Ɔde Kɔmaa Hebrifoɔ
6 Ɛno nti seesei, Kristo ho nsɛm a yɛdii kan suaeɛ no,+ yɛatra hɔ. Enti momma yɛmfa nyɛ yɛn botaeɛ sɛ yɛbɛyere yɛn ho anyini wɔ gyidie no mu,+ na yɛanto fapem foforɔ a ɛne nnwuma funu ho adwensakra ne Onyankopɔn mu gyidie, 2 asubɔ ahodoɔ ho nkyerɛkyerɛ ne nsa a wɔde gu nkurɔfoɔ so,+ owusɔreɛ+ ne daa atemmuo. 3 Wei na sɛ Onyankopɔn ma kwan a, yɛbɛyɛ.
4 Na wɔn a wɔahunu hann pɛn,+ na wɔaka ɔsoro akyɛdeɛ a wɔde ma kwa no ahwɛ, na wɔanya honhom kronkron no bi, 5 na wɔaka Onyankopɔn asɛm a ɛyɛ ne wiase* a ɛreba no ahoɔden ahwɛ, 6 nanso wɔawae+ no, ɛrentumi nyɛ yie sɛ wɔbɛsan ama wɔasakra wɔn adwene, ɛfiri sɛ wɔbɔ Onyankopɔn Ba no asɛndua mu bio ma wɔn ho, na wɔgu n’anim ase wɔ badwam.+ 7 Sɛ asaase nom nsuo a ɛtaa tɔ gu so no, na sɛ ɛma afifideɛ fifi ma wɔn a wɔdua maa wɔn no nya so mfasoɔ a, ɛnya Onyankopɔn hɔ nhyira. 8 Nanso sɛ ɛfifi nkasɛɛ ne nwura* a, wɔpo, na ɛfrɛfrɛ nnome, na deɛ ɛbɛkɔ akɔwie ara ne sɛ wɔbɛhye.
9 Adɔfo, ɛwom sɛ yɛrekasa wɔ saa kwan yi so deɛ, nanso yɛwɔ awerɛhyɛmu sɛ mo fam deɛ, ɛbɛyɛ nneɛma pa, nneɛma a ɛde nkwagyeɛ ba. 10 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn nyɛ obi a ɔntene, enti ne werɛ remfi mo adwuma ne sɛdeɛ moasom akronkronfoɔ na moda so som wɔn de kyerɛ sɛ modɔ ne din no.+ 11 Nanso yɛpɛ sɛ