Hesekiel
34 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel nnwanhwɛfoɔ. Hyɛ nkɔm na ka kyerɛ nnwanhwɛfoɔ no sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Israel nnwanhwɛfoɔ nnue!+ Deɛ ɛbɛkɔ wɔn yam nko ara na ɛhia wɔn. Ɛnyɛ nnwan no mmom na ɛsɛ sɛ nnwanhwɛfoɔ ma wɔn aduane?+ 3 Mmoa no sradeɛ na modie, na wɔn nwi na mode kata mo ho. Mokum mmoa a wɔadɔre sradeɛ,+ nanso momma nnwan no aduane nni.+ 4 Deɛ wayɛ mmerɛ no moanhyɛ no den, deɛ ɔyare no moansa no yareɛ, deɛ wapira no moankyekyere ne kuro, deɛ wate ne ho no moankɔfa no amma,+ na deɛ wayera no moanhwehwɛ no; mmom mohyɛɛ wɔn so dii wɔn ani.+ 5 Enti wɔhweteeɛ, ɛfiri sɛ na odwanhwɛfoɔ biara nni hɔ;+ wɔbɔ hweteeɛ, na wɔdanee aduane maa wuram mmoa. 6 Me nnwan bɔɔ ko wɔ mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa so, na wɔbɔɔ me nnwan hwetee asaase so baabiara, nanso obiara ammisa wɔn ase, na obiara ankɔhwehwɛ wɔn.
7 “‘“Enti mo, nnwanhwɛfoɔ, montie Yehowa asɛm: 8 ‘“Mete ase yi,” Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie, “Mmoa rekye me nnwan we na wɔadane aduane ama wuram mmoa nyinaa ɛfiri sɛ wɔnni ahwɛfoɔ, na me nnwanhwɛfoɔ anhwehwɛ me nnwan amma wɔn aduane, na mmom deɛ ɛbɛkɔ wɔn yam nko ara na ɛhia wɔn.”’ 9 Ɛno nti, nnwanhwɛfoɔ, montie Yehowa asɛm. 10 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Me ne nnwanhwɛfoɔ no wɔ asɛm; mɛma wɔabu me nnwan ho akonta.* Meremma wɔnyɛn me nnwan* bio,+ na nnwanhwɛfoɔ no remfa wɔn nyɛ aduane bio; mɛyi me nnwan afiri wɔn anom na wɔanwe wɔn bio.’”
11 “‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Hwɛ, me ara mɛhwehwɛ me nnwan na mayɛn wɔn.+ 12 Odwanhwɛfoɔ hu ne nnwan a wɔahwete a, ɔma wɔn aduane, na saa ara na me nso mɛhwɛ me nnwan.+ Mununkum ne esum kabii da no, baabi a wɔhwetee wɔn kɔeɛ nyinaa, mɛyi wɔn afiri hɔ.+ 13 Mɛyi wɔn afiri amanaman mu na maboaboa wɔn ano afiri nsaase so de wɔn aba wɔn asaase so. Na mɛma wɔn aduane wɔ Israel mmepɔ so,+ nsutene ho, ne asaase no so tenabea nyinaa. 14 Mɛma wɔn aduane wɔ adidibea pa; Israel mmepɔ atenten so na wɔbɛdidi.+ Ɛhɔ na wɔbɛnya tenabea pa adwodwo wɔn ho+ na wɔadi aduane pa wɔ Israel mmepɔ so.”
15 “‘“Me ara mɛyɛn me nnwan+ na mama wɔadwodwo wɔn ho,”+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. 16 “Deɛ wayera no mɛhwehwɛ no,+ deɛ wate ne ho no mede no bɛba, deɛ wapira no mɛkyekyere ne kuro, na deɛ wayɛ mmerɛ no mɛhyɛ no den. Deɛ wadɔre sradeɛ ne deɛ ne ho yɛ den no deɛ, mɛtwa no afiri hɔ; atemmuo na mede bɛyɛ n’aduane.”
17 “‘Na mo a moyɛ me nnwan no deɛ, deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Merebɛbu odwan ne odwan ntam atɛn, ne adwennini ne mpɔnkyenini ntam atɛn.+ 18 Enti mohwɛ a, ɛyɛ sɛ mobɛdidi wɔ adidibea pa awie na moatiatia adidibea a aka no so asɛe no? Sɛ monom nsuo a ani te wie a, ɛyɛ sɛ mode mo nan bɛtiatia deɛ aka no mu asɛe no anaa? 19 Adidibea a moatiatia so asɛe hɔ na mopɛ sɛ me nnwan didi wɔ hɔ, anaasɛ nsuo a moatiatia mu asɛe no na mopɛ sɛ wɔnom?”
20 “‘Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka akyerɛ wɔn nie: “Hwɛ, me ara mɛbu odwan a wadɔre sradeɛ ne deɛ wafɔn ntam atɛn, 21 ɛfiri sɛ mode mo nkyɛnmu ne mo mmati piapiaa wɔn a wɔyare no nyinaa, na mode mo mmɛn piapiaa wɔn kɔsii sɛ mobɔɔ wɔn hweteeɛ. 22 Mɛgye me nnwan, na mmoa renkye wɔn nwe bio,+ na mɛbu odwan ne odwan ntam atɛn. 23 Mede odwanhwɛfoɔ baako, m’akoa Dawid, bɛsi wɔn so+ na wayɛn wɔn. Ɔno ara bɛyɛn wɔn na wayɛ wɔn hwɛfoɔ.+ 24 Me Yehowa na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn,+ na m’akoa Dawid ayɛ ɔberempɔn wɔ wɔn mu.+ Me Yehowa na maka.
25 “‘“Na me ne wɔn bɛyɛ asomdwoeɛ apam,+ na mɛpamo wuram mmoa bɔne afiri asaase no so,+ na wɔbɛtena serɛ so dwoodwoo na wɔadeda kwaeɛ mu.+ 26 Mɛma wɔne nsaase a atwa me nkokoɔ ho ahyia nyinaa ayɛ nhyira,+ na mɛma nsuo atɔ ne berɛ mu. Mɛtɔ nhyira agu wɔn so sɛ nsuo.+ 27 Wuram nnua bɛso aba na asaase abɔ aduane,+ na wɔbɛtena wɔn asaase so dwoodwoo. Sɛ mebubu wɔn kɔndua mu na megye wɔn firi wɔn a wɔde wɔn ayɛ nkoa no nsam a, wɔbɛhu sɛ mene Yehowa.+ 28 Amanaman no remfa wɔn nyɛ wɔn aduane bio, na asaase so aboa biara renkye wɔn nwe. Wɔbɛtena ase dwoodwoo, na obiara renhunahuna wɔn.+
29 “‘“Mɛyɛ afuo a ɛbɛyɛ krabɛhwɛ* ama wɔn, na ɛkɔm renkunkum wɔn bio wɔ asaase no so,+ na amanaman no rengu wɔn anim ase bio.+ 30 ‘Na wɔbɛhu sɛ me, Yehowa wɔn Nyankopɔn, meka wɔn ho, na Israel fie yɛ me man,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”’
31 “‘Na mo, me nnwan,+ nnwan a mereyɛn mo, mo deɛ moyɛ nnipa, na mene mo Nyankopɔn,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”