Ɔde Kɔmaa Galatifoɔ
6 Anuanom, sɛ ɛba sɛ obi di mfomsoɔ ansa na n’ani aba ne ho so mpo a, mo a moyɛ Kristofoɔ a mo ho akokwa* no, mommɔ mmɔden mfa ɔdwoɔ*+ nnye onipa a ɔte saa no nsi yie. Nanso monhwɛ mo ho so yie,+ na mo nso wɔansɔ mo anhwɛ.+ 2 Monkɔ so mmoa mo nuanom na mo ne wɔn nsoa wɔn nneɛma a emu yɛ duru no.+ Moyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ moredi Kristo mmara+ no so. 3 Na sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ obi na ɔnyɛ obiara a,+ na ɔredaadaa ne ho. 4 Mmom ma obiara nhwɛ sɛdeɛ ɔno ara ne nnwuma teɛ.+ Ɛno na ɔbɛnya biribi agyina so adi ahurisie wɔ deɛ ɔno ara ayɛ ho, na ɛnyɛ sɛ ɔde ne ho bɛtoto obi ho.+ 5 Ɛfiri sɛ obiara bɛsoa ɔno ara n’adesoa.*+
6 Bio nso, obiara a wɔkyerɛkyerɛ no asɛm no, ma ɔne deɛ ɔkyerɛkyerɛ no no nnya kyɛfa wɔ nneɛma pa nyinaa mu.+
7 Mommma wɔnnnaadaa mo: Onyankopɔn nyɛ obi a wɔdi ne ho fɛ, ɛfiri sɛ deɛ onipa dua no, ɛno ara na ɔtwa;+ 8 deɛ ɔdua no sɛdeɛ ne honam kyerɛ no no, ɔnam ne honam so bɛtwa porɔeɛ, na deɛ ɔdua no sɛdeɛ honhom no kyerɛ no no, ɔnam honhom no so bɛtwa daa nkwa.+ 9 Enti sɛ yɛreyɛ adepa a, mommma yɛmmpa aba, ɛfiri sɛ yɛampa aba* a, berɛ a ɛsɛ mu, yɛbɛnya so akatua.+ 10 Ne saa nti, berɛ biara a yɛbɛnya hokwan* no, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yie, ɛnkanka wɔn a yɛne wɔn bɔ abusua wɔ gyidie mu no.
11 Monhwɛ sɛ me ara mede ntwerɛeɛ akɛseɛ atwerɛ krataa yi abrɛ mo.
12 Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔnya nnipa anim* animuonyam no, wɔn na wɔpɛ sɛ wɔhyɛ mo ma motwa twetia,* na wɔyɛ saa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Kristo asɛndua* nti, nkurɔfoɔ rentan wɔn ani. 13 Na wɔn a wɔtwa twetia no ara mpo nni Mmara no so,+ nanso wɔpɛ sɛ motwa twetia sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo nipadua nti, wɔbɛhoahoa wɔn ho. 14 Nanso me deɛ, mempɛ sɛ mede biribiara hoahoa me ho, gye sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo asɛndua.*+ Ne nti m’ani so no, wiase no awu,* na wiase no ani so no, me nso mawu. 15 Na sɛ obi twa twetia oo, wantwa twetia oo, emu biara nka hwee;+ deɛ ɛhia ne abɔdeɛ foforɔ.+ 16 Na wɔn a wɔnam saa kwan yi so bɔ wɔn bra yie no, kyerɛ sɛ, wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn Israel+ no, asomdwoeɛ ne mmɔborɔhunu nka wɔn nyinaa.
17 Ɛfiri saa berɛ yi rekɔ, mma obiara nnha m’adwene, ɛfiri sɛ manya ahyɛnsodeɛ wɔ me honam mu a ɛkyerɛ sɛ meyɛ Yesu akoa.+
18 Anuanom, berɛ a moreda suban pa adi no, yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo ho. Amen.