Yohane Nwoma a Ɛdi Kan
4 Adɔfoɔ, monnnye honhom mu nsɛm+ nyinaa* nnni. Mmom monsɔ honhom mu nsɛm* no nhwɛ sɛ ɛfiri Onyankopɔn hɔ anaa,+ ɛfiri sɛ atorɔ adiyifoɔ bebree aba wiase.+
2 Deɛ ɛbɛma moahunu sɛ honhom mu nsɛm no firi Onyankopɔn hɔ nie: Honhom mu nsɛm biara a ɛka sɛ Yesu Kristo baa ɔhonam mu no firi Onyankopɔn hɔ.+ 3 Na honhom mu nsɛm biara a ɛnka sɛ Yesu baa ɔhonam mu no deɛ, ɛmfiri Onyankopɔn.+ Afei nso, wei ne honhom mu nsɛm a motee sɛ ɛbɛfiri deɛ ɔsɔre tia Kristo* no hɔ aba no,+ na seesei anya aba wiase.+
4 Mma nkumaa, mofiri Onyankopɔn, na moadi wɔn* so nkonim.+ Ɛfiri sɛ deɛ ɔwɔ mo afã no+ so sene deɛ ɔwɔ wiase no afã.+ 5 Wɔn deɛ, wɔfiri wiase.+ Ɛno nti, wɔka nsɛm a ɛfiri wiase, na wiase no tie wɔn.+ 6 Yɛn deɛ, yɛfiri Onyankopɔn. Obiara a ɔnim Onyankopɔn no tie yɛn;+ na obiara a ɔmfiri Onyankopɔn no ntie yɛn.+ Wei na yɛde hunu honhom mu nsɛm a ɛyɛ nokorɛ ne honhom mu nsɛm a ɛyɛ atorɔ.*+
7 Adɔfoɔ, momma yɛnkɔ so nnodɔ yɛn ho,+ ɛfiri sɛ ɔdɔ firi Onyankopɔn. Na obiara a ɔwɔ ɔdɔ no, Onyankopɔn na awo no, na ɔnim Onyankopɔn.+ 8 Obiara a ɔnni dɔ no, ɔnnim Onyankopɔn, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne dɔ.+ 9 Wei ne ɛkwan a wɔnam so yii Onyankopɔn dɔ kyerɛɛ yɛn. Ɛne sɛ, Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔwoo no koro+ no baa wiase sɛ yɛmfa ne so nnya nkwa.+ 10 Deɛ saa ɔdɔ yi kyerɛ nie: Ɛnyɛ sɛ yɛn na yɛdɔɔ Onyankopɔn, na mmom ɔno na ɔdɔɔ yɛn. Na ɔsomaa ne Ba sɛ ɔmfa ne nkwa mmɛbɔ afɔreɛ+ mpata mma yɛn bɔne.*+
11 Adɔfoɔ, sɛ saa na Onyankopɔn dɔɔ yɛn a, ɛnneɛ yɛn nso, ɛsɛ sɛ* yɛdodɔ yɛn ho.+ 12 Obiara nhuu Onyankopɔn da.+ Sɛ yɛkɔ so dodɔ yɛn ho a, Onyankopɔn da so ara ka yɛn ho, na ne dɔ wie pɛyɛ wɔ yɛn mu.+ 13 Wei na ɛma yɛhunu sɛ yɛne no yɛ baako, na ɔno nso ne yɛn yɛ baako, ɛfiri sɛ ɔde ne honhom ama yɛn. 14 Bio nso, yɛn ara yɛahunu, na yɛadi ho adanseɛ sɛ, Agya no asoma ne Ba no sɛ wiase Agyenkwa.+ 15 Obiara a ɔgye tom sɛ Yesu ne Onyankopɔn Ba+ no, Onyankopɔn ne no yɛ baako, na ɔno nso ne Onyankopɔn yɛ baako.+ 16 Na yɛabɛhunu, na yɛgye di sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn.+
Onyankopɔn ne dɔ,+ na obiara a ɔte ɔdɔ mu no, ɔne Onyankopɔn yɛ baako, na Onyankopɔn ne no yɛ baako.+ 17 Saa kwan yi so na ɔdɔ wie pɛyɛ wɔ yɛn mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi de ahotɔsoɔ akasa+ atemmu da no, ɛfiri sɛ sɛdeɛ ɔno* teɛ no, saa ara na yɛn nso yɛteɛ wɔ wiase yi mu. 18 Ehu biara nni ɔdɔ mu.+ Ɔdɔ a ɛwie pɛyɛ pamo ehu, ɛfiri sɛ ehu si yɛn kwan. Nokwasɛm ne sɛ, obi a ehu aka no no, ne dɔ nwiee pɛyɛ.+ 19 Yɛda ɔdɔ adi, ɛfiri sɛ ɔno na ɔdii kan dɔɔ yɛn.+
20 Sɛ obi ka sɛ, “Medɔ Onyankopɔn” na ɔtan ne nua a, ɔyɛ ɔtorofoɔ.+ Ɛfiri sɛ deɛ ɔnnɔ ne nua+ a ɔhu no no, ɔrentumi nnɔ Onyankopɔn a ɔnhu no+ no. 21 Na ahyɛdeɛ yi na yɛanya afiri ne hɔ sɛ, deɛ ɔdɔ Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ ɔdɔ ne nua nso.+