Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Hebrifoɔ 13
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Hebrifoɔ Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Afotuo ne nkyea a ɛtwa toɔ (1-25)

        • Mommma mo werɛ mmfi ahɔhoyɛ (2)

        • Monni awareɛ ni (4)

        • Monyɛ ɔsetie mma wɔn a wɔdi mo anim no (7, 17)

        • Momma yɛmmɔ ayeyie afɔreɛ (15, 16)

Hebrifoɔ 13:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Te 4:9; 1Pe 1:22

Hebrifoɔ 13:2

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ahɔhoɔ a mobɛyɛ wɔn papa.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 12:13; 1Ti 3:2
  • +Ge 18:2, 3; 19:1-3

Hebrifoɔ 13:3

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “wɔn a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn agu wɔn; wɔn a wɔakyekyere wɔn.”

  • *

    Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “te sɛ deɛ mo ne wɔn na ɛrehunu amane.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Kol 4:18
  • +Ro 12:15

Hebrifoɔ 13:4

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ, “Adwamammɔ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 5:16, 20; Mt 5:28
  • +Mme 6:32; 1Ko 6:9, 10, 18; Ga 5:19, 21

Hebrifoɔ 13:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ti 6:10
  • +Mme 30:8, 9; 1Ti 6:8
  • +De 31:6, 8

Hebrifoɔ 13:6

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 118:6; Da 3:17; Lu 12:4

Hebrifoɔ 13:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ti 5:17; Heb 13:17
  • +1Ko 11:1; 2Te 3:7

Hebrifoɔ 13:9

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Kyerɛ sɛ, aduane ho mmara bebree.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 14:17; 1Ko 8:8; Kol 2:16

Hebrifoɔ 13:10

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “nni tumi biara.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 9:13; 10:18

Hebrifoɔ 13:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 16:27

Hebrifoɔ 13:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoh 19:17
  • +Heb 9:13, 14

Hebrifoɔ 13:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 15:3; 2Ko 12:10; 1Pe 4:14

Hebrifoɔ 13:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Heb 11:10; 12:22

Hebrifoɔ 13:15

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Kyerɛ sɛ, yɛn anom asɛm.

  • *

    Anaa “wɔ badwam.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 7:12; Dw 50:14, 23
  • +Dw 69:30, 31; Ho 14:2
  • +Ro 10:9

Hebrifoɔ 13:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 12:13
  • +Flp 4:18

Hebrifoɔ 13:17

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “mo kra.”

  • *

    Anaa “ahometeɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Te 5:12
  • +Efe 5:21; 1Pe 5:5
  • +Aso 20:28

Hebrifoɔ 13:18

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “tiboa.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ko 1:12

Hebrifoɔ 13:20

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Pe 5:4

Hebrifoɔ 13:21

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Onyankopɔn.”

Hebrifoɔ 13:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 27:1

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Heb. 13:11Te 4:9; 1Pe 1:22
Heb. 13:2Ro 12:13; 1Ti 3:2
Heb. 13:2Ge 18:2, 3; 19:1-3
Heb. 13:3Kol 4:18
Heb. 13:3Ro 12:15
Heb. 13:4Mme 5:16, 20; Mt 5:28
Heb. 13:4Mme 6:32; 1Ko 6:9, 10, 18; Ga 5:19, 21
Heb. 13:51Ti 6:10
Heb. 13:5Mme 30:8, 9; 1Ti 6:8
Heb. 13:5De 31:6, 8
Heb. 13:6Dw 118:6; Da 3:17; Lu 12:4
Heb. 13:71Ti 5:17; Heb 13:17
Heb. 13:71Ko 11:1; 2Te 3:7
Heb. 13:9Ro 14:17; 1Ko 8:8; Kol 2:16
Heb. 13:101Ko 9:13; 10:18
Heb. 13:11Le 16:27
Heb. 13:12Yoh 19:17
Heb. 13:12Heb 9:13, 14
Heb. 13:13Ro 15:3; 2Ko 12:10; 1Pe 4:14
Heb. 13:14Heb 11:10; 12:22
Heb. 13:15Le 7:12; Dw 50:14, 23
Heb. 13:15Dw 69:30, 31; Ho 14:2
Heb. 13:15Ro 10:9
Heb. 13:16Ro 12:13
Heb. 13:16Flp 4:18
Heb. 13:171Te 5:12
Heb. 13:17Efe 5:21; 1Pe 5:5
Heb. 13:17Aso 20:28
Heb. 13:182Ko 1:12
Heb. 13:201Pe 5:4
Heb. 13:24Aso 27:1
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Hebrifoɔ 13:1-25

Ɔde Kɔmaa Hebrifoɔ

13 Monkɔ so nkyerɛ onuadɔ.+ 2 Mommma mo werɛ mmfi ahɔhoyɛ,* ɛfiri sɛ ɛno na ɛmaa ebinom gyee abɔfoɔ kɔɔ wɔn fie a+ wɔanhunu mpo.+ 3 Monkae wɔn a wɔda afiase* no+ te sɛ deɛ mo ne wɔn na ɛda afiase;+ na monkae wɔn a wɔreteetee wɔn no, ɛfiri sɛ mo nso mowɔ ɔhonam mu.* 4 Mo nyinaa, monni awareɛ ni, na monngu awareɛ mpa ho fĩ,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɛbu adwamammɔfoɔ* ne awaresɛefoɔ atɛn.+ 5 Mommma sikaniberɛ mmma mo abrabɔ mu,+ mmom momma mo ani nsɔ deɛ mowɔ.+ Ɛfiri sɛ waka sɛ: “Merennya wo da, na merennane m’akyi nkyerɛ wo da biara da.”+ 6 Ɛma yɛnya akokoɔduro ka sɛ: “Yehowa* ne me boafoɔ; merensuro. Ɛdeɛn na onipa bɛtumi ayɛ me?”+

7 Monkae wɔn a wɔdi mo anim+ a wɔaka Onyankopɔn asɛm akyerɛ mo no. Momfa mo ani nto fam nhwɛ sɛdeɛ wɔn abrabɔ bɛwie, na monsuasua wɔn gyidie.+

8 Yesu Kristo te sɛdeɛ ɔteɛ, ɛnnora, ɛnnɛ, ne daa nyinaa.

9 Monnni nkyerɛkyerɛ ahodoɔ ne nkyerɛkyerɛ a ɛfiri baabi foforɔ akyi mmfom kwan, na ɛyɛ sɛ wɔde adom bɛhyɛ akoma no den sene sɛ wɔde nnuane* bɛhyɛ no den, nnuane a wɔn a ɛgye wɔn adwene no nnya so mfasoɔ biara no.+

10 Yɛwɔ afɔrebukyia a deɛ ɛwɔ so no, wɔn a wɔsom wɔ ntomadan no mu nni ho kwan* sɛ wɔdi bi.+ 11 Na mmoa a ɔsɔfo panin no de wɔn mogya kɔ kronkronbea hɔ kɔbɔ bɔne ho afɔreɛ no, wɔhye wɔn afunu wɔ asoɛeɛ no akyi.+ 12 Enti Yesu nso hunuu amane wɔ kuro no pono akyi,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔde ɔno ara ne mogya bɛte nnipa ho.+ 13 Ɛno nti, momma yɛnkɔ ne nkyɛn wɔ asoɛeɛ no akyi, na yɛnkɔsoa n’animguaseɛ no bi,+ 14 ɛfiri sɛ yɛnni kuro a ɛwɔ hɔ daa wɔ ha, na mmom yɛrehwɛ deɛ ɛreba no kwan dendeenden.+ 15 Momma yɛmfa ne so mmɔ ayeyie afɔreɛ mma Onyankopɔn daa,+ ɛno ne yɛn anofafa aba*+ a yɛde bɔ ne din kyerɛ nkurɔfoɔ*+ no. 16 Bio nso, mommma mo werɛ mmfi sɛ mobɛyɛ papa na mo ne nkurɔfoɔ akyɛ nneɛma a mowɔ,+ ɛfiri sɛ afɔrebɔ a ɛtete saa no sɔ Onyankopɔn ani yie.+

17 Monyɛ ɔsetie mma wɔn a wɔdi mo anim no+ na mommrɛ mo ho ase mma wɔn,+ ɛfiri sɛ wɔn na wɔhwɛ mo* so sɛ nnipa a wɔbɛbu ho akonta;+ ɛno bɛma wɔde anigyeɛ ayɛ wei, na ɛnyɛ ahomeguo,* anyɛ saa a ɛrensi mo yie.

18 Monkɔ so mmɔ mpaeɛ mma yɛn, na yɛgye di sɛ yɛwɔ ahonim* pa, ɛfiri sɛ yɛpɛ sɛ yɛde nokorɛdie bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu.+ 19 Deɛ meresrɛ mo paa ne sɛ, mommɔ mpaeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛgyaa me ama mo ntɛm.

20 Afei, asomdwoeɛ Nyankopɔn no, deɛ ɔnam daa apam no mogya so nyanee nnwan no hwɛfoɔ kɛseɛ,+ yɛn Awurade Yesu firii awufoɔ mu no, 21 ɔmfa adepa biara a ɛbɛma moayɛ n’apɛdeɛ mma mo, na ɔmfa Yesu Kristo so nyɛ yɛn mu adwuma mma yɛnyɛ deɛ ɛsɔ n’ani. Ɔno* na animuonyam nka no daa daa. Amen.

22 Afei anuanom, mesrɛ mo, monto mo bo ase ntie nkuranhyɛ nsɛm yi, ɛfiri sɛ krataa a matwerɛ mo yi yɛ tia. 23 Mepɛ sɛ mohunu sɛ wɔagyaa yɛn nua Timoteo. Sɛ ɔba ntɛm a, me ne no bɛbom aba mo nkyɛn.

24 Monkyea wɔn a wɔdi mo anim no nyinaa ne akronkronfoɔ no nyinaa mma me. Wɔn a wɔwɔ Italy+ no kyeakyea mo.

25 Adom nka mo nyinaa.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane