Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Asomafoɔ Nnwuma 18
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Asomafoɔ Nnwuma Mu Nsɛntitire

      • Paul kaa asɛm no wɔ Korinto (1-17)

      • Ɔsan kɔɔ Antiokia a ɛwɔ Siria (18-22)

      • Paul firii hɔ kɔɔ Galatia ne Frigia (23)

      • Wɔboaa Apolo, ɔbarima a n’ano ate no (24-28)

Asomafoɔ Nnwuma 18:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 18:24, 26; 1Ko 16:19; 2Ti 4:19

Asomafoɔ Nnwuma 18:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 20:34; 1Ko 4:11, 12; 9:15; 1Te 2:9; 2Te 3:8, 10

Asomafoɔ Nnwuma 18:4

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɔne wɔn susu nsɛm ho.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 17:2
  • +Mt 4:23

Asomafoɔ Nnwuma 18:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 15:27; 17:14
  • +Aso 16:1, 2; 1Te 3:6
  • +Aso 17:2, 3; 28:23

Asomafoɔ Nnwuma 18:6

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “me ho afi.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 10:14
  • +Hes 33:4
  • +Aso 20:26
  • +Aso 13:46; 28:28; Ro 1:16

Asomafoɔ Nnwuma 18:7

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Kyerɛ sɛ, hyiadan no mu.

Asomafoɔ Nnwuma 18:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 1:14

Asomafoɔ Nnwuma 18:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 28:20

Asomafoɔ Nnwuma 18:12

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɔpanin a ɔhwɛ Roma mantam bi so. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Asomafoɔ Nnwuma 18:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 23:29; 25:19

Asomafoɔ Nnwuma 18:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 1:1

Asomafoɔ Nnwuma 18:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 16:1

Asomafoɔ Nnwuma 18:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 17:2

Asomafoɔ Nnwuma 18:21

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Asomafoɔ Nnwuma 18:22

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɔsiane kɔɔ.”

  • *

    Ɛbɛyɛ sɛ ɔforo kɔɔ Yerusalem.

  • *

    Anaa “ɔsiane kɔɔ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 15:36

Asomafoɔ Nnwuma 18:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 16:6
  • +Aso 14:21, 22; 15:32

Asomafoɔ Nnwuma 18:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 19:1; 1Ko 1:12; 3:5, 6

Asomafoɔ Nnwuma 18:25

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Asomafoɔ Nnwuma 18:26

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 16:3; 1Ko 16:19

Asomafoɔ Nnwuma 18:28

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 18:15; Dw 16:10; Yes 7:14; Mik 5:2

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Aso. 18:2Aso 18:24, 26; 1Ko 16:19; 2Ti 4:19
Aso. 18:3Aso 20:34; 1Ko 4:11, 12; 9:15; 1Te 2:9; 2Te 3:8, 10
Aso. 18:4Aso 17:2
Aso. 18:4Mt 4:23
Aso. 18:5Aso 15:27; 17:14
Aso. 18:5Aso 16:1, 2; 1Te 3:6
Aso. 18:5Aso 17:2, 3; 28:23
Aso. 18:6Mt 10:14
Aso. 18:6Hes 33:4
Aso. 18:6Aso 20:26
Aso. 18:6Aso 13:46; 28:28; Ro 1:16
Aso. 18:81Ko 1:14
Aso. 18:10Mt 28:20
Aso. 18:15Aso 23:29; 25:19
Aso. 18:171Ko 1:1
Aso. 18:18Ro 16:1
Aso. 18:19Aso 17:2
Aso. 18:22Aso 15:36
Aso. 18:23Aso 16:6
Aso. 18:23Aso 14:21, 22; 15:32
Aso. 18:24Aso 19:1; 1Ko 1:12; 3:5, 6
Aso. 18:26Ro 16:3; 1Ko 16:19
Aso. 18:28De 18:15; Dw 16:10; Yes 7:14; Mik 5:2
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Asomafoɔ Nnwuma 18:1-28

Asomafoɔ Nnwuma

18 Wei akyi no, Paul firii Atene kɔɔ Korinto. 2 Na ɔhuu Yudani bi a wɔfrɛ no Akwila+ a ɔyɛ Pontoni. Ná ɔne ne yere Priskila firi Italy baa hɔ nkyɛeɛ, ɛfiri sɛ na Klaudio ahyɛ sɛ Yudafoɔ nyinaa mfiri Roma. Na Paul kɔɔ wɔn nkyɛn, 3 na ɛsiane sɛ na ɔne wɔn yɛ adwuma korɔ nti, ɔtenaa wɔn fie ne wɔn yɛɛ adwuma,+ ɛfiri sɛ na ntomadan adwuma na wɔyɛ. 4 Homeda+ biara, na ɔka asɛm* wɔ hyiadan mu,+ na na ɔkasa ma no tɔ Yudafoɔ ne Greecefoɔ no akoma so ma wɔgye di.

