Luka Twerɛtohɔ
11 Berɛ bi, na ɔwɔ baabi rebɔ mpaeɛ, na berɛ a ɔwieeɛ no, n’asuafoɔ no baako ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, kyerɛ yɛn sɛdeɛ wɔbɔ mpaeɛ, sɛdeɛ Yohane nso kyerɛɛ n’asuafoɔ no.”
2 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Berɛ biara a mobɛbɔ mpaeɛ no, monka sɛ: ‘Agya, wo din ho nte.*+ W’Ahennie mmra.+ 3 Ma yɛn aduane* da biara sɛdeɛ yɛhia wɔ ɛda no mu.+ 4 Na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn,+ ɛfiri sɛ yɛn nso, obiara a ɔde yɛn ka no, yɛde kyɛ no.+ Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu.’”+
5 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛmfa no sɛ mo mu bi wɔ adamfoɔ, ɛnna ɔkɔɔ ne nkyɛn dasuom kɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘M’adamfo, ma* me paanoo mmiɛnsa, 6 na seesei ara na m’adamfo bi firi kwan so aba me nkyɛn, na menni hwee a mede bɛma no.’ 7 Ɛnna w’adamfo no ka kyerɛɛ wo sɛ: ‘Gyae me haw. Yɛato pono no mu dada, na me ne me mma nkumaa nyinaa adeda. Merentumi nsɔre mmɛma wo hwee.’ 8 Mereka akyerɛ mo sɛ, ɛnyɛ sɛ ɔyɛ n’adamfo nti na ɔbɛsɔre abɛma no biribi; mmom, dwan a ɔredwan ne ho nti,+ ɔbɛsɔre abɛma no deɛ ɔhia biara. 9 Enti mereka akyerɛ mo sɛ, monkɔ so mmisa,+ na wɔde bɛma mo; monkɔ so nhwehwɛ, na mobɛhunu; monkɔ so mmom, na wɔbɛbue mo.+ 10 Ɛfiri sɛ obiara a ɔbisa no, ne nsa bɛka,+ na obiara a ɔhwehwɛ no, ɔbɛhunu, na obiara a ɔbɔ mu no, wɔbɛbue no. 11 Mo mu hwan paa na ɔyɛ agya a sɛ ne ba bisa no apataa a, ɔde ɔwɔ bɛhyɛ ne nsam na ɔremma no apataa?+ 12 Sɛ ɔbisa no kosua nso a, ɔde nyanyankyerɛ bɛhyɛ ne nsam anaa? 13 Enti sɛ mo a moyɛ abɔnefoɔ mpo nim sɛdeɛ moma mo mma akyɛdeɛ pa a, ɛnneɛ mo Agya a ɔwɔ soro no nso ɛ? Ɔde honhom kronkron bɛma wɔn a wɔbisa no no ama no aboro so!”+
14 Akyire yi, Yesu tuu honhommɔne bi a ɔma nkurɔfoɔ yɛ mum firii ɔbarima bi mu.+ Berɛ a ɔtuu honhommɔne no, ɔbarima a ɔyɛ mum no kasae, na ɛyɛɛ nnipadɔm no nwanwa.+ 15 Nanso wɔn mu binom kaa sɛ: “Ɔde ahonhommɔne panin Beelsebub* na ɛtu ahonhommɔne.”+ 16 Ná ebinom nso pɛ sɛ wɔsɔ no hwɛ, enti wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ sɛnkyerɛnne bi a ɛfiri soro nkyerɛ wɔn.+ 17 Berɛ a ɔhuu wɔn adwene no,+ ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ahennie biara a ɛko tia ne ho no bɛsɛe, na efie a ɛko tia ne ho no rennyina. 18 Enti sɛ Satan nso ko tia ne ho a, ɛbɛyɛ dɛn na n’ahennie agyina? Ɛfiri sɛ moka sɛ menam Beelsebub so na ɛtu ahonhommɔne. 19 Sɛ mede Beelsebub na ɛtu ahonhommɔne a, mo mma* de hwan na ɛtu wɔn? Wei nti, wɔbɛbu mo atɛn. 20 Na sɛ mede Onyankopɔn nsateaa+ na ɛtu ahonhommɔne a, ɛnneɛ na mo ne Onyankopɔn Ahennie abɔ nsianho.*+ 21 Sɛ ɔbarima hoɔdenfoɔ de akodeɛ hyehyɛ ne ho wɛn n’aban a, n’agyapadeɛ renyera. 22 Nanso sɛ obi a ne ho yɛ den sene no bɛto hyɛ ne so, na ɔdi ne so nkonim a, ɔgye n’akodeɛ a ɔde ne ho ato so no nyinaa, na ɔkyekyɛ nneɛma a ɔgye firii ne nkyɛn no. 23 Obiara a ɔnni m’afã no, ɔsɔre tia me, na obiara a ɔne me mmoaboa ano no, ɔhwete.+
24 “Sɛ honhom fĩ bi firi obi mu a, ɔkɔfa asaase a ɛso awo so, na ɔhwehwɛ homebea, na sɛ wannya bi a, ɔka sɛ, ‘Mɛsan akɔ me fie a metu firii mu no mu.’+ 25 Sɛ ɔbɛduru hɔ a, ɔhunu sɛ wɔaprapra fie no mu asiesie mu kama. 26 Enti ɔkɔ kɔfa ahonhom nson foforɔ a wɔdi bɔne sene no ka ne ho, na wɔba mu bɛtena hɔ. Na saa onipa no awieeɛ sɛe sene kane no.”
27 Berɛ a ɔgu so reka weinom no, ɔbaa bi firi nnipadɔm no mu teaam ka kyerɛɛ no sɛ: “Anigyeɛ ne yafunu a ɛnyinsɛn wo, ne nufoɔ a wonomeeɛ!”+ 28 Ɛnna Yesu kaa sɛ: “Daabi, mmom, anigyeɛ ne wɔn a wɔtie Onyankopɔn asɛm na wɔdi so!”+
29 Berɛ a nnipadɔm no reboaboa wɔn ho ano no, ɔfirii aseɛ kaa sɛ: “Awoɔ ntoatoasoɔ yi yɛ awoɔ ntoatoasoɔ abɔnefoɔ; wɔhwehwɛ sɛnkyerɛnne. Nanso wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara, gye Yona sɛnkyerɛnne no.+ 30 Na sɛdeɛ Yona+ bɛyɛɛ sɛnkyerɛnne maa Niniwefoɔ no, saa ara na onipa Ba no nso bɛyɛ sɛnkyerɛnne ama awoɔ ntoatoasoɔ yi. 31 Wɔbɛnyane anaafoɔ fam hemmaa+ ne awoɔ ntoatoasoɔ yi mu nnipa aba atemmuo no mu, na ɔbɛbu wɔn fɔ, ɛfiri sɛ ɔfiri asaase ano bɛtiee Solomon nyansa. Nanso hwɛ! deɛ ɔsene Solomon wɔ ha.+ 32 Nnipa a wɔwɔ Niniwe ne awoɔ ntoatoasoɔ yi bɛsɔre atemmuo berɛ mu, na wɔbɛbu awoɔ ntoatoasoɔ yi fɔ, ɛfiri sɛ asɛm a Yona kaeɛ no maa wɔsakrae.+ Nanso hwɛ! deɛ ɔsene Yona wɔ ha. 33 Sɛ obi sɔ kanea a, ɔmfa nsie, na ɔmfa nhyɛ kɛntɛn* ase, na mmom ɔde si kaneadua so,+ na ama wɔn a wɔba dan no mu no ahunu hann no. 34 Nipadua kanea ne w’ani. Sɛ w’ani hwɛ tẽẽ* a, wo nipadua nyinaa nso hyerɛn;* nanso sɛ wowɔ ani a ɛbere adeɛ* a, wo nipadua nso yɛ sum.+ 35 Ɛno nti monhwɛ yie, ebia na hann a ɛwɔ mo mu no yɛ sum. 36 Enti, sɛ wo nipadua nyinaa hyerɛn na baabiara nyɛ sum a, nipadua no nyinaa bɛhyerɛn te sɛ deɛ kanea hyerɛn ma wonya hann no.”
37 Berɛ a Yesu kasa wieeɛ no, Farisini bi srɛɛ no sɛ ɔne no mmɛdidi. Enti ɔkɔɔ ne fie ne no kɔdidii.* 38 Na berɛ a Farisini no huu sɛ wanhohoro ne nsa* ansa na ɔredidi no,+ ɛyɛɛ no nwanwa. 39 Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: “Mo Farisifoɔ, mohohoro kuruwa ne ayowa ho, nanso mo mu deɛ, adufudepɛ* ne bɔne ayɛ mo ma.+ 40 Mo a monni adwene! Deɛ ɔyɛɛ akyire no, ɛnyɛ ɔno ara na ɔyɛɛ emu nso? 41 Na sɛ moreyɛ adɔeɛ* a, momma no mfiri mo akomam. Sɛ moyɛ saa a, mo ho bɛte adeɛ nyinaa mu. 42 Na mo Farisifoɔ deɛ, monnue, ɛfiri sɛ moyi nunum ne akokɔbɛsa ne nhabamma* foforɔ biara so ntotosoɔ du du,+ nanso Onyankopɔn atɛntenenee ne ne dɔ deɛ, momfa nyɛ hwee! Ɛsɛ sɛ moyi ntotosoɔ du du no, nanso ɛnsɛ sɛ mobu mo ani gu nneɛma a ɛhia paa no so.+ 43 Mo Farisifoɔ, monnue, ɛfiri sɛ mopɛ nkonnwa a ɛwɔ animu* wɔ hyiadan mu ne dwa so nkyea!+ 44 Monnue, ɛfiri sɛ mote sɛ ada* a nnipa nhunu,*+ ada a nkurɔfoɔ nante so a wɔnnim!”
45 Ɛnna wɔn a wɔnim Mmara no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, sɛ woka saa a, yɛn nso woadidi yɛn atɛm.” 46 Na Yesu kaa sɛ: “Mo a monim mmara no, mo nso monnue, ɛfiri sɛ mode nnesoa a emu yɛ duru soa nnipa, nanso mo ankasa deɛ, momfa mo nsateaa baako mpo nka nnesoa no!+
47 “Monnue, ɛfiri sɛ mosiesie adiyifoɔ no adamena,* nanso mo agyanom na ɛkum wɔn!+ 48 Biribiara kyerɛ sɛ monim nneɛma a mo agyanom yɛeɛ, na mopene so, ɛfiri sɛ wɔn na wɔkum adiyifoɔ no,+ na mo na moresiesie wɔn adamena.* 49 Wei nti na Onyankopɔn nyansa nso kaa sɛ: ‘Mɛsoma adiyifoɔ ne asomafoɔ akɔ wɔn nkyɛn, na wɔbɛkum wɔn mu binom, na wɔatan ebinom ani. 50 Ɛno nti, adiyifoɔ mogya a wɔahwie agu firi berɛ a wɔhyɛɛ wiase ase* no nyinaa, wɔbɛbisa afiri awoɔ ntoatoasoɔ yi+ hɔ, 51 ɛfiri Habel mogya+ so kɔsi Sakaria a wɔkuu no afɔrebukyia ne asɔrefie no ntam+ no mogya so.’ Aane, mereka akyerɛ mo sɛ wɔbɛbisa afiri awoɔ ntoatoasoɔ yi hɔ.
52 “Monnue, mo a monim Mmara no, ɛfiri sɛ moagye nimdeɛ safoa no afiri nkurɔfoɔ hɔ. Mo ankasa moankɔ mu, na wɔn a wɔrekɔ mu no nso, mosi wɔn kwan!”+
53 Enti berɛ a ɔfirii hɔ no, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no bɛgyinagyinaa ne ho bebree, na wɔbisabisaa no nsɛm foforɔ pii 54 de hwɛɛ sɛ ɔbɛka biribi ama wɔanya no anaa.+