Ɔde Kɔmaa Hebrifoɔ
2 Ɛno nti na nsɛm a yɛteɛ no, ɛhia sɛ yɛde yɛn adwene si so kyɛn sɛdeɛ yɛyɛ no daa no,+ na amma da sɛ yɛde nkakrankakra bɛfiri gyidie no ho.+ 2 Na sɛ asɛm a wɔnam abɔfoɔ so kaeɛ+ no timiiɛ, na sɛ mmarato ne asoɔden biara nyaa ɛho asotwe sɛdeɛ atɛntenenee hwehwɛ+ a, 3 ɛnneɛ sɛ yɛabu yɛn ani agu nkwagyeɛ kɛseɛ a ɛte sei so a, yɛbɛyɛ dɛn afa yɛn ho adi?+ Ɛfiri sɛ wɔnam yɛn Awurade so na ɛfirii aseɛ kaa saa nkwagyeɛ no ho asɛm,+ ɛnna wɔn a wɔteeɛ no nso ka too so sɛ ɛyɛ nokorɛ. 4 Onyankopɔn nso dii ho adanseɛ; ɔde nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ* ne anwanwadwuma hodoɔ+ ne honhom kronkron a ɔkyekyɛɛ mu sɛdeɛ ɔpɛ+ no na ɛdii ho adanseɛ.
5 Ɛfiri sɛ ɛnyɛ abɔfoɔ na ɔde wiase a ɛreba+ a yɛreka ho asɛm no ahyɛ wɔn ase. 6 Na mmom ɔdanseni bi kaa wɔ baabi sɛ: “Onipa ne hwan a wokae no, na onipa ba ne hwan a wodwene ne ho?+ 7 Womaa no baa fam kakra senee abɔfoɔ; wode animuonyam ne anidie bɔɔ no abotire, na woyii no de wo nsa ano adwuma hyɛɛ ne nsa. 8 Wode nneɛma nyinaa guu ne nan ase.”+ Berɛ a Onyankopɔn de nneɛma nyinaa hyɛɛ n’ase+ no, wannya biribiara a wamfa anhyɛ n’ase.+ Nanso seesei deɛ, yɛnnya nhunuu sɛ nneɛma nyinaa hyɛ n’ase.+ 9 Mmom yɛhunu Yesu a wɔama no aba fam kakra asene abɔfoɔ+ no, na ɛsiane sɛ ɔhunuu amane kɔsii owuo mu nti, seesei wɔde animuonyam ne anidie abɔ no abotire.+ Na ɔnam Onyankopɔn adom so aka owuo ahwɛ ama obiara.+
10 Deɛ nneɛma nyinaa wɔ hɔ ma no, na nneɛma nyinaa nam ne so baeɛ no, deɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛhyɛ mma bebree animuonyam+ nti, na ɛfata sɛ ɔma wɔn nkwagyeɛ Safohene+ no hunu amane, na ama no adi mu.+ 11 Na deɛ ɔte nnipa ho ne wɔn a ɔte wɔn ho+ no nyinaa firi ɔbaakofoɔ mu,+ ɛno nti ɛnyɛ no aniwu sɛ ɔbɛfrɛ wɔn anuanom.+ 12 Enti ɔka sɛ: “Mɛbɔ wo din akyerɛ me nuanom; mede nnwom bɛyi wo ayɛ wɔ asafo no mu.”+ 13 Bio: “Mɛnya ne mu ahotɔsoɔ.”+ Afei nso: “Hwɛ! Me ne mmɔfra nkumaa a Yehowa* de wɔn ama me no.”+
14 Enti ɛsiane sɛ “mmɔfra nkumaa” no yɛ mogya ne honam nti, ɔno nso bɛyɛɛ saa ara,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛfa ne wuo no so ayi deɛ ɔtumi de owuo ba+ a ɔne Ɔbonsam+ no afiri hɔ, 15 na wama wɔn a owuo ho hu nti wɔyɛɛ nkoa wɔn nkwa nna nyinaa no mu biara anya ahofadie.+ 16 Deɛ ɛwom ne sɛ, ɛnyɛ abɔfoɔ koraa na ɔreboa wɔn, na mmom Abraham asefoɔ*+ na ɔreboa wɔn. 17 Ne saa nti, ɛho bɛhiaa sɛ ɔyɛ sɛ ne “nuanom” wɔ adeɛ nyinaa mu,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ ɔsɔfo panin mmɔborɔhunufoɔ ne ɔnokwafoɔ wɔ nneɛma a ɛfa Onyankopɔn ho no mu, na wabɔ ɔman no bɔne+ ho mpata afɔreɛ.+ 18 Ɛsiane sɛ ɔno ankasa hunuu amane berɛ a wɔsɔɔ no hwɛeɛ+ nti, ɔbɛtumi atwitwa agye wɔn a wɔsɔ wɔn hwɛ no.+