5 Na berɛ a Silas+ ne Timoteo+ nyinaa firii Makedonia bɛduruiɛ no, Paul firii aseɛ de ne berɛ nyinaa kaa asɛm no, na ɔdii adanseɛ kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ, Yesu ne Kristo no.+ 6 Nanso wɔsɔre tiaa Paul mprɛ pii, na wɔdidii no atɛm. Enti ɔporoporoo n’ataadeɛ mu,+ na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo mogya ngu mo ara mo tiri so.+ Me deɛ, menni fɔ.*+ Ɛfiri nnɛ rekɔ, amanaman mufoɔ nkyɛn na mɛkɔ.”+ 7 Enti ɔfirii hɔ,* na ɔkɔɔ ɔbarima bi a ɔsom Onyankopɔn a wɔfrɛ no Titio Yusto fie. Ná ne fie no ne hyiadan no bɔ ho. 8 Na Krispo+ a ɔyɛ hyiadan mu panin no gyee Awurade diiɛ, ɔne ne fiefoɔ nyinaa. Na Korintofoɔ a wɔteeɛ no mu pii firii aseɛ gye di maa wɔbɔɔ wɔn asu. 9 Afei Awurade ka kyerɛɛ Paul wɔ anisoadehunu mu anadwo sɛ: “Nsuro, kɔ so kasa, na nka w’ano ntom, 10 ɛfiri sɛ meka wo ho,+ na obiara ntumi mfa ne nsa nka wo nyɛ wo bɔne biara; na mewɔ nnipa pii wɔ kuro yi mu.” 11 Enti ɔtenaa hɔ afe ne abosome asia, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn Onyankopɔn asɛm.

12 Berɛ a Galio yɛ Akaia mantam soafoɔ* no, Yudafoɔ no yɛɛ baako sɔre tiaa Paul, na wɔde no kɔɔ atemmuo adwa no anim. 13 Na wɔkaa sɛ: “Saa ɔbarima yi redane nkurɔfoɔ adwene. Ɔka sɛ wɔmfa ɛkwan foforɔ a ɛne mmara no nhyia so nsom Onyankopɔn.” 14 Berɛ a Paul yɛɛ sɛ ɔrebue n’ano akasa no, Galio ka kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ: “Yudafoɔ, sɛ ɛyɛ mfomsoɔ anaa bɔne kɛseɛ bi a, anka mɛto me bo ase atie mo. 15 Na mmom sɛ ɛyɛ nsɛm, ne edin, ne mo ara mo mmara ho akyinnyegyeɛ+ deɛ a, ɛnneɛ mo ara monhwɛ nka. Mempɛ sɛ meyɛ saa nsɛm yi ho temmufoɔ.” 16 Berɛ a ɔkaa saa no, ɔpamoo wɔn firii atemmuo adwa no anim. 17 Enti wɔn nyinaa tu guu Sostene+ a ɔyɛ hyiadan mu panin no so, na wɔfirii aseɛ hwee no wɔ atemmuo adwa no anim. Nanso Galio anyɛ weinom ho hwee.

18 Na berɛ a Paul dii nna kakra kaa ho wɔ hɔ no, ɔne anuanom no dii nkra, na ɔde po so hyɛn firii hɔ kɔɔ Siria, na na Priskila ne Akwila ka ne ho. Na ɔyii ne ti maa no kɔɔ fam wɔ Kenkrea,+ ɛfiri sɛ na wahyɛ bɔ. 19 Berɛ a wɔduruu Efeso no, ɔgyaa wɔn wɔ hɔ. Na ɔno deɛ, ɔkɔɔ hyiadan mu ne Yudafoɔ no kɔsusuu nsɛm ho.+ 20 Wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn nkyɛ kakra, nanso wampene. 21 Mmom ɔne wɔn dii nkra, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ Yehowa* pɛ a, mɛba mo nkyɛn bio.” Na ɔfiri Efeso faa po so, 22 na ɔkɔɔ* Kaesarea. Afei ɔkɔ* kɔkyeaa asafo no. Ɛno akyi no, ɔkɔɔ* Antiokia.+

23 Berɛ a ɔtenaa hɔ kakra no, ɔfirii hɔ, na ɔtutuu akwan faa Galatia ne Frigia+ nsaase so, na ɔhyɛɛ asuafoɔ no nyinaa den.+

24 Na Yudani bi a wɔfrɛ no Apolo+ a ɔfiri Aleksandria baa Efeso. Ná ɔyɛ ɔbarima a n’ano ate, na na ɔnim Twerɛnsɛm no mu yie. 25 Ná wɔakyerɛkyerɛ saa ɔbarima yi wɔ Yehowa* kwan so, na ɛsiane sɛ na honhom no ahyɛ no ma nti, ɔkaa Yesu ho asɛm kyerɛkyerɛɛ mu pɛpɛɛpɛ. Nanso na Yohane asubɔ no nko ara na ɔnim. 26 Apolo firii aseɛ de akokoɔduro kasaa wɔ hyiadan no mu. Berɛ a Priskila ne Akwila+ tee deɛ ɔreka no, wɔfaa no kaa wɔn ho, na wɔkyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn akwan no mu pɛpɛɛpɛ kyerɛɛ no. 27 Ná Apolo pɛ sɛ ɔkɔ Akaia, enti anuanom no twerɛɛ asuafoɔ a ɛwɔ hɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnye no kama. Na berɛ a ɔduruu hɔ no, ɔboaa wɔn a wɔnam Onyankopɔn adom so abɛyɛ agyidifoɔ no paa; 28 ɛfiri sɛ ɔyeree ne ho dendeenden daa no adi pefee wɔ badwam sɛ Yudafoɔ no afom kwan, na ɔde Twerɛnsɛm no kyerɛkyerɛɛ wɔn maa wɔhuu sɛ Yesu ne Kristo no.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane