Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Adiyisɛm 14
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Adiyisɛm Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Adwammaa no ne 144,000 no (1-5)

      • Nsɛm a ɛfiri abɔfoɔ mmiɛnsa hɔ (6-12)

        • Ɔbɔfoɔ a watu nam wiem a ɔkura asɛmpa (6, 7)

      • Anigyeɛ ne wɔn a wɔwu wɔ Kristo mu (13)

      • Wɔtwaa asaase so nnɔbaeɛ mprenu (14-20)

Adiyisɛm 14:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoh 1:29; Adi 5:6; 22:3
  • +Dw 2:6; Heb 12:22; 1Pe 2:6
  • +Adi 7:4
  • +Adi 3:12

Adiyisɛm 14:3

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “kerubim.” Kerubim yɛ abɔfoɔ a wɔwɔ tumi paa.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 33:3; 98:1; 149:1; Adi 5:9
  • +Adi 4:6
  • +Adi 4:4; 19:4
  • +Adi 7:4

Adiyisɛm 14:4

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “wɔyɛ mmaabunu.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ko 11:2; Yak 1:27; 4:4
  • +1Pe 2:21
  • +1Ko 6:20; 7:23; Adi 5:9
  • +Yak 1:18

Adiyisɛm 14:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Efe 5:25-27; Yuda 24

Adiyisɛm 14:6

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “kɛtrɛma.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 24:14; Mr 13:10; Aso 1:8

Adiyisɛm 14:7

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “dɔn.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Pe 2:9
  • +Ex 20:11; Dw 146:6

Adiyisɛm 14:8

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Ɔbaa no ahwe ase!”

  • *

    Greek, por·nei′a. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Adi 17:18
  • +Yes 21:9; Adi 18:21
  • +Yer 51:7, 8; Adi 17:1, 2; 18:2, 3

Adiyisɛm 14:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Adi 13:1
  • +Adi 13:15, 16

Adiyisɛm 14:10

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “bobesa.”

  • *

    Adeɛ bi a ɛte sɛ atuduro a wɔde gu gya mu ma no dɛre.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 75:8; Adi 11:18; 16:19
  • +Adi 21:8

Adiyisɛm 14:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 25:46; 2Te 1:9; Adi 19:3
  • +Adi 13:16-18; 16:2; 20:4

Adiyisɛm 14:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Adi 13:10
  • +Heb 10:38

Adiyisɛm 14:13

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ka wɔn ho.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 15:51, 52; 1Te 4:16, 17

Adiyisɛm 14:14

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ dadeɛ bi a ɛyɛ nnam a ɛhyɛ dua ano. Ɛte sɛ kookoo sɔsɔ.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Da 7:13

Adiyisɛm 14:15

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “dɔn.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 13:30

Adiyisɛm 14:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoe 3:13

Adiyisɛm 14:19

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “bobesa.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Adi 19:11, 15

Adiyisɛm 14:20

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Bɛyɛ km. 296 (akw. 184). Agoprama baako tenten yɛ mita 185 (anm. 606.95). Hwɛ Nkh. B14.

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Adi. 14:1Yoh 1:29; Adi 5:6; 22:3
Adi. 14:1Dw 2:6; Heb 12:22; 1Pe 2:6
Adi. 14:1Adi 7:4
Adi. 14:1Adi 3:12
Adi. 14:3Dw 33:3; 98:1; 149:1; Adi 5:9
Adi. 14:3Adi 4:6
Adi. 14:3Adi 4:4; 19:4
Adi. 14:3Adi 7:4
Adi. 14:42Ko 11:2; Yak 1:27; 4:4
Adi. 14:41Pe 2:21
Adi. 14:41Ko 6:20; 7:23; Adi 5:9
Adi. 14:4Yak 1:18
Adi. 14:5Efe 5:25-27; Yuda 24
Adi. 14:6Mt 24:14; Mr 13:10; Aso 1:8
Adi. 14:72Pe 2:9
Adi. 14:7Ex 20:11; Dw 146:6
Adi. 14:8Adi 17:18
Adi. 14:8Yes 21:9; Adi 18:21
Adi. 14:8Yer 51:7, 8; Adi 17:1, 2; 18:2, 3
Adi. 14:9Adi 13:1
Adi. 14:9Adi 13:15, 16
Adi. 14:10Dw 75:8; Adi 11:18; 16:19
Adi. 14:10Adi 21:8
Adi. 14:11Mt 25:46; 2Te 1:9; Adi 19:3
Adi. 14:11Adi 13:16-18; 16:2; 20:4
Adi. 14:12Adi 13:10
Adi. 14:12Heb 10:38
Adi. 14:131Ko 15:51, 52; 1Te 4:16, 17
Adi. 14:14Da 7:13
Adi. 14:15Mt 13:30
Adi. 14:18Yoe 3:13
Adi. 14:19Adi 19:11, 15
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Adiyisɛm 14:1-20

Yohane Adiyisɛm

14 Na mehunuiɛ, na hwɛ! Adwammaa+ no gyina Sion Bepɔ+ so, na 144,000+ a wɔatwerɛtwerɛ ne din ne n’Agya din+ wɔ wɔn moma so no ka ne ho. 2 Metee nnyegyeeɛ bi firii soro te sɛ nsuo bebree a ɛrebu fa so ne aprannaa a ano yɛ den. Na nnyegyeeɛ a meteeɛ no te sɛ nnwontofoɔ a wɔreto nnwom bɔ wɔn asankuo. 3 Ná wɔreto dwom bi a ɛte sɛ dwom foforɔ+ wɔ ahennwa no ne ateasefoɔ* nnan+ no ne mpanimfoɔ no+ anim. Obiara antumi ansua saa dwom no gye 144,000+ a wɔatɔ wɔn afiri asaase so no nko ara. 4 Weinom na wɔamfa mmaa angu wɔn ho fĩ; nokwasɛm ne sɛ wɔn ho te.*+ Weinom na wɔdi Adwammaa no akyi baabiara a ɔbɛkɔ.+ Weinom na wɔtɔɔ wɔn+ firii nnipa mu sɛ aba a ɛdi kan+ maa Onyankopɔn ne Adwammaa no, 5 na wɔanhu nnaadaa biara wɔ wɔn anom; na dɛm nni wɔn ho.+

6 Mehuu ɔbɔfoɔ foforɔ bi sɛ watu nam wiem, na na ɔkura daa asɛmpa a ɔrekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asaase so, aman ne mmusuakuo ne kasa* ne nkurɔfoɔ nyinaa.+ 7 Na ɔde nne kɛseɛ kaa sɛ: “Monsuro Onyankopɔn na monhyɛ no animuonyam, ɛfiri sɛ n’atemmuo berɛ* aduru,+ enti monsom Deɛ ɔyɛɛ ɔsoro ne asaase ne ɛpo+ ne nsutire no.”

8 Na ɔbɔfoɔ foforɔ bi, deɛ ɔtɔ so mmienu, dii akyire bɛkaa sɛ: “Wahwe ase!* Babilon Kɛseɛ+ no ahwe ase,+ deɛ ɔmaa aman nyinaa nom n’adwamammɔ* ho akɔnnɔ nsã+ no bi no!”

9 Na ɔbɔfoɔ foforɔ bi nso, deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa, dii wɔn akyi, na ɔde nne kɛseɛ kaa sɛ: “Sɛ obi som akekaboa+ no ne ne honi no na ɔnya ahyɛnsodeɛ wɔ ne moma so anaa ne nsa ho+ a, 10 ɔbɛnom Onyankopɔn abufuo nsã* a wɔmfraa mu a wɔahwie agu N’abufuo kuruwa+ mu no nso bi, na wɔbɛyɛ no ayayadeɛ wɔ gya ne sɔfe*+ mu wɔ abɔfo kronkron no ne Adwammaa no anim. 11 Na ayayadeɛ a wɔyɛ wɔn no wisie bɛforo soro daa daa,+ na wɔrennya ɔhome biara awia ne anadwo, wɔn a wɔsom aboa no ne ne honi no, ne obiara a ɔgye ne din ahyɛnsodeɛ no bi no.+ 12 Wei nti na ɛhia sɛ akronkronfoɔ no mia wɔn ani,+ akronkronfoɔ a wɔkura Onyankopɔn ahyɛdeɛ ne Yesu gyidie mu dendeenden+ no.”

13 Na metee nne bi firii soro sɛ, “Twerɛ sɛ: Anigyeɛ ne wɔn a wɔwu wɔ Awurade mu+ firi saa berɛ yi rekɔ. Aane, honhom no na ɛka, momma wɔnhome mfiri wɔn nnwuma ho, ɛfiri sɛ nneɛma a wɔyɛeɛ no di wɔn akyi.”*

14 Na mehunuiɛ, na hwɛ! mununkum fitaa bi nie. Ná obi a ɔte sɛ onipa ba+ te mununkum no so a ɔhyɛ sika kɔkɔɔ ahenkyɛ, na na ɔkura kantankrankyi* a ano yɛ nnam wɔ ne nsam.

15 Na ɔbɔfoɔ foforɔ firii asɔrefie kronkronbea hɔ baeɛ, na ɔde nne kɛseɛ teaam ka kyerɛɛ deɛ ɔte mununkum no so no sɛ: “To wo kantankrankyi na twa, na berɛ* aduru sɛ wɔtwa, ɛfiri sɛ asaase no so nnɔbaeɛ abere paa.”+ 16 Na deɛ ɔte mununkum no so no de ne kantankrankyi no too asaase so, na wɔtwaa asaase so nnɔbaeɛ.

17 Ɔbɔfoɔ foforɔ bi nso firii asɔrefie kronkronbea a ɛwɔ soro no baeɛ, na na ɔno nso kura kantankrankyi a ano yɛ nnam.

18 Ɔbɔfoɔ foforɔ bi nso firii afɔrebukyia no mu baeɛ, na na ɔwɔ egya so tumi. Na ɔteaam ka kyerɛɛ deɛ ɔkura kantankrankyi a ano yɛ nnam no sɛ: “To wo kantankrankyi a ano yɛ nnam no, na boaboa asaase so bobe esia esia no ano, ɛfiri sɛ n’aba no abere.”+ 19 Na ɔbɔfoɔ no de ne kantankrankyi no too asaase so, na ɔboaboaa asaase so bobe no ano, na ɔto guu Onyankopɔn abufuo amena kɛseɛ a wɔkyĩ nsã* wom+ no mu. 20 Na wɔtiatiaa bobe no so wɔ kuro no akyi, na mogya firii amena a wɔkyĩ nsã wom no mu foro kɔduruu apɔnkɔ nnareka ho, na ɛtwaa kwan a ne tenten yɛ agoprama 1,600.*

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane