Asomafoɔ Nnwuma
10 Ná ɔbarima bi wɔ Kaesarea a ne din de Kornelio. Ná ɔyɛ ɔsraani panin* wɔ deɛ wɔfrɛ no Italy asraafoɔdɔm* no mu. 2 Ná ɔyɛ ɔbarima a ɔmfa ne som nni agorɔ, na na ɔne ne fiefoɔ nyinaa suro Onyankopɔn. Ɔyɛɛ nkurɔfoɔ adɔeɛ pii, na na ɔde nkotosrɛ kɔ Onyankopɔn anim daa. 3 Bɛyɛ dɔn a ɛtɔ so nkron*+ no, ɔhunuu pefee wɔ anisoadehunu mu sɛ Onyankopɔn bɔfoɔ bi aba ne nkyɛn. Ɛnna ɔbɔfoɔ no kaa sɛ: “Kornelio!” 4 Kornelio hwɛɛ no dinn, na ehu kaa no maa no bisaa sɛ: “Me wura, ɛyɛ asɛm bɛn?” Na ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo mpaebɔ ne w’adɔeɛ aduru Onyankopɔn anim,+ na ɔkae ne nyinaa. 5 Enti soma mmarima ma wɔnkɔ Yopa, na wɔnkɔfrɛ Simon a wɔfrɛ no Petro no mmra. 6 Saa ɔbarima yi akɔsoɛ obi a ne din de Simon. Ne fie wɔ mpoano, na ɔyɛ mmoa nwoma ho adwuma.”* 7 Berɛ a ɔbɔfoɔ a ɔne Kornelio kasaeɛ no kɔe ara pɛ, Kornelio hwɛɛ n’asomfoɔ mu frɛɛ ne nkoa mmienu ne ɔsraani bi a ɔsuro Onyankopɔn, 8 na ɔkaa biribiara kyerɛɛ wɔn, na ɔsomaa wɔn kɔɔ Yopa.
9 Berɛ a adeɛ kyeeɛ a wɔnam kwan so rekɔ na wɔreyɛ aduru kuro no mu no, Petro kɔɔ dan no atifi kɔbɔɔ mpaeɛ. Saa berɛ no, na ɛbɛyɛ dɔn a ɛtɔ so nsia.* 10 Afei ɛkɔm dee no paa, na na ɔpɛ sɛ ɔdidi. Berɛ a wɔgu so reyɛ aduane no, ɔnyaa anisoadehunu bi.+ 11 Ɔhuu sɛ ɔsoro abue, na biribi* resiane te sɛ ntoma kɛseɛ bi a wɔkurakura anoano nnan no regyaagyaa mu aba asaase so. 12 Ná mmoa nyinaa bi wom: Mmoa a wɔn nan yɛ nnan, awɔ ne nkoterɛ,* ne ewiem nnomaa. 13 Ɛnna nne bi ka kyerɛɛ no sɛ: “Petro, sɔre, kum bi na di!” 14 Nanso Petro kaa sɛ: “Daabi, Awurade, ɛfiri sɛ mennii biribiara a ɛho agu fĩ na ɛho nte biara da.”+ 15 Na nne no ka kyerɛɛ no ne mprenu so sɛ: “Nneɛma a Onyankopɔn ate ho no, nka sɛ ɛho agu fĩ.” 16 Ɛnne no baa ne mprɛnsa so, na ntɛm ara na wɔfaa adeɛ* no kɔɔ soro.
17 Na Petro yɛɛ basaa, na na ɔnte anisoadehunu no ase. Saa berɛ no, na mmarima a Kornelio somaa wɔn no abisabisa Simon fie kwan, enti na wɔabɛgyina ɛpono no ano.+ 18 Na wɔteaam bisaa sɛ ebia Simon a wɔfrɛ no Petro no abɛsoɛ hɔ anaa. 19 Berɛ a Petro gu so redwendwene anisoadehunu no ho no, honhom no+ kaa sɛ: “Hwɛ! Mmarima mmiɛnsa bi rehwehwɛ wo. 20 Enti sɔre, si fam na wo ne wɔn nkɔ, mma w’adwene mu nnyɛ wo naa koraa, ɛfiri sɛ me na mesomaa wɔn.” 21 Ɛnna Petro sii fam kɔɔ mmarima no nkyɛn kɔkaa sɛ: “Hwɛ! mene deɛ morehwehwɛ no no. Ɛdeɛn na ɛmaa mobaa ha?” 22 Wɔkaa sɛ: “Ɔbɔfo kronkron bi de Onyankopɔn akwankyerɛ maa ɔsraani panin Kornelio,+ ɔteneneeni a ɔsuro Onyankopɔn na Yuda man nyinaa bɔ no din pa no, sɛ ɔnsoma mmɛfa wo mmra ne fie, na ɔntie deɛ wowɔ ka.” 23 Enti ɔde wɔn baa mu, na ɔsom wɔn hɔhoɔ.
Adeɛ kyeeɛ no, ɔsɔre ne wɔn kɔeɛ. Na anuanom a wɔfiri Yopa no bi ne no kɔeɛ. 24 Da a ɛdi hɔ no, ɔduruu Kaesarea. Ná Kornelio nso afrɛfrɛ n’abusuafoɔ ne ne nnamfo paa abɛhyia retwɛn wɔn. 25 Berɛ a Petro reyɛ aduru hɔ no, Kornelio kɔhyiaa no, na ɔbuu nkotodwe kotoo no. 26 Nanso Petro maa ne so kaa sɛ: “Sɔre; me nso meyɛ onipa te sɛ wo ara.”+ 27 Berɛ a ɔne no rebɔ nkɔmmɔ no, ɔwuraa fie hɔ, na ɔhuu sɛ nnipa bebree ahyiam. 28 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ara monim paa sɛ mmara mma kwan sɛ Yudani ne ɔman foforɔ muni bɛbɔ anaasɛ ɔbɛbɛn no.+ Nanso Onyankopɔn akyerɛ me sɛ, ɛnsɛ sɛ meka kyerɛ onipa biara sɛ ne ho agu fĩ anaa ne ho nte.+ 29 Ne saa nti, berɛ a wɔsoma bɛfrɛɛ me no, mampopo me ti koraa na mebaeɛ. Enti merebisa wo: Adɛn nti na wosoma bɛfrɛɛ me?”
30 Ɛnna Kornelio kaa sɛ: “Nnanan nie, bɛyɛ saa berɛ yi ara, na merebɔ mpaeɛ wɔ dɔn a ɛtɔ so nkron* no mu wɔ me fie. Ɛnna ɔbarima bi a ɔhyɛ ataadeɛ hyɛnhyɛn bɛgyinaa m’anim. 31 Na ɔkaa sɛ: ‘Kornelio, Onyankopɔn atie wo mpaebɔ, na ɔkae w’adɔeɛ. 32 Enti soma kɔ Yopa kɔfrɛ Simon a wɔfrɛ no Petro no. Saa ɔbarima yi akɔsoɛ obi a ne din de Simon. Ne fie wɔ mpoano, na ɔyɛ mmoa nwoma ho adwuma.’*+ 33 Enti ntɛm ara na mesoma baa wo nkyɛn, ɛnna wo nso woatie no aso pa mu aba ha yi. Enti seesei, yɛn nyinaa ahyiam Onyankopɔn anim sɛ yɛrebɛtie deɛ Yehowa* aka akyerɛ wo sɛ bɛka no nyinaa.”
34 Ɛnna Petro firii aseɛ kasaeɛ. Ɔkaa sɛ: “Afei na mahunu paa sɛ Onyankopɔn nyiyi nnipa mu,+ 35 na mmom ɔman biara mu no, onipa a ɔsuro no na ɔyɛ deɛ ɛtene no, ɔgye no tom.+ 36 Onyankopɔn de n’asɛm kɔmaa Israel mma, na ɔkaa asomdwoeɛ+ a ɛnam Yesu Kristo so no ho asɛmpa kyerɛɛ wɔn. Asɛmpa no ne sɛ, Yesu ne nnipa nyinaa Awurade.+ 37 Monim deɛ wɔkaa ho asɛm wɔ Yudea nyinaa no, asɛm a ɛfirii aseɛ wɔ Galilea+ berɛ a Yohane kaa asubɔ ho asɛm wieeɛ no. 38 Asɛm no fa Yesu a ɔfiri Nasaret no ho. Ɛne sɛ, Onyankopɔn de honhom kronkron+ ne tumi sraa no, na ɔkyinkyinii asaase no so yɛɛ papa, na ɔsaa wɔn a Ɔbonsam ahyɛ wɔn so nyinaa yareɛ,+ ɛfiri sɛ na Onyankopɔn ka ne ho.+ 39 Na nneɛma a ɔyɛɛ no Yudafoɔ nkuro mu ne Yerusalem nyinaa, yɛdi ho adanseɛ; nanso wɔbɔɔ no asɛndua mu kum no. 40 Wei na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no,+ Onyankopɔn nyanee no, na ɔmaa no yii ne ho adi kyerɛɛ nnipa. 41 Ɛnyɛ nnipa nyinaa na ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn, na mmom ɔyii ne ho adi kyerɛɛ adansefoɔ a Onyankopɔn adi kan ayi wɔn, kyerɛ sɛ, yɛn a yɛne no didi nomeeɛ wɔ ne wusɔreɛ akyi no.+ 42 Afei nso, ɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ dawuro, na yɛnni adanseɛ frenkyemm+ nkyerɛ ɔman no sɛ, wei na Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔmmu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn.+ 43 Ɔno na adiyifoɔ no nyinaa di ne ho adanseɛ+ sɛ, obiara a ɔgye no die no, ɔnam ne din so bɛnya bɔnefakyɛ.”+
44 Berɛ a Petro gu so reka nsɛm yi no, honhom kronkron baa wɔn a wɔretie asɛm no nyinaa so.+ 45 Na agyidifoɔ* a wɔatwa wɔn twetia* a wɔne Petro baeɛ no ho dwirii wɔn, ɛfiri sɛ wɔhwiee honhom kronkron adom akyɛdeɛ a wɔde ma kwa no guu amanaman mufoɔ nso so. 46 Na wɔtee sɛ wɔreka kasa hodoɔ,* na wɔreyi Onyankopɔn ayɛ.+ Ɛnna Petro kaa sɛ: 47 “Weinom anya honhom kronkron sɛ yɛn ara, enti hwan na ɔbɛtumi asi wɔn kwan sɛ yɛmmfa nsuo mmmɔ wɔn asu?”+ 48 Ɛnna ɔkaa sɛ wɔmmɔ wɔn asu wɔ Yesu Kristo din mu.+ Afei wɔsrɛɛ no sɛ ɔnni nna kakra wɔ hɔ.