ moteɛ ankasa.+ Anaa monnye ntom sɛ Yesu Kristo wɔ mo mu? Gye sɛ ebia momfata. 6 M’ani da so paa sɛ mobɛhu sɛ yɛyɛ nnipa a yɛfata.
7 Afei yɛbɔ Onyankopɔn mpaeɛ na moanyɛ bɔne biara. Ɛnyɛ sɛ yɛpɛ sɛ nkurɔfoɔ hu yɛn sɛ yɛfata ntira, na mmom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ nkurɔfoɔ hu yɛn sɛ yɛmfata mpo a, mo deɛ, mobɛyɛ adepa. 8 Yɛrentumi nyɛ biribiara ntia nokorɛ no, na mmom, deɛ yɛyɛ biara, yɛyɛ ma nokorɛ no. 9 Berɛ biara a yɛbɛyɛ mmerɛ na moayɛ den no, yɛn ani gye yie. Na wei ne deɛ yɛbɔ ho mpaeɛ, sɛ wɔbɛkɔ so agye mo asi yie. 10 Ɛno nti na berɛ a menni mo nkyɛn yi, meretwerɛ weinom abrɛ mo no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ meba a, tumi a Awurade de ama me no, meremfa nni dwuma dendeenden.+ Ɛfiri sɛ ɔde maa me sɛ memfa nhyɛ mo den, na ɛnyɛ sɛ memfa mmu mo abam.
11 Ne korakora no, anuanom, monkɔ so nni ahurisie, momma wɔnnye mo nsi yie, momma wɔnkyekye mo werɛ,+ monnya adwenkorɔ,+ montena asomdwoeɛ mu.+ Na ɔdɔ ne asomdwoeɛ Nyankopɔn+ no ne mo bɛtena. 12 Momfa mfeano kronkron nkyeakyea mo ho. 13 Akronkronfoɔ no nyinaa kyeakyea mo.
14 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom ne Onyankopɔn dɔ ne honhom kronkron a ɛreboa mo no nka mo nyinaa.