Petro Nwoma a Ɛdi Kan
4 Ɛsiane sɛ Kristo hunuu amane ɔhonam mu+ nti, mo nso momfa adwenkorɔ* no ara nhyɛ mo ho den; ɛfiri sɛ obiara a ɔhunu amane ɔhonam mu no akyerɛ sɛ watwe ne ho afiri bɔne ho,+ 2 sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ne nna a aka wɔ ɔhonam mu no, ɔrentena ase nyɛ nnipa akɔnnɔdeɛ,+ na mmom ɔde bɛyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ.+ 3 Na berɛ a mode yɛɛ deɛ amanaman no pɛ+ no ara dɔɔso. Saa berɛ no, mode mo ho hyɛɛ ahohwie,* akɔnnɔ bɔne, nsanom bebrebe, apontoɔ a aseɛ yɛ gyegyeegye, akɔwensafoɔ fekuo, ne abosonsom a ɛyɛ abofono mu.+ 4 Ɛsiane sɛ mo ne wɔn ntu mmirika nkɔ saa nneɛma funu no mu bio nti, ɛyɛ wɔn nwanwa na wɔkasa tia mo.+ 5 Nanso saa nnipa yi bɛbu akonta akyerɛ deɛ wasiesie ne ho sɛ ɔrebɛbu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn no.+ 6 Wei nti na wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ awufoɔ+ nso, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ wɔbu wɔn atɛn ɔhonam mu wɔ nnipa ani so mpo a, Onyankopɔn ani so deɛ, honhom no bɛkyerɛ wɔn abrabɔ kwan.
7 Nanso adeɛ nyinaa awieeɛ abɛn. Enti momma mo adwenem nna hɔ,+ na monyɛ krado* sɛ mobɛbɔ mpaeɛ berɛ nyinaa.+ 8 Deɛ ɛsene biribiara no, monnodɔ mo ho dendeenden,+ ɛfiri sɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.+ 9 Obiara nsom ne yɔnko hɔhoɔ a anwiinwii biara nnim.+ 10 Akyɛdeɛ a obiara nsa aka no, ɔmfa nsom ne yɔnko sɛ efiehwɛfoɔ pa a wɔde Onyankopɔn adom akyɛdeɛ a ɛyɛ adwuma akwan hodoɔ pii so+ no ahyɛ ne nsa. 11 Sɛ asɛm bi na obi reka a, ma no nka no sɛ Onyankopɔn asɛm; sɛ obi resom a, ma no mfa ne ho nto ahoɔden a ɛfiri Onyankopɔn hɔ no so;+ ɛno bɛma nkurɔfoɔ afa Yesu Kristo so ahyɛ Onyankopɔn animuonyam wɔ biribiara mu.+ Ɔno na animuonyam ne ahoɔden wɔ no daa daa. Amen.
12 Adɔfo, mommma sɔhwɛ a morefa mu a ɛma mo ho hyehye mo no nnyɛ mo nwanwa+ te sɛ deɛ biribi a ɛyɛ hu bi na ato mo. 13 Mmom no, monkɔ so mma mo ani nnye+ sɛ monya Kristo amanehunu no mu kyɛfa,+ na sɛ wɔyi n’animuonyam nso adi a, mo ani agye adi ahurisie.+ 14 Sɛ Kristo din nti wɔgu mo anim ase* a, mo ani gye,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn honhom a ɛyɛ animuonyam honhom no wɔ mo so.
15 Nanso ɛnsɛ sɛ mo mu biara hunu amane sɛ wudini anaa korɔmfoɔ anaa ɔdebɔneyɛfoɔ anaa obi a ɔde ne ho gyegye nkurɔfoɔ nsɛm mu.+ 16 Sɛ obi hunu amane sɛ Kristoni a, ɛnsɛ sɛ ɔma n’ani wu,+ na mmom ɛsɛ sɛ ɔkɔ so bɔ ne bra sɛ Kristoni de hyɛ Onyankopɔn animuonyam. 17 Berɛ aduru sɛ atemmuo no firi aseɛ wɔ Onyankopɔn fie.+ Na sɛ ɛbɛfiri aseɛ wɔ yɛn so+ a, ɛnneɛ ɛbɛwie wɔn a wɔntie Onyankopɔn asɛmpa no sɛn?+ 18 “Na sɛ ɔteneneeni mpo, ɛnyɛ mmerɛ sɛ wɔbɛgye no a, ɛnneɛ omumuyɛfoɔ ne ɔbɔnefoɔ bɛgyina he?”+ 19 Enti wɔn a Onyankopɔn apɛdeɛ nti wɔrehunu amane no, wɔnkɔ so nyɛ papa na wɔmfa wɔn ho* nhyɛ Ɔbɔadeɛ nokwafoɔ no nsa.+