Timoteo Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
2 Enti, me ba,+ ma adom a ɛwɔ Kristo Yesu mu no nkɔ so nhyɛ wo den; 2 na deɛ wote firii me hɔ a nnipa pii dii ho adanseɛ no,+ ɛno na fa hyɛ nnipa anokwafoɔ nsa. Ɛbɛma wɔn nso afata yie sɛ wɔde bɛkyerɛkyerɛ ebinom. 3 Nsuro sɛ wobɛhunu amane+ sɛ Kristo Yesu sraani pa.+ 4 Ɔsraani biara nni hɔ a ɔpɛ sɛ ɔsɔ deɛ ɔfaa no sraadie mu no ani a ɔde ne ho bɛhyɛ adwadie mu.* 5 Na agodie mu mpo, sɛ obi si akan a, wɔmfa abotire no mma no, gye sɛ wasi akan no sɛdeɛ ɛho mmara teɛ.+ 6 Okuafoɔ a wayɛ adwumaden no, ɔno na ɛsɛ sɛ ɔdi kan di aba no bi. 7 Deɛ mereka yi, kɔ so dwene ho; Awurade bɛma woate nneɛma nyinaa ase.*
8 Kae sɛ, wɔnyanee Yesu Kristo firii awufoɔ mu,+ na na ɔyɛ Dawid aseni,*+ sɛdeɛ asɛmpa a meka no teɛ no.+ 9 Asɛmpa no nti na merehunu amane a wɔde me ato afiase sɛ obi a madi bɔne+ yi. Nanso Onyankopɔn asɛm deɛ, wɔnkyekyeree.+ 10 Wei nti, mekɔ so de animia gyina biribiara mu, wɔn a wɔayi wɔn no nti.+ Meyɛ saa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nso bɛnya nkwagyeɛ a ɛnam Kristo Yesu so no, na wɔanya daa animuonyam nso. 11 Asɛm yi yɛ nokorɛ: Sɛ ɛyɛ ampa sɛ yɛne no wuiɛ a, ɛnneɛ yɛne no bɛtena nkwa mu nso;+ 12 sɛ yɛkɔ so de animia gyina mu a, yɛne no bɛdi hene nso;+ na sɛ yɛka sɛ yɛnnim no a, ɔno nso bɛka sɛ ɔnnim yɛn;+ 13 sɛ yɛanni nokorɛ a, ɔno deɛ, ɔyɛ nokwafoɔ, ɛfiri sɛ ɔrentumi nyɛ biribiara a ɛne ne suban nhyia.
14 Kɔ so kae wɔn weinom, na kyerɛkyerɛ wɔn* wɔ Onyankopɔn anim sɛ ɛnsɛ sɛ wɔko nsɛmfua ho, ɛfiri sɛ ɛyɛ biribi a mfasoɔ nni so koraa, na ɛsɛe wɔn a wɔtie no adwene. 15 Yɛ deɛ wobɛtumi biara fa wo ho ma Onyankopɔn sɛ obi a wɔgye no tom, odwumayɛni a ɔmfɛre n’adwuma ho,* na ɔkura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.+ 16 Nanso nsɛnhunu a ɛtia deɛ ɛyɛ kronkron+ no, twe wo ho firi ho, ɛfiri sɛ nsɛm a ɛte saa no* kɔwie bɔne ahodoɔ pii mu, 17 na wɔn nsɛm bɛtrɛ te sɛ yare bɔne. Wɔn mu bi ne Himeneo ne Fileto.+ 18 Saa mmarima yi amane afiri nokorɛ no ho, na wɔka sɛ owusɔreɛ no aba dada,+ na wɔresɛe ebinom gyidie. 19 Nanso, Onyankopɔn fapem a ɛyɛ den no da so ara tim hɔ, na ahyɛnsodeɛ yi wɔ ho, “Yehowa* nim wɔn a wɔyɛ ne dea,”+ afei nso, “Obiara a ɔbɔ Yehowa* din+ no, ma ɔntwe ne ho mfiri deɛ ɛntene ho.”
20 Efie kɛseɛ mu no, ɛnyɛ sika kɔkɔɔ ne dwetɛ anwenneɛ nko ara na ɛwom, na mmom nnua ne dɔteɛ anwenneɛ nso wom bi. Wɔde bi yɛ nneɛma a ɛwɔ animuonyam, na wɔde bi nso yɛ nneɛma a ɛnni animuonyam. 21 Enti sɛ obi twe ne ho firi deɛ ɛnni animuonyam no ho a, ɔbɛyɛ adeɛ* a wɔde yɛ nneɛma a ɛwɔ animuonyam, adeɛ a wɔate ho a ɛso wɔ mfasoɔ ma ne wura, a wɔasiesie ama adwuma pa biara. 22 Enti dwane firi mmabunberɛ mu akɔnnɔ ho, na di tenenee, gyidie, ɔdɔ ne asomdwoeɛ akyi, wo ne wɔn a wɔde akoma a emu teɛ frɛ Awurade no.
23 Bio nso, twe wo ho firi nkwasea akyinnyegyeɛ+ a mfasoɔ biara nni so no ho, ɛfiri sɛ wonim sɛ ɛde ntɔkwa ba. 24 Na ɛnsɛ sɛ Awurade akoa ko, na mmom ɛsɛ sɛ ɔyɛ nnipa nyinaa brɛbrɛ,*+ ɔtumi kyerɛkyerɛ, ɔtumi hyɛ ne ho so berɛ a obi ayɛ no bɔne,+ 25 ɔde ɔdwoɔ kasa kyerɛ wɔn a wɔte atua.+ Ebia Onyankopɔn bɛma wɔn adwensakra, na wɔanya nokorɛ no ho nimdeɛ a ɛdi mu.+ 26 Ɛbɛma wɔn ani aba wɔn ho so, na wɔahunu sɛ Ɔbonsam akye wɔn* de wɔn reyɛ deɛ ɔpɛ,+ na wɔagye wɔn ho afiri ne fidie mu.