Ɔde Kɔmaa Romafoɔ
15 Yɛn a yɛyɛ den no, ɛsɛ sɛ yɛsoa wɔn a wɔnyɛ den no mmerɛyɛ,+ na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ deɛ yɛn ankasa yɛpɛ.+ 2 Momma yɛn mu biara nyɛ deɛ ne yɔnko pɛ, deɛ ɛyɛ a ɛbɛhyɛ ne yɔnko den.+ 3 Na Kristo mpo anyɛ deɛ ɔno ara pɛ,+ na mmom sɛdeɛ wɔatwerɛ no: “Wɔn a wɔgu w’anim ase no, wɔn animguaseɛ aba me so.”+ 4 Na biribiara a wɔatwerɛ ato hɔ no, wɔatwerɛ sɛ ɛnkyerɛkyerɛ yɛn,+ na yɛnam yɛn animia+ ne Twerɛnsɛm no mu awerɛkyekyerɛ so anya anidasoɔ.+ 5 Onyankopɔn a ɔma yɛtumi mia yɛn ani gyina mu na ɔma yɛn awerɛkyekyerɛ no, ɔmma mo nyinaa nnya adwene a na Kristo Yesu wɔ no ara bi, 6 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛyɛ baako,+ na mode nne* korɔ ahyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne n’Agya animuonyam.
7 Enti obiara nnye ne yɔnko ntom,*+ sɛdeɛ Kristo nso gyee mo toom no,+ na ahyɛ Onyankopɔn animuonyam. 8 Na mereka akyerɛ mo sɛ, Kristo bɛyɛɛ ɔsomfoɔ maa wɔn a Onyankopɔn nokorɛdie nti wɔatwa twetia*+ no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛma ada adi sɛ ɛbɔ ahodoɔ a Onyankopɔn hyɛɛ wɔn agyanom no bɛba mu,+ 9 na ama amanaman no ahyɛ Onyankopɔn animuonyam ɛsiane ne mmɔborɔhunu nti.+ Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: “Ɛno nti na mɛpae mu abɔ wo din wɔ amanaman mu, na mato ayeyi nnwom ama wo din”+ no. 10 Na ɔsan kaa sɛ: “Amanaman, mo ne ne man ani nnye.”+ 11 Ɔkaa bio sɛ: “Amanaman nyinaa, monyi Yehowa* ayɛ, na momma aman nyinaa nkamfo no.”+ 12 Na bio nso Yesaia kaa sɛ: “Yese nhini bɛba,+ na obi bɛsɔre abɛdi amanaman so.+ Ɔno na amanaman de wɔn ani bɛto ne so.”+ 13 Ɛsiane sɛ mogye Onyankopɔn a ɔma anidasoɔ no di nti, ɔmfa anigyeɛ ne asomdwoeɛ bebree nhyɛ mo ma, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛfa honhom kronkron ahoɔden+ so anya anidasoɔ aboro so.*
14 Me nuanom, me ara megye di sɛ papayɛ nso ahyɛ mo ma, na nimdeɛ nyinaa ahyɛ mo ma, na obiara tumi tu ne yɔnko fo.* 15 Nanso, matwerɛ mo aka nsɛm bi penpen sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛsan de akaakae mo. Mereyɛ saa ɛsiane adom a Onyankopɔn de ama me no nti. 16 Wadom me, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛyɛ Kristo Yesu badwam somfoɔ ama amanaman no.+ Mereyɛ Onyankopɔn asɛmpa+ ho adwuma kronkron no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a amanaman yi bɛyɛ afɔrebɔdeɛ a ɛsɔ ani a wɔde honhom kronkron ate ho.
17 Enti ɛba nneɛma a ɛfa Onyankopɔn ho a, mewɔ deɛ mɛgyina so adi ahurisie wɔ Kristo Yesu mu. 18 Na merensi me bo sɛ mɛka biribiara, gye deɛ Kristo nam me so ayɛ nko ara. Kristo nam me so yɛɛ adwuma sɛdeɛ ɛbɛyɛ a amanaman no bɛyɛ ɔsetie. Ɔfaa m’asɛm ne m’adwuma so na ɛyɛɛ saa. 19 Ɔsan nso faa nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ tumi+ ne honhom kronkron tumi so na ɛyɛɛ saa. Ɛno nti, mekaa Kristo ho asɛmpa no frenkyemm firii Yerusalem kɔe ara kɔduruu Ilirikum.+ 20 Saa kwan yi so no, mede yɛɛ me botaeɛ sɛ merenka asɛmpa no wɔ baabi a nkurɔfoɔ ate Kristo din wɔ hɔ dada, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a merensi nsi obi fapem so; 21 na mmom, sɛdeɛ wɔatwerɛ no: “Wɔn a wɔnkaa ne ho asɛm nkyerɛɛ wɔn no bɛhunu, na wɔn a wɔnteeɛ no bɛte aseɛ.”+
22 Ɛno nso nti na meyɛeɛ ara nso mantumi amma mo nkyɛn no. 23 Nanso seesei asaase biara nni hɔ a menkaa asɛm no wɔ so wɔ mpɔtamu ha, na mfeɛ pii* nie na mahwɛ kwan dendeenden sɛ mɛba mo nkyɛn. 24 Enti sɛ merekɔ Spain a, mehwɛ kwan sɛ mɛhu mo, na sɛ me ne mo bɔ kakra a, moagya me kwan kakra ama makɔ hɔ. 25 Nanso seesei deɛ, merebɛkɔ Yerusalem akɔsom akronkronfoɔ no.+ 26 Na wɔn a wɔwɔ Makedonia ne Akaia no ani agye sɛ wɔde wɔn nneɛma ama sɛ ntoboa de rekɔma akronkronfoɔ a ɛwɔ Yerusalem no mu ahiafoɔ.+ 27 Ɛwom, wɔde anigyeɛ na ɛyɛɛ saa, nanso na wɔde wɔn ka; ɛfiri sɛ nneɛma a wɔnya firii Onyankopɔn hɔ no, amanaman no ne wɔn kyɛe. Enti ɛsɛ sɛ wɔn nso de wɔn nneɛma som wɔn bi.+ 28 Enti sɛ mewie wei, na sɛ mede saa ntoboa* yi kɔma wɔn a, mɛfa mo hɔ akɔ Spain. 29 Bio nso, menim sɛ menya ba mo nkyɛn a, mede Kristo nhyira a abu so bɛba.
30 Afei anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo ne honhom no dɔ so srɛ mo sɛ, monka me ho na monyere mo ho mmɔ Onyankopɔn mpaeɛ mma me,+ 31 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛgye me+ afiri wɔn a wɔnnye nnie nsam wɔ Yudea, na akronkronfoɔ no ani agye me som adwuma a merekɔyɛ wɔ Yerusalem no ho,+ 32 na sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ a, mede anigyeɛ aba mo nkyɛn, na me ne mo nyinaa, obiara ho adwo no. 33 Onyankopɔn a ɔma asomdwoeɛ no ne mo nyinaa ntena.+ Amen.