Ɔde Kɔmaa Romafoɔ
11 Afei merebisa sɛ, Onyankopɔn poo ne man anaa?+ Daabida! Ɛfiri sɛ me nso meyɛ Israelni a mefiri Abraham asefoɔ* mu, na mefiri Benyamin abusuakuo mu. 2 Onyankopɔn ampo ne man a ɔdii kan yii wɔn no.*+ Deɛ twerɛnsɛm no ka fa Elia ho berɛ a ɔbɔɔ Israel soboɔ wɔ Onyankopɔn anim no, monnim anaa? 3 Ɛka sɛ: “Yehowa,* wɔakunkum w’adiyifoɔ, na w’afɔrebukyia a ɛwowɔ hɔ nso, wɔadwiri* agu. Seesei aka me nko ara, na wɔpɛ sɛ wɔgye me nkwa* firi me nsam.”+ 4 Nanso deɛn na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no? Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Meda so ara wɔ nnipa 7,000 a wɔmmuu nkotodwe nsom Baal.”+ 5 Berɛ a yɛwom yi nso, saa ara na ɛteɛ. Nkaefoɔ bi wɔ hɔ+ a wɔnam adom so ayi wɔn. 6 Sɛ ɛnam adom so+ a, ɛnneɛ na ɛnnam nnwuma so bio.+ Anyɛ saa a, anka adom no renyɛ adom bio.
7 Ɛnneɛ deɛn na yɛbɛka? Ɛne sɛ, deɛ Israel ani abere rehwehwɛ no, wannya. Wɔn a wɔayi wɔn no mmom na wɔnyaeɛ.+ Wɔn a aka no akoma apirim,+ 8 sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: “Onyankopɔn ama wɔn honhom a ɛma wɔda hatee,*+ wama wɔn ani a ɛnhunu adeɛ ne aso a ɛnte asɛm, de bɛsi nnɛ da yi.”+ 9 Afei nso, Dawid kaa sɛ: “Ma wɔn adidipono nsum wɔn fidie, ma ɛnyɛ atena nyi wɔn, ma ɛnto wɔn suntidua, na ma ɛnyɛ asotwe mma wɔn. 10 Ma wɔn ani so nyɛ tumm, na wɔanhunu adeɛ, na ma wɔnkuntunu wɔn mu daa.”+
11 Enti merebisa sɛ, Israel sunti maa wɔhwee ase a wɔansɔre bio anaa? Daabida! Na mmom watiri a wɔwatiriiɛ no ama amanaman mufoɔ anya nkwagyeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛyɛ Israel ya.*+ 12 Sɛ watiri a wɔwatiriiɛ no maa wiase no nyaa ne ho, na sɛ wɔn so a ɛteeɛ no maa amanaman no nyaa wɔn ho+ a, ɛnneɛ sɛ wɔn dodoɔ bɔ ano a, hwɛ sɛdeɛ ahonyadeɛ no bɛdɔɔso!
13 Afei merekasa akyerɛ mo a moyɛ amanaman mufoɔ no. Ɛsiane sɛ meyɛ ɔsomafoɔ ma amanaman no+ nti, mehyɛ me som animuonyam.+ 14 Meyɛ saa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛtumi afa kwan bi so ahuru wɔn a wɔyɛ me ara me nkurɔfoɔ* no bo, na magye wɔn mu bi nkwa. 15 Sɛ to a wɔtoo wɔn tweneeɛ+ no kaa wiase no ne Onyankopɔn boom a, ɛnneɛ sɛ wɔgye wɔn tom a, deɛn na ɛbɛkyerɛ? Ɛbɛma wɔn a wɔawuwuo no anya nkwa. 16 Bio nso, sɛ esiam a wɔafete no fã a wɔfaa sɛ aba a ɛdi kan no yɛ kronkron a, ɛnneɛ na deɛ aka no nyinaa nso yɛ kronkron; na sɛ dua no nhini yɛ kronkron a, ɛnneɛ na saa na ne nkorabata no nso teɛ.
17 Nanso sɛ wɔabubu dua no nkorabata no bi, ɛnna wɔde wo a woyɛ wuram ngodua ahyɛ anan ama woabɛnya nneɛma pa a ɛwɔ ngodua nhini mu no bi a, 18 hwɛ na woammu nkorabata no animtia.* Sɛ wobu wɔn animtia* a,+ kae sɛ ɛnyɛ wo na wokura nhini no, na mmom nhini no na ɛkura wo. 19 Afei wobɛka sɛ: “Wɔbubuu nkorabata sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔde me bɛba abɛtua ho.”+ 20 Ɛyɛ ampa! Gyidie a wɔannya nti na wɔbubuu wɔn firii so,+ na wo deɛ, gyidie nti na wogyina hɔ.+ Mma wo ho so, na mmom suro. 21 Na sɛ dua no ankasa nkorabata mpo, Onyankopɔn ankora so a, ɛnneɛ wo nso, ɔrenkora wo so. 22 Ɛno nti, susu Onyankopɔn ayamyɛ+ ne n’asotwe ho. Wɔn a wɔhwee ase no, ɔtwee wɔn aso,+ nanso wo deɛ, sɛ wokɔ so ara tena Onyankopɔn ayamyɛ mu a, n’ayamyɛ wɔ hɔ ma wo. Anyɛ saa a, wo nso, wɔbɛtwa wo afiri so. 23 Wɔn nso, sɛ wɔnya gyidie a, wɔde wɔn bɛba abɛtua ho,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɛtumi asan de wɔn abɛtua ho. 24 Deɛ enti a ɛte saa ne sɛ, wo mpo, wɔtwaa wo firii wuram ngodua ho de wo tuaa turom ngodua ho, ɛwom sɛ ɛnyɛ saa na wɔtaa yɛ no. Sɛ saa a, ɛnneɛ wɔn a wɔyɛ turom ngodua no nkorabata deɛ, ɛrenyɛ den koraa sɛ wɔbɛsan de wɔn abɛtua wɔn ankasa ngodua ho!
25 Anuanom, mepɛ sɛ mohunu ahintasɛm kronkron+ yi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a morenyɛ anyansafoɔ wɔ mo ankasa ani so. Ɛne sɛ: Israel fã bi akoma apirim de kɔsi sɛ amanaman mufoɔ no dodoɔ bɛso, 26 na saa kwan yi so na Israel+ nyinaa bɛnya nkwa. Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: “Ɔgyefoɔ no bɛfiri Sion aba,+ na wayi amumuyɛsɛm afiri Yakob ho. 27 Na wei ne apam a me ne wɔn bɛyɛ,+ berɛ a meyi wɔn bɔne firi hɔ no.”+ 28 Ampa, asɛmpa no ho deɛ, mo nti wɔyɛ atamfo; nanso yi a Onyankopɔn ayi wɔn no ho deɛ, wɔn agyanom nti wɔyɛ adɔfoɔ.+ 29 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ ne frɛ a ɔfrɛ no, ɛnyɛ nneɛma a ɔnu ne ho wɔ ho. 30 Na sɛdeɛ berɛ bi na moyɛ Onyankopɔn so asoɔden,+ nanso wɔn asoɔden nti+ afei deɛ wɔahu mo mmɔbɔ+ no, 31 saa ara na seesei weinom ayɛ asoɔden ama wɔahu mo mmɔbɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nso, afei wɔbɛhu wɔn mmɔbɔ. 32 Na Onyankopɔn ama wɔn nyinaa ayɛ nkoa ama asoɔden*+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛhu wɔn nyinaa mmɔbɔ.+
33 O hwɛ sɛdeɛ Onyankopɔn ahonyadeɛ ne ne nyansa ne ne nimdeɛ mu dɔ! Yɛrentumi mpɛɛpɛɛ n’atemmuo mu nwie da, na yɛrentumi nhwehwɛ n’akwan mu nwie da! 34 Na “hwan na ɔnim Yehowa* adwene, anaasɛ hwan na ɔyɛ ne fotufoɔ?”+ 35 Anaa “hwan na wadi kan ama no biribi a enti ɛsɛ sɛ ɔtua n’adeɛ ma no?”+ 36 Ɛfiri sɛ adeɛ nyinaa firi ne mu, ɛnam ne so, na ɛyɛ ne dea. Ɔno na animuonyam nka no daa daa. Amen.