Ɔde Kɔmaa Romafoɔ
14 Onipa a ne gyidie yɛ mmerɛ no, monnye no ntom.+ Na wɔn a mo ne wɔn adwene nhyia* no, ɛnsɛ sɛ mobu wɔn atɛn. 2 Obi wɔ gyidie a ɛma no di biribiara, nanso onipa a ɔyɛ mmerɛ no deɛ, ɔdi nhabamma* nko ara. 3 Onipa a ɔdi aduane biara no, ɛnsɛ sɛ ɔbu deɛ ɔnni nnuane bi no animtia.+ Na onipa a ɔnni nnuane bi no, ɛnsɛ sɛ ɔbu onipa a ɔdi aduane biara no animtia, ɛfiri sɛ Onyankopɔn agye no atom. 4 Wo ne hwan a wobu obi somfoɔ atɛn?+ Sɛ ɔbɛgyina oo, ɔbɛhwe ase oo, ɔno ara ne wura na ɛbɛkyerɛ.+ Nokwasɛm ne sɛ, ɔbɛgyina, ɛfiri sɛ Yehowa* bɛtumi ama no agyina.
5 Obi bu da bi sɛ ɛho hia sene nna a aka no;+ ɔfoforɔ nso bu nna nyinaa pɛ.+ Momma obiara adwene nsi no pi. 6 Deɛ ɔbu da bi sɛ ɛho hia no, ɔyɛ ma Yehowa.* Bio nso, deɛ ɔdi biribi no, ɔdi ma Yehowa,* ɛfiri sɛ ɔde aseda ma Onyankopɔn.+ Na deɛ ɔnni no, Yehowa* nti na ɔnni; ne nyinaa mu no, ɔda Onyankopɔn ase.+ 7 Deɛ ɛwom ne sɛ, yɛn mu biara nte ase mma ɔno nko ara ne ho,+ na obiara nso nwu mma ɔno nko ara ne ho. 8 Na sɛ yɛte ase a, yɛte ase ma Yehowa,*+ na sɛ yɛwu nso a, yɛwu ma Yehowa.* Enti sɛ yɛte ase oo, sɛ yɛwu oo, yɛyɛ Yehowa* dea.+ 9 Deɛ enti a Kristo wuiɛ na ɔbaa nkwa mu bio nie: Sɛ́ ɔbɛyɛ awufoɔ ne ateasefoɔ nyinaa Wura.+
10 Adɛn nti na wobu wo nua atɛn?+ Na adɛn nti na wo nso wobu wo nua animtia? Ɛfiri sɛ yɛn nyinaa bɛgyina Onyankopɔn atemmuo adwa no anim.+ 11 Na wɔatwerɛ sɛ: “‘Sɛ́ mete ase yi,+ me na nkotodwe nyinaa bɛkoto me, na kɛtrɛma nyinaa bɛpae mu akamfo Onyankopɔn,’ Yehowa* asɛm nie.”+ 12 Ɛno nti, yɛn mu biara bɛbu ɔno ara n’akonta akyerɛ Onyankopɔn.+
13 Enti mommma yɛmmmubu yɛn ho atɛn bio,+ na mmom monsi mo bo sɛ moremfa suntidua anaa akwansideɛ nto onua biara anim.+ 14 Menim, na megye di Awurade Yesu mu sɛ, biribiara nni hɔ a ɛno ara deɛ, ɛho nte.+ Sɛ obi bu biribi sɛ ɛho nte a, na ɛho nte mma no. 15 Na sɛ aduane nti wo nua reteetee a, ɛnneɛ na wonnam ɔdɔ kwan so bio.+ Mfa w’aduane nsɛe obi a Kristo awu ama no.+ 16 Enti mommma wɔnnka papa a moyɛ no ho nsɛmmɔne. 17 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn Ahennie nyɛ adidie ne ɔnom,+ na mmom ɛyɛ tenenee ne asomdwoeɛ ne anigyeɛ a ɛnam honhom kronkron so. 18 Na obiara a ɔsom* Kristo wɔ saa kwan yi so no, ɔsɔ Onyankopɔn ani, na nnipa nso gye no tom.
19 Ɛno nti, nneɛma a ɛde asomdwoeɛ ba+ ne nneɛma a ɛma yɛhyehyɛ yɛn ho den+ no, momma yɛnni ɛno akyi. 20 Monnyae sɛ aduane nti mosɛe Onyankopɔn adwuma.+ Ɛwom, adeɛ nyinaa ho te, nanso ɛyɛ bɔne sɛ obi bɛdi biribi berɛ a ɛbɛto obi suntidua.+ 21 Ɛyɛ papa sɛ worenwe nam anaa worennom nsã* anaa worenyɛ biribiara a ɛbɛto wo nua suntidua.+ 22 Gyidie a wowɔ no, ma ɛnyɛ wo ne Onyankopɔn ntam asɛm.* Anigyeɛ ne onipa a ɔmmu ne ho atɛn wɔ deɛ wasi gyinaeɛ sɛ ɔbɛyɛ ho. 23 Na sɛ n’adwenem yɛ no naa, na ɔdi a, wadi fɔ dada, ɛfiri sɛ ɛnyɛ gyidie na ɔde di. Nokorɛm no, biribiara a ɛnnyina gyidie so no yɛ bɔne.