Asomafoɔ Nnwuma
26 Agripa+ ka kyerɛɛ Paul sɛ: “Wowɔ hokwan sɛ woyi w’ano.” Enti Paul tenee ne nsa, na ɔfirii aseɛ kaa n’asɛm sɛ:
2 “Deɛ Yudafoɔ no de abɔ me soboɔ nyinaa,+ ɛyɛ me dɛ sɛ wo Ɔhene Agripa anim na merebɛyi m’ano nnɛ da yi. 3 Deɛ enti a ɛyɛ me dɛ paa ne sɛ, Yudafoɔ amanneɛ nyinaa ne nneɛma a wɔgye ho akyinnyeɛ no, wonim no yie. Enti mesrɛ wo, to wo bo ase tie me.
4 “Nokwasɛm ne sɛ, sɛdeɛ mebɔɔ me bra wɔ me man* mu ne Yerusalem firii me mmɔfraase no, Yudafoɔ a+ 5 wɔnim me dada no nyinaa nim no yie. Na sɛ wɔpɛ a, wɔbɛtumi adi adanseɛ sɛ mebɔɔ me bra sɛ Farisini+ a ɔdi yɛn som mu amanneɛ so pɛpɛɛpɛ.+ 6 Nanso seesei, ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ yɛn agyanom no, ɛho anidasoɔ+ nti na wɔredi m’asɛm yi. 7 Saa bɔhyɛ yi ara nti na yɛn mmusuakuo 12 no resom no dendeenden awia ne anadwo, ɛfiri sɛ wɔn ani da so sɛ ɛbɛba mu. Ɔhene, saa anidasoɔ yi nti na Yudafoɔ abɔ me kwaadu yi.+
8 “Adɛn nti na monnye nni* sɛ Onyankopɔn nyanee awufoɔ? 9 Me nso, na megye di paa sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ nneɛma pii de ko tia Nasaretni Yesu din. 10 Na saa pɛpɛɛpɛ na meyɛɛ wɔ Yerusalem. Mekyee akronkronfoɔ bebree guu afiase,+ ɛfiri sɛ menyaa tumi firii asɔfoɔ mpanimfoɔ no hɔ.+ Na sɛ ɛba sɛ wobɛku wɔn a, na mepene so. 11 Metwee wɔn aso mprɛ pii wɔ hyia adan nyinaa mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛhyɛ wɔn ama wɔapo wɔn gyidie. Na ɛsiane m’ani a na abere wɔn so dendeenden nti, mekɔɔ nkuro foforɔ so mpo kɔtan wɔn ani wɔ hɔ.
12 “Berɛ a megu so reyɛ wei no, da bi, na menam kwan so de tumi ne ahyɛdeɛ a menya firii asɔfoɔ mpanimfoɔ no hɔ rekɔ Damasko. 13 Ɔhene, berɛ a menam kwan so prɛmtoberɛ* no, mehuu sɛ hann bi a ano yɛ den sene awia firi soro ahyerɛn atwa me ho ahyia, na ɛtwaa wɔn a wɔne me rekɔ no nso ho hyiaeɛ.+ 14 Na berɛ a yɛn nyinaa hwehwee fam no, metee sɛ ɛnne bi reka kyerɛ me wɔ Hebri kasa mu sɛ: ‘Saul, Saul, adɛn nti na woretan m’ani? Sɛ wokɔ so tu wo nan de wɔ poma* ano a, ɛbɛyɛ den ama wo.’ 15 Na mekaa sɛ: ‘Ɛyɛ wo hwan, Owura?’ Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ: ‘Ɛyɛ me Yesu a woretan m’ani no. 16 Nanso sɔre gyina wo nan so. Na wei nti na mayi me ho adi akyerɛ wo: Deɛ woahunu ne deɛ mɛma woahunu afa me ho nyinaa, mereyi wo sɛ ɛho somfoɔ ne danseni.+ 17 Na mɛgye wo afiri ɔman yi ne amanaman no nsam. Wɔn na meresoma wo akɔ wɔn nkyɛn,+ 18 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛbue wɔn ani,+ na woadane wɔn afiri sum+ mu aba hann+ mu, na wɔafiri Satan tumi ase+ aba Onyankopɔn nkyɛn, na ama wɔanya bɔnefakyɛ,+ na wɔanya agyapadeɛ wɔ wɔn a wɔanya me mu gyidie ama wɔn ho ateɛ no mu.’
19 “Enti Ɔhene Agripa, anisoadehunu a ɛfiri soro no, manyɛ ho asoɔden. 20 Mmom medii kan kasa kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Damasko,+ ɛnna akyire yi mekasa kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ Yerusalem,+ ne wɔn a wɔwɔ Yudea mantam nyinaa mu, ne amanaman no nso. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnsakra wɔn adwene, na wɔnyɛ nnwuma a ɛkyerɛ sɛ wɔasakra wɔn adwene,+ na wɔmfa so nnane mmra Onyankopɔn nkyɛn. 21 Wei nti na Yudafoɔ no kyee me wɔ asɔrefie hɔ a wɔyɛɛ sɛ wɔbɛku me no.+ 22 Nanso boa a Onyankopɔn aboa me nti na makɔ so atena hɔ abɛduru nnɛ a meredi adanseɛ akyerɛ nketewa ne akɛseɛ nyinaa yi. Menkaa hwee, gye deɛ Adiyifoɔ no ne Mose kaa sɛ ɛbɛba no.+ 23 Ɛno ne sɛ, Kristo no bɛhunu amane,+ na ɛsiane sɛ ɔno na wɔadi kan anyane no afiri awufoɔ mu+ nti, ɔbɛbɔ hann ho dawuro akyerɛ nkurɔfoɔ yi ne amanaman no.”+
24 Berɛ a Paul reka nsɛm yi de ayi n’ano no, Festo de nne kɛseɛ teaam sɛ: “Paul, worebɔ dam! Adesua bebrebe reyɛ ama woabɔ dam!” 25 Ɛnna Paul kaa sɛ: “Onimuonyamfoɔ Festo, ɛnyɛ dam na merebɔ. Mmom nsɛm a mereka no yɛ nokorɛ, na m’adwenem da hɔ paa na merekasa. 26 Deɛ ɛwom ne sɛ, ɔhene a mede ahotɔsoɔ rekasa akyerɛ no yi, ɔnim nsɛm yi mu yie, na megye di sɛ nsɛm yi mu biara nni hɔ a ahinta no, ɛfiri sɛ emu biara nni hɔ a wɔyɛɛ no kokoam.+ 27 Ɔhene Agripa, wogye Adiyifoɔ no di anaa? Menim sɛ wogye wɔn di.” 28 Na Agripa ka kyerɛɛ Paul sɛ: “Aka kakraa bi na woama madane Kristoni.” 29 Ɛnna Paul kaa sɛ: “Sɛ aka kakraa bi oo, sɛ ɛbɛkyɛ oo, me yam a anka Onyankopɔn ama woabɛyɛ sɛ me. Ɛnyɛ wo nko ara, na mmom wɔn a wɔretie me nnɛ yi nyinaa nso. Afiase nkɔnsɔnkɔnsɔn yi nko ara na mempɛ sɛ wɔde gu mo.”
30 Na ɔhene no sɔreeɛ, na amrado no ne Bernike ne mmarima a wɔne wɔn tete hɔ no nso sɔreeɛ. 31 Na berɛ a wɔrefiri hɔ no, wɔfirii aseɛ kekaa sɛ: “Ɔbarima yi nyɛɛ biribiara a enti ɛsɛ sɛ ɔwuo anaa wɔde afiase nkɔnsɔnkɔnsɔn gu no.”+ 32 Ɛnna Agripa ka kyerɛɛ Festo sɛ: “Sɛ ɛnyɛ sɛ ɔbarima yi de asɛm no akɔdan Kaesare a, anka yɛbɛtumi agyaa no.”+