Samuel Nwoma a Ɛdi Kan
23 Akyire yi, wɔbɛka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Filistifoɔ ne Keilafoɔ+ reko, na wɔrewiawia wɔn aduane wɔ ayuporobea.” 2 Enti Dawid bisaa Yehowa sɛ:+ “Menkɔ na menkɔkunkum Filistifoɔ yi anaa?” Yehowa buaa Dawid sɛ: “Kɔ, kɔkunkum Filistifoɔ no na gye Keilafoɔ.” 3 Ɛnna Dawid mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, Yuda fã ha+ a yɛwɔ yi mpo, yɛsuro, na sɛ yɛkɔ Keila sɛ yɛne Filistifoɔ dɔm rekɔko a, ɛnneɛ yɛnnim deɛ ɛbɛsi!”+ 4 Enti Dawid san bisaa Yehowa.+ Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre, siane kɔ Keila, ɛfiri sɛ mede Filistifoɔ no bɛhyɛ wo nsa.”+ 5 Enti Dawid ne ne mmarima no kɔɔ Keila ne Filistifoɔ kɔkoeɛ, na ɔfaa wɔn nyɛmmoa kɔeɛ, na ɔkunkum wɔn mu bebree. Dawid twitwa gyee Keilafoɔ.+
6 Berɛ a Ahimelek ba Abiatar+ redwane akɔ Dawid nkyɛn wɔ Keila no, ɔde efɔd* no kɔeɛ. 7 Wɔkɔbɔɔ Saul amanneɛ sɛ: “Dawid aba Keila.” Ɛnna Saul kaa sɛ: “Onyankopɔn de no ahyɛ me nsa;*+ ɛfiri sɛ kuro a apono ne mmeamu deda ano mu na wakɔhyɛ de asum ne ho fidie.” 8 Enti Saul frɛfrɛɛ n’asraafoɔ no nyinaa sɛ wɔnkɔ Keila na wɔnkɔtwa Dawid ne ne mmarima no ho nhyia. 9 Berɛ a Dawid tee sɛ Saul rebɔ ne ho pɔ bɔne no, ɔka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Abiatar sɛ: “Fa efɔd no bra ha.”+ 10 Ɛnna Dawid kaa sɛ: “O Yehowa, Israel Nyankopɔn, w’akoa ate sɛ, me nti Saul pɛ sɛ ɔba Keila bɛsɛe kuro yi.+ 11 Keila mpanimfoɔ* de me bɛhyɛ ne nsa anaa? Enti Saul bɛba ha sɛdeɛ w’akoa ate no? O Yehowa, Israel Nyankopɔn, mesrɛ wo, ka kyerɛ w’akoa.” Ɛnna Yehowa kaa sɛ: “Ɔbɛba.” 12 Dawid bisaa sɛ: “Keila mpanimfoɔ de me ne me mmarima no bɛhyɛ Saul nsa anaa?” Ɛnna Yehowa buaa sɛ: “Wɔde mo bɛhyɛ ne nsa.”
13 Ntɛm ara na Dawid ne ne mmarima bɛyɛ 600+ no sɔreeɛ, na wɔfirii Keila nante kɔɔ baabiara a wɔbɛnya. Berɛ a nkurɔfoɔ kɔbɔɔ Saul amanneɛ sɛ Dawid adwane afiri Keila kɔ no, wannya ankɔ hɔ ankɔhwehwɛ no bio. 14 Dawid kɔtenaa serɛ so mmeaeɛ a ɛhɔ kɔ yɛ den; ɔtenaa Sif+ serɛ so mmepɔ mu. Saul hwehwɛɛ no saa ara,+ nanso Yehowa amma no annya no. 15 Berɛ a Dawid wɔ Sif serɛ so wɔ Hores no, na ɔnim sɛ* Saul aba hɔ rebɛhwehwɛ no* aku no.
16 Ɛnna Saul ba Yonatan kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hores kɔhyɛɛ no* den wɔ Yehowa din mu.+ 17 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro, ɛfiri sɛ me papa Saul nsa renka wo, na wo na wobɛdi Israel so hene,+ na mɛyɛ w’abadiakyire; me papa Saul mpo nim saa.”+ 18 Ɛnna wɔn mmienu no yɛɛ apam+ wɔ Yehowa anim, na Dawid tenaa Hores, Yonatan deɛ, ɔkɔɔ ne fie.
19 Akyire yi, Sif mmarima kɔɔ Saul nkyɛn wɔ Gibea+ kɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ yɛn nkyɛn ha yi ara na Dawid abɛhinta+ wɔ beaeɛ a ɛhɔ kɔ yɛ den wɔ Hores,+ Hakila bepɔ+ no so wɔ Yesimon*+ anaafoɔ fam?* 20 O ɔhene, berɛ biara a wopɛ* sɛ woba ha no, bra, na yɛn nso yɛde no bɛhyɛ ɔhene nsa.”+ 21 Ɛnna Saul kaa sɛ: “Yehowa nhyira mo, ɛfiri sɛ moahu me mmɔbɔ. 22 Mesrɛ mo, monkɔhwehwɛ baabi pɔtee a ɔwɔ ne onii a ɔhuu no wɔ hɔ, ɛfiri sɛ mate sɛ n’ani ate paa. 23 Monkɔhwehwɛ mmeaeɛ a ɔkɔhintaeɛ no nyinaa, na mommɛka ho asɛm nkyerɛ me. Afei me ne mo bɛkɔ hɔ, na sɛ ɔwɔ asaase no so a, mɛkyini Yuda mpempem nyinaa mu ahwehwɛ no.”
24 Enti wɔfirii hɔ dii Saul kan kɔɔ Sif.+ Saa berɛ no, na Dawid ne ne mmarima no wɔ Maon+ serɛ so wɔ Araba+ a ɛwɔ Yesimon anaafoɔ fam no. 25 Afei Saul ne ne mmarima no bɛhwehwɛɛ no.+ Berɛ a wɔka kyerɛɛ Dawid no, ɛhɔ ara na ɔsiane kɔhyɛɛ ɔbotan+ mu wɔ Maon serɛ so, na ɔtenaa hɔ. Saul teeɛ no, ɔtii Dawid wɔ Maon serɛ no so. 26 Ɛduruu baabi no, na Saul wɔ bepɔ no fã ha, ɛnna Dawid ne ne mmarima no nso wɔ bepɔ no fã nohoa. Ná Dawid redwane+ Saul, nanso na Saul ne ne mmarima no rebɛn Dawid ne ne mmarima no, na na wɔrepɛ wɔn akye wɔn.+ 27 Nanso obi baa Saul nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛ ntɛm bra, na Filistifoɔ abɛto ahyɛ asaase no so!” 28 Ɛnna Saul gyaee Dawid akyiri di,+ na ɔne Filistifoɔ no kɔkoeɛ. Ɛno nti na wɔtoo hɔ din Ntetemu Botan no.
29 Ɛnna Dawid dwane firii hɔ, na ɔkɔtenaa mmeaeɛ a ɛhɔ kɔ yɛ den wɔ En-Gedi.+