Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 1 Korintofoɔ 7
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

1 Korintofoɔ Mu Nsɛntitire

      • Afotuo a ɔde maa wɔn a wɔaware ne wɔn a wɔnwareeɛ (1-16)

      • Sɛdeɛ na obiara teɛ a wɔfrɛɛ no no, ɔntena mu saa ara (17-24)

      • Wɔn a wɔnwareeɛ ne akunafoɔ (25-40)

        • Sigyadie so mfasoɔ (32-35)

        • Ware wɔ “Awurade mu nko ara” (39)

1 Korintofoɔ 7:1

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Kyerɛ sɛ, ɔne ɔbaa renna.

1 Korintofoɔ 7:2

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 5:18, 19
  • +Ge 2:24; Heb 13:4

1 Korintofoɔ 7:3

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Kyerɛ sɛ, ɔbarima ne ɔbaa nna.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 21:10; 1Ko 7:5

1 Korintofoɔ 7:5

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ahosodie.”

1 Korintofoɔ 7:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 19:10, 11

1 Korintofoɔ 7:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 7:39, 40; 9:5

1 Korintofoɔ 7:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Te 4:4, 5; 1Ti 5:11, 14

1 Korintofoɔ 7:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 5:32; 19:6

1 Korintofoɔ 7:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mr 10:11; Lu 16:18

1 Korintofoɔ 7:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 7:25, 40

1 Korintofoɔ 7:15

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɔretete mu.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Heb 12:14

1 Korintofoɔ 7:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Pe 3:1, 2

1 Korintofoɔ 7:17

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 7:7

1 Korintofoɔ 7:18

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “watwa ne dua.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 21:20
  • +Aso 10:45; 15:1, 24; Ga 5:2

1 Korintofoɔ 7:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ga 6:15; Kol 3:11
  • +Ɔsɛ 12:13; Yer 7:23; Ro 2:25; Ga 5:6; 1Yo 5:3

1 Korintofoɔ 7:20

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 7:17

1 Korintofoɔ 7:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ga 3:28

1 Korintofoɔ 7:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoh 8:36; Flm 15, 16

1 Korintofoɔ 7:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 6:19, 20; Heb 9:12; 1Pe 1:18, 19

1 Korintofoɔ 7:25

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wɔn a wɔnwaree da.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 7:12, 40

1 Korintofoɔ 7:27

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mal 2:16; Mt 19:6; Efe 5:33

1 Korintofoɔ 7:28

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “bɛhiahia.”

1 Korintofoɔ 7:29

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 13:11; 1Pe 4:7

1 Korintofoɔ 7:33

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ti 5:8

1 Korintofoɔ 7:34

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ti 5:5

1 Korintofoɔ 7:36

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ne baabunuyɛ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 19:12; 1Ko 7:28

1 Korintofoɔ 7:37

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɔbɛtena ne baabunuyɛ mu.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 19:10, 11

1 Korintofoɔ 7:38

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɔde ne baabunuyɛ bɛma wɔ awareɛ mu.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 7:32

1 Korintofoɔ 7:39

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “ne kunu da.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 7:2
  • +Ge 24:2, 3; De 7:3, 4; Ne 13:25, 26; 2Ko 6:14

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

1 Kor. 7:2Mme 5:18, 19
1 Kor. 7:2Ge 2:24; Heb 13:4
1 Kor. 7:3Ex 21:10; 1Ko 7:5
1 Kor. 7:7Mt 19:10, 11
1 Kor. 7:81Ko 7:39, 40; 9:5
1 Kor. 7:91Te 4:4, 5; 1Ti 5:11, 14
1 Kor. 7:10Mt 5:32; 19:6
1 Kor. 7:11Mr 10:11; Lu 16:18
1 Kor. 7:121Ko 7:25, 40
1 Kor. 7:15Heb 12:14
1 Kor. 7:161Pe 3:1, 2
1 Kor. 7:171Ko 7:7
1 Kor. 7:18Aso 21:20
1 Kor. 7:18Aso 10:45; 15:1, 24; Ga 5:2
1 Kor. 7:19Ga 6:15; Kol 3:11
1 Kor. 7:19Ɔsɛ 12:13; Yer 7:23; Ro 2:25; Ga 5:6; 1Yo 5:3
1 Kor. 7:201Ko 7:17
1 Kor. 7:21Ga 3:28
1 Kor. 7:22Yoh 8:36; Flm 15, 16
1 Kor. 7:231Ko 6:19, 20; Heb 9:12; 1Pe 1:18, 19
1 Kor. 7:251Ko 7:12, 40
1 Kor. 7:27Mal 2:16; Mt 19:6; Efe 5:33
1 Kor. 7:29Ro 13:11; 1Pe 4:7
1 Kor. 7:331Ti 5:8
1 Kor. 7:341Ti 5:5
1 Kor. 7:36Mt 19:12; 1Ko 7:28
1 Kor. 7:37Mt 19:10, 11
1 Kor. 7:381Ko 7:32
1 Kor. 7:39Ro 7:2
1 Kor. 7:39Ge 24:2, 3; De 7:3, 4; Ne 13:25, 26; 2Ko 6:14
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
  • 34
  • 35
  • 36
  • 37
  • 38
  • 39
  • 40
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
1 Korintofoɔ 7:1-40

Krataa a Ɛdi Kan a Ɔde Kɔmaa Korintofoɔ

7 Afei krataa a motwerɛ brɛɛ me no, deɛ mewɔ ka wɔ ho nie: Ɛyɛ ma ɔbarima sɛ ɔremfa ne ho nka ɔbaa;* 2 nanso ɛsiane sɛ adwamammɔ* abu so nti, ɔbarima biara nnya ɔno ara ne yere,+ na ɔbaa biara nso nnya ɔno ara ne kunu.+ 3 Okunu mma ne yere deɛ ɛsɛ no,* na ɔyere nso nyɛ saa ara mma ne kunu.+ 4 Ɔyere nni ɔno ara ne nipadua so tumi, na mmom ne kunu na ɔwɔ so tumi; saa ara nso na okunu nni ɔno ara ne nipadua so tumi, na mmom ne yere na ɔwɔ so tumi. 5 Ɛnsɛ sɛ okunu ka sɛ ɔne ne yere renna, na ɛnsɛ sɛ ɔyere nso ka sɛ ɔne ne kunu renna, gye sɛ mo mmienu nyinaa pene so sɛ morenna kɔsi berɛ bi, na moanya berɛ ama mpaebɔ na moasan abɛhyiam bio, na Satan ankɔ so ansɔ mo anhwɛ ɛsiane ahohyɛsoɔ* a moannya nti. 6 Deɛ mereka yi, mobɛtumi ayɛ no saa, nanso ɛnyɛ ɔhyɛ. 7 Menyae a, anka nnipa nyinaa te sɛ deɛ meteɛ yi. Nanso, obiara wɔ ɔno ara n’akyɛdeɛ+ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ. Wei deɛ yɛ sei, ɛnna obi nso de yɛ sei.

8 Afei meka kyerɛ wɔn a wɔnwareeɛ ne akunafoɔ sɛ, ɛyɛ ma wɔn sɛ wɔbɛtena hɔ sɛdeɛ meteɛ yi.+ 9 Nanso sɛ wɔntumi nhyɛ wɔn ho so a, ma wɔnware, ɛfiri sɛ ɛyɛ sɛ wɔbɛware sene sɛ nna ho akɔnnɔ bɛhyɛ wɔn so.+

10 Awarefoɔ no deɛ, mema wɔn ahyɛdeɛ. Ɛnyɛ me na mede ahyɛdeɛ no rema, na mmom Awurade. Ɛne sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔyere ne ne kunu tete mu.+ 11 Nanso sɛ ɔne no tete mu a, ɛnsɛ sɛ ɔware. Sɛ ɔpɛ sɛ ɔware a, ɛnneɛ ɛsɛ sɛ ɔsan ne ne kunu no kɔbom; na okunu nso, ɛnsɛ sɛ ɔgyaa ne yere.+

12 Na wɔn a aka no deɛ, deɛ mewɔ ka kyerɛ wɔn nie. Ɛnyɛ Awurade, na mmom me na mereka.+ Ɛne sɛ: Sɛ onuabarima bi wɔ yere a ɔnnye nnie, na sɛ ɔbaa no pene so sɛ ɔne no bɛtena a, ɛnsɛ sɛ ɔgyaa no; 13 na sɛ ɔbaa bi nso wɔ kunu a ɔnnye nnie, na sɛ ɔbarima no pene so sɛ ɔne no bɛtena a, ɛnsɛ sɛ ɔgyaa ne kunu no. 14 Ɛfiri sɛ okunu a ɔnnye nnie no ho te, ne yere no nti; na ɔyere a ɔnnye nnie no ho te, onuabarima no nti. Sɛ ɛnte saa a, anka mo mma ho agu fĩ, nanso seesei wɔyɛ kronkron. 15 Na sɛ deɛ ɔnnye nnie no ka sɛ ɔrekɔ* a, ma no nkɔ; sɛ ɛba saa a, biribiara nkyekyere onuabarima anaa onuabaa no, na asomdwoeɛ mu na Onyankopɔn afrɛ mo aba.+ 16 Na ɔyere, wobɛyɛ dɛn ahu sɛ ɛnyɛ wo na wobɛgye wo kunu nkwa?+ Anaa okunu, wobɛyɛ dɛn ahu sɛ ɛnyɛ wo na wobɛgye wo yere nkwa?

17 Ne nyinaa mu no, sɛdeɛ Yehowa* ama obiara ne kyɛfa no, saa ara na obiara mmɔ ne bra, sɛdeɛ Onyankopɔn afrɛ no no.+ Akwankyerɛ a mede ama wɔ asafo ahodoɔ nyinaa mu ne no. 18 Wɔfrɛɛ obi berɛ a watwa twetia* anaa?+ Ɛnsɛ sɛ ɔdane obi a ɔntwaa twetia. Wɔfrɛɛ obi berɛ a ɔntwaa twetia anaa? Ɛnsɛ sɛ ɔtwa twetia.+ 19 Twetiatwa nkyerɛ hwee, na wɔntwaa obi twetia nso a, ɛnkyerɛ hwee.+ Deɛ ɛhia ne sɛ ɔbɛdi Onyankopɔn ahyɛdeɛ so.+ 20 Sɛdeɛ na obiara teɛ a wɔfrɛɛ no no, ɔntena mu saa ara.+ 21 Berɛ a wɔfrɛɛ wo no, na woyɛ akoa anaa? Mma no nnha wo;+ nanso sɛ wobɛtumi afiri nkoasom mu a, ɛnneɛ firi mu. 22 Na obiara a wɔfrɛɛ no Awurade mu berɛ a ɔyɛ akoa no, wabɛyɛ Awurade nipa a wɔayi no afiri nkoasom mu.+ Saa ara na deɛ wɔfrɛɛ no berɛ a ɔnni nkoasom mu no nso, wabɛyɛ Kristo akoa. 23 Wɔtɔɔ mo aboɔden;+ monnyae sɛ moyɛ nkoa ma nnipa. 24 Anuanom, sɛdeɛ na obiara teɛ a wɔfrɛɛ no no, ɔntena mu saa ara wɔ Onyankopɔn anim.

25 Afei ɛdefa mmaabunu* ho deɛ, menni ahyɛdeɛ biara a ɛfiri Awurade hɔ, na mmom mereka m’adwene+ sɛ obi a Awurade hunuu no mmɔbɔ sɛ ɔmmɛyɛ ɔnokwafoɔ. 26 Enti mesusu sɛ ɔhaw a yɛwɔ mu seesei nti, sɛdeɛ onipa teɛ biara, ɛyɛ sɛ ɔtena hɔ saa ara. 27 Wobata ɔyere ho anaa? Gyae sɛ woretete wo ho.+ Wonni yere anaa? Gyae sɛ worehwehwɛ ɔyere. 28 Nanso sɛ woware nso a, wonyɛɛ bɔne. Sɛ ɔbaabunu ware a, ɔnyɛɛ bɔne. Nanso wɔn a wɔware no ho bɛyera* wɔn honam mu. Me deɛ, mempɛ sɛ mo ho bɛyera mo.

29 Bio nso anuanom, deɛ mereka ne sɛ, berɛ a aka no sua.+ Ɛfiri saa berɛ yi rekɔ no, momma wɔn a wɔwɔ yere no nyɛ sɛ deɛ wɔnni bi, 30 na wɔn a wɔsu nyɛ sɛ wɔn a wɔnsu, na wɔn a wɔdi ahurisie nyɛ sɛ wɔn a wɔnni ahurisie, na wɔn a wɔtɔ nyɛ sɛ wɔn a wɔnni bi. 31 Wɔn a wɔde wiase di dwuma nso, wɔmmma wiase nnnye wɔn adwene; ɛfiri sɛ sɛdeɛ wiase teɛ no resesa. 32 Me deɛ, mempɛ sɛ dadwene hyɛ mo so. Ɔbarima a ɔnwareeɛ no, ɔda dwene Awurade nneɛma ho, sɛdeɛ ɔbɛsɔ Awurade ani. 33 Na ɔbarima warefoɔ deɛ, ɔda dwene wiase nneɛma ho,+ sɛdeɛ ɔbɛsɔ ne yere ani; 34 ne mu akyɛ. Bio nso, ɔbaa a ɔnwareeɛ, ne ɔbaabunu da dwene Awurade nneɛma ho,+ sɛdeɛ ɔbɛyɛ kronn ne nipadua mu ne ne honhom mu. Na ɔbaa warefoɔ deɛ, ɔda dwene wiase nneɛma ho, sɛdeɛ ɔbɛsɔ ne kunu ani. 35 Mo ara mo yie mu nti na mereka wei; ɛnyɛ sɛ mede biribi rekyekyere mo, na mmom sɛdeɛ ɛbɛma moayɛ deɛ ɛfata na moatumi asom Awurade daa a biribiara nnye mo adwene.

36 Nanso sɛ obi hu sɛ ware a ɔnwareeɛ* no ama no reyɛ deɛ ɛmfata, na sɛ onii no nyɛ abɔfra bio a, ɛnneɛ deɛ ɛsɛ sɛ ɛba nie: Ma no nyɛ deɛ ɔpɛ; ɔnyɛɛ bɔne. Ma wɔnware.+ 37 Na sɛ obi asi gyinaeɛ wɔ n’akoma mu, na hwee nhyɛ ne so, na mmom ɔtumi hyɛ ɔno ara n’akɔnnɔ so, na wasi gyinaeɛ wɔ ɔno ara n’akoma mu sɛ ɔrenware* a, ɛbɛsi no yie.+ 38 Saa ara na obiara a ɔbɛware* no, ɔno nso ɛbɛsi no yie. Nanso deɛ ɔnware no, ɛbɛsi no yie asene deɛ ɔware.+

39 Berɛ tenten a ɔbaa kunu te ase no, mmara akyekyere no afam ne kunu ho.+ Na sɛ ne kunu wu* a, wade ne ho; ɔtumi ware obiara a ɔpɛ, mmom Awurade mu nko ara na ɔnware.+ 40 Nanso m’adwene ne sɛ, sɛ ɔtena hɔ sɛdeɛ ɔteɛ no a, n’ani bɛgye kɛse. Megye di sɛ me nso mewɔ Onyankopɔn honhom.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane