Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Mmebusɛm 25
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Mmebusɛm Nwoma No Mu Nsɛntitire

    • SOLOMON MMEBUSƐM A ƆHENE HESEKIA MMARIMA (25:1–29:27)

        • Kokoam nsɛm (9)

        • Nsɛm a wɔka wɔ berɛ a ɛfata mu (11)

        • Ntaa nkɔ wo yɔnko fie (17)

        • Boaboa nnyasramma ano gu wo tamfo apampam (21, 22)

        • Amanneɛbɔ pa te sɛ nsuonwunu (25)

Mmebusɛm 25:1

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “hwɛɛ so twerɛeɛ na wɔhyehyɛeɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 4:29, 32; Ɔsɛ 12:9
  • +2Be 29:1

Mmebusɛm 25:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 29:29; Ro 11:33

Mmebusɛm 25:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 17:3

Mmebusɛm 25:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 2:44, 46; Mme 20:28; 29:14

Mmebusɛm 25:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 27:2
  • +Dw 131:1

Mmebusɛm 25:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Lu 14:8-10; 1Pe 5:5

Mmebusɛm 25:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 18:17; Mt 5:25

Mmebusɛm 25:9

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “nkurɔfoɔ ahintasɛm.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 18:15
  • +Mme 11:13

Mmebusɛm 25:10

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Na woansɛe nkurɔfoɔ din.”

Mmebusɛm 25:11

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “aprɛ.”

  • *

    Anaa “nkɛntɛn.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 15:23; Yes 50:4

Mmebusɛm 25:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 141:5; Mme 1:8, 9; 9:8

Mmebusɛm 25:13

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ne wura kra.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 13:17

Mmebusɛm 25:14

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “nkontompo akyɛdeɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 5:37

Mmebusɛm 25:15

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɛda brɛoo; ɛyɛ bɔkɔɔ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 32:4, 5; Mme 15:1

Mmebusɛm 25:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 25:27

Mmebusɛm 25:17

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Mma wo nan nnyɛ ntiantia.”

Mmebusɛm 25:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 20:16

Mmebusɛm 25:19

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “ɔdaadaafoɔ.”

Mmebusɛm 25:20

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “soda a wɔde yɛ samina.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 137:3, 4

Mmebusɛm 25:21

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “obi a ɔtan wo.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 23:5; 2Ah 6:21, 22; Mme 24:17; Mt 5:44

Mmebusɛm 25:22

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Kyerɛ sɛ, wobɛma onipa no abufuo no anane akɔ, te sɛ deɛ na wɔde dadeɛ a ɛyɛ den to gya mu ma ɛnane no.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 12:20

Mmebusɛm 25:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 101:5

Mmebusɛm 25:24

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “gyegyefoɔ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 21:9, 19; 27:15

Mmebusɛm 25:25

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 15:30; Yes 52:7

Mmebusɛm 25:26

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɔde n’adwene ma ɔbɔnefoɔ no.” Nt., “ne ho popo ɔbɔnefoɔ anim.”

Mmebusɛm 25:27

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 25:16
  • +Mme 27:2; Yoh 5:44; Flp 2:3

Mmebusɛm 25:28

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ne honhom so.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Sa 20:33; Mme 16:32; 22:24, 25; 29:11

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Mmeb. 25:11Ah 4:29, 32; Ɔsɛ 12:9
Mmeb. 25:12Be 29:1
Mmeb. 25:2De 29:29; Ro 11:33
Mmeb. 25:4Mme 17:3
Mmeb. 25:51Ah 2:44, 46; Mme 20:28; 29:14
Mmeb. 25:6Mme 27:2
Mmeb. 25:6Dw 131:1
Mmeb. 25:7Lu 14:8-10; 1Pe 5:5
Mmeb. 25:8Mme 18:17; Mt 5:25
Mmeb. 25:9Mt 18:15
Mmeb. 25:9Mme 11:13
Mmeb. 25:11Mme 15:23; Yes 50:4
Mmeb. 25:12Dw 141:5; Mme 1:8, 9; 9:8
Mmeb. 25:13Mme 13:17
Mmeb. 25:14Mt 5:37
Mmeb. 25:15Ge 32:4, 5; Mme 15:1
Mmeb. 25:16Mme 25:27
Mmeb. 25:18Ex 20:16
Mmeb. 25:20Dw 137:3, 4
Mmeb. 25:21Ex 23:5; 2Ah 6:21, 22; Mme 24:17; Mt 5:44
Mmeb. 25:22Ro 12:20
Mmeb. 25:23Dw 101:5
Mmeb. 25:24Mme 21:9, 19; 27:15
Mmeb. 25:25Mme 15:30; Yes 52:7
Mmeb. 25:27Mme 25:16
Mmeb. 25:27Mme 27:2; Yoh 5:44; Flp 2:3
Mmeb. 25:281Sa 20:33; Mme 16:32; 22:24, 25; 29:11
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Mmebusɛm 25:1-28

Mmebusɛm

25 Weinom nso yɛ Solomon mmebusɛm+ a Yuda hene Hesekia+ mmarima twerɛeɛ:*

 2 Onyankopɔn animuonyam ne asɛm a wɔkora so,+

Na ahemfo animuonyam ne sɛ wɔbɛhwehwɛ asɛm mu.

 3 Sɛdeɛ ɔsoro ware na asaase mu dɔ no,

Saa ara na ahemfo akomam teɛ; wɔrentumi nhwehwɛ mu nwie.

 4 Yiyi dwetɛ mu fĩ,

Na ne nyinaa bɛyɛ dwetɛ amapa.+

 5 Yi ɔbɔnefoɔ firi ɔhene anim,

Na n’ahennwa bɛtim wɔ tenenee mu.+

 6 Nhyɛ wo ho animuonyam wɔ ɔhene anim,+

Na nkɔgyina baabi a atitire gyina.+

 7 Ɛfiri sɛ ɛyɛ sɛ ɔbɛka akyerɛ wo sɛ: “Bra soro ha,”

Sene sɛ ɔbɛgu w’anim ase wɔ otitire anim.+

 8 Mpere wo ho nkɔtwe manso,

Na sɛ akyire yi wo yɔnko gu w’anim ase a, deɛn na wobɛyɛ?+

 9 Wo ne wo yɔnko wɔ asɛm a, wo ne no nsiesie,+

Na nyi kokoam nsɛm* adi,+

10 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, deɛ ɔretie wo no rengu w’anim ase,

Na woankeka nsɛmmɔne* a worentumi ntwe nsan.

11 Sɛdeɛ sika kɔkɔɔ aduaba* a ɛgu dwetɛ anwenneɛ* mu teɛ no,

Saa ara na asɛm a wɔka no wɔ berɛ a ɛfata mu teɛ.+

12 Sɛdeɛ sika kɔkɔɔ asomuadeɛ ne sika kɔkɔɔ amapa agudeɛ teɛ no,

Saa ara na onyansafoɔ a ɔkasa kyerɛ nkurɔfoɔ nso teɛ ma aso a ɛtie asɛm.+

13 Sɛdeɛ sukyerɛmma nwunu teɛ wɔ twaberɛ mu no,

Saa ara na ɔsomafoɔ nokwafoɔ teɛ ma wɔn a wɔsomaa no no,

Ɛfiri sɛ ɔma ne wura* ho dwo no.+

14 Sɛdeɛ mununkum ne mframa a nsuo nni mu teɛ no,

Saa ara na onipa a ɔdwa n’anom sɛ ɔbɛkyɛ adeɛ nanso ɔnkyɛ no* teɛ.+

15 Ntoboaseɛ na wɔde sesa ɔsahene adwene,

Na kɛtrɛma a ɛdwoɔ* tumi bu dompe mu.+

16 Sɛ wonya ɛwoɔ a, di deɛ wohia nko ara,

Ɛfiri sɛ wodi boro so a, anhwɛ a wobɛfe.+

17 Ntaa nkɔ* wo yɔnko fie,

Anyɛ saa a, wo ho bɛfono no ama no atan wo.

18 Sɛdeɛ aporibaa a wɔde kɔ ɛko ne sekan ne agyan a ano yɛ nnam teɛ no,

Saa ara na onipa a ɔdi ne yɔnko ho adanseɛ a ɛnyɛ nokorɛ no teɛ.+

19 Sɛdeɛ ɛse a abubuo, ne nan a afirikyi teɛ no,

Saa ara na ahotɔsoɔ a wɔnya wɔ nkontomponi* mu wɔ amanehunu berɛ mu no teɛ.

20 Deɛ ɔto nnwom kyerɛ akoma a ɛredi awerɛhoɔ no,

Ɔte sɛ obi a ɔyi n’ataadeɛ wɔ awɔ berɛ mu,

Anaa nsã a emu keka a wɔhwie gu nkyene* so.+

21 Sɛ ɛkɔm de wo tamfo a,* ma no aduane nni;

Sɛ sukɔm de no a, ma no nsuo nnom,+

22 Woyɛ saa a, na woreboaboa nnyasramma ano agu n’apampam,*+

Na Yehowa bɛma wo akatua.

23 Atifi mframa ma nsuo tɔ,

Na kɛtrɛma a ɛdi nsekuro ma onipa muna.+

24 Ɛyɛ sɛ wobɛtena mmantwea baabi wɔ ɛdan atifi

Sene sɛ wo ne ɔyere a ɔpɛ ntɔkwa* bɛtena efie baako mu.+

25 Sɛdeɛ nsuonwunu yɛ ɔkra* a wabrɛ no,

Saa ara na amanneɛbɔ pa a ɛfiri akyirikyiri asaase so teɛ.+

26 Sɛdeɛ asutire a wɔayɛ no fĩ ne abura a asɛe teɛ no,

Saa ara na ɔteneneeni a ɔgyaa ne ho ma ɔbɔnefoɔ* teɛ.

27 Ɛnyɛ papa sɛ wobɛdi ɛwoɔ pii,+

Na animuonyam biara nnim sɛ obi bɛhwehwɛ ɔno ara n’animuonyam.+

28 Sɛdeɛ kuro a wɔabubu n’afasuo teɛ no,

Saa ara na onipa a ɔntumi nhyɛ n’abufuo so* teɛ.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane