Luka Twerɛtohɔ
15 Na nnipa a wɔgyegye toɔ ne nnebɔneyɛfoɔ nyinaa kɔɔ so baa ne nkyɛn bɛtiee no.+ 2 Na Farisifoɔ ne atwerɛfoɔ no nyinaa kasakasaa* sɛ: “Onipa yi gye nnebɔneyɛfoɔ ba ne nkyɛn, na ɔne wɔn didi.” 3 Ɛno nti, ɔmaa wɔn mfatoho yi: 4 “Mo mu hwan na ɔwɔ nnwan 100, na emu baako yera a, ɔrennya 99 no wɔ serɛ so nkɔhwehwɛ deɛ wayera no nkɔsi sɛ ɔbɛhu no?+ 5 Na sɛ ɔhu no a, ɔde no to ne kɔn ho, na n’ani gye. 6 Na ɔduru fie a, ɔfrɛfrɛ ne nnamfonom ne ne mpɔtamufoɔ boa ano, na ɔka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Mommra mma yɛnnye yɛn ani, ɛfiri sɛ mahunu me dwan a ɔyeraeɛ no.’+ 7 Mereka akyerɛ mo sɛ, saa ara na anigyeɛ pii bɛba ɔsoro wɔ ɔbɔnefoɔ baako a wasakra+ ho sene ateneneefoɔ 99 a wɔnhia adwensakra.
8 “Anaasɛ ɔbaa bɛn na ɔwɔ drakma* du, na sɛ drakma baako yera a, ɔrensɔ kanea mpra ne fie na ɔrenhwehwɛ hɔ yie nkɔsi sɛ ɔbɛhunu? 9 Na sɛ ɔhunu a, ɔfrɛfrɛ ne nnamfo* ne ne mpɔtamufoɔ boa ano, na ɔka sɛ, ‘Mommra mma yɛnnye yɛn ani, ɛfiri sɛ mahunu me drakma* a ɛyeraeɛ no.’ 10 Mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ ɔbɔnefoɔ baako sakra a, saa ara na Onyankopɔn abɔfoɔ ani gyeɛ.”+
11 Afei ɔkaa sɛ: “Ná ɔbarima bi wɔ mma mmarima mmienu. 12 Na kumaa no ka kyerɛɛ ne papa sɛ, ‘Paapa, kyɛ w’agyapadeɛ, na fa me deɛ ma me.’ Enti ɔbarima no kyɛɛ n’agyapadeɛ mu maa wɔn. 13 Nna kakra bi akyi no, ɔba kumaa no boaboaa ne nneɛma nyinaa ano, na ɔtuu kwan kɔɔ ɔman bi so wɔ akyirikyiri, na ɔkɔbɔɔ ahuhubra de sɛee n’agyapadeɛ no nyinaa wɔ hɔ. 14 Berɛ a ɔsɛee biribiara no, ɛkɔm kɛseɛ bi sii ɔman no mu baabiara, na ne ho kyeree no.* 15 Na ɔtu taree ɔman no muni bi mpo, na ɔde no kɔɔ n’asaase so maa ɔkɔhwɛɛ ne mprako.+ 16 Ná ne kɔn dɔ sɛ ɔbɛdi aduane a na mprako no redi no bi, nanso obiara amma no hwee.
17 “Berɛ a n’ani baa ne ho so no, ɔkaa sɛ, ‘Me papa apaafoɔ mpo, paanoo abu so ama wɔn mu biara, ɛnna ɛkɔm reku me wɔ ha yi! 18 Mɛsɔre akɔ me papa nkyɛn akɔka akyerɛ no sɛ: “Paapa, mayɛ bɔne atia Onyankopɔn* ne wo. 19 Memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio. Yɛ me w’apaafoɔ no mu baako.”’ 20 Enti ɔsɔree, na ɔkɔɔ ne papa nkyɛn. Berɛ a ɔda so ara wɔ akyirikyiri no, ne papa huu no na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔtuu mmirika kɔyɛɛ no atuu,* na ɔfee n’ano. 21 Ɛnna ne ba no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Paapa, mayɛ bɔne atia Onyankopɔn* ne wo.+ Memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio.’ 22 Na papa no ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ, ‘Monyɛ ntɛm! momfa ataade tenten a ɛdi mu paa no mmra mmɛhyɛ no, na momfa kawa* nhyɛ ne nsa, na momfa mpaboa nhyɛ ne nan. 23 Na momfa nantwie ba a wadɔre sradeɛ no mmra mmɛku no, na momma yɛnni na yɛnnye yɛn ani, 24 ɛfiri sɛ me ba yi wuiɛ, na wasan aba nkwa mu;+ ɔyeraeɛ, na yɛahu no.’ Na wɔfirii aseɛ gyee wɔn ani.
25 “Saa berɛ no, na ne ba panin no wɔ afuo mu, na berɛ a ɔreba a ɔbɛn fie no, ɔtee sɛ nnwom ne asa rekɔ so. 26 Enti ɔfrɛɛ nkoa no baako, na ɔbisaa no deɛ ɛrekɔ so. 27 Ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Wo nua no aba, na wo papa akum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no, ɛfiri sɛ wasan aba ne nkyɛn, na ɔte apɔ.’* 28 Na ɔba panin no bo fui, na wampɛ sɛ ɔkɔ fie hɔ. Na ne papa pue baeɛ, na ɔsrɛɛ no sɛ ɔmmra mu. 29 Ɔka kyerɛɛ ne papa sɛ, ‘Mfeɛ bebree nie na masom wo, na memmuu wo mmara baako mpo so da. Nso wommaa me apɔnkye ba mpo da sɛ me ne me nnamfonom mfa nnye yɛn ani. 30 Nanso wo ba a ɔne tuutuufoɔ asɛe* w’agyapadeɛ yi baeɛ ara pɛ, woakum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no ama no.’ 31 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Me ba, woatena me nkyɛn berɛ nyinaa, na me nneɛma nyinaa yɛ wo dea. 32 Nanso gye ara na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye na yɛdi ahurisie, ɛfiri sɛ wo nua yi wuiɛ, na wasan aba nkwa mu; ɔyeraeɛ, na yɛahu no.’”