Krataa a Ɛtɔ So Mmienu a Ɔde Kɔmaa Korintofoɔ
10 Afei, me Paul, mede ɔdwoɔ a Kristo wɔ ne n’ayamyɛ+ resrɛ mo. Sɛ mewɔ mo nkyɛn a, menyɛ onipa titire biara,+ nanso menni hɔ a, meyɛ kokoɔdurofoɔ ma mo.+ 2 Meresrɛ, na sɛ meba a, mamfa akokoɔduro amma sɛdeɛ mehwɛ kwan no, na mankasa aniberɛ so ankyerɛ wɔn a wɔbu yɛn sɛ yɛnante ɔhonam mu no. 3 Na yɛnam ɔhonam mu deɛ, nanso yɛnkɔ ɛko wɔ ɔhonam mu. 4 Ɛfiri sɛ akodeɛ a yɛde kɔ ɛko no nyɛ ɔhonam mu deɛ,+ nanso Onyankopɔn ma no yɛ den,+ na yɛtumi de tutu nneɛma a aseɛ atim dendeenden* no gu. 5 Na yɛretutu nsusuiɛ ne biribiara a ayɛ osiakwan a ɛmma nkurɔfoɔ nnya Onyankopɔn ho nimdeɛ no agu,+ na yɛde nsusuiɛ nyinaa ayɛ nkoa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛyɛ ɔsetie ama Kristo; 6 na yɛayɛ krado sɛ, sɛ monya yɛ ɔsetie wie* ara pɛ, yɛde asotwe bɛma obiara a ɔbɛyɛ asoɔden no.+
7 Mohwɛ nneɛma aniani. Sɛ obi gye ne ho di sɛ ɔyɛ Kristo dea a, ɛnneɛ ma no nsan nsusu nokwasɛm yi ho: Sɛdeɛ ɔyɛ Kristo dea no, saa ara na yɛn nso yɛyɛ Kristo dea. 8 Awurade ama yɛn tumi sɛ yɛmfa nhyɛ mo den, na ɛnyɛ sɛ yɛmfa mmu mo abam.+ Sɛ mede saa tumi no hoahoa me ho boro so kakra mpo a, m’ani renwu. 9 Na mempɛ sɛ ɛyɛ te sɛ deɛ mede me nkrataa no rehunahuna mo. 10 Na wɔka sɛ: “Ne nkrataa mu nsɛm mu yɛ duru na tumi wom, nanso sɛ ɔno ara wɔ ha a, ɔyɛ mmerɛ, na mfasoɔ biara nni ne nsɛm a ɔka so.” 11 Ma saa onipa no nhu sɛ, sɛ yɛnni mo nkyɛn a, deɛ yɛka wɔ krataa mu no, ɛno ara na sɛ yɛwɔ mo nkyɛn a, yɛbɛyɛ.*+ 12 Na yɛmpɛ sɛ yɛkan yɛn ho fra wɔn a wɔkamfo wɔn ho no, na yɛmpɛ sɛ yɛde yɛn ho toto wɔn ho koraa.+ Saa nkurɔfoɔ no de wɔn ho ayɛ susudua; obiara de ne ho susu ne yɔnko, na obiara de ne ho toto ne yɔnko ho. Deɛ wɔyɛ no kyerɛ sɛ wɔnni nteaseɛ.+
13 Nanso yɛn deɛ, yɛrenhoahoa yɛn ho ntra ɛhyeɛ a wɔde ama yɛn no, na mmom, yɛbɛhoahoa yɛn ho wɔ ɛhyeɛ a Onyankopɔn asusu ama yɛn no* mu, na ɛba ara bɛsi mo so.+ 14 Nokorɛm no, ɛnyɛ sɛ yɛretwe yɛn mu atra so te sɛ deɛ gyama yɛannuru mo nkyɛn no. Ɛfiri sɛ yɛn na yɛdii kan de Kristo ho asɛmpa no bae ara bɛduruu baabi a mowɔ no.+ 15 Daabi, ɛnyɛ sɛ yɛrehoahoa yɛn ho atra ɛhyeɛ a wɔde ama yɛn no akɔ obi adwuma mu. Mmom yɛn ani da so sɛ, berɛ a mo gyidie reyɛ kɛse no, deɛ yɛayɛ no bɛyɛ kɛse wɔ yɛn asaasesini mu. Ɛno ansa na yɛbɛtumi ayɛ bi aka ho, 16 na yɛakɔka asɛmpa no akyerɛ aman foforɔ wɔ mo akyi nohoa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛremfa deɛ obi ayɛ wɔ n’asaasesini mu nhoahoa yɛn ho. 17 “Na deɛ ɔhoahoa ne ho no, ma no nhoahoa ne ho Yehowa* mu.”+ 18 Ɛfiri sɛ ɛnyɛ deɛ ɔkamfo ne ho na ɔfata,+ na mmom deɛ Yehowa* kamfo no no,+ ɔno na ɔfata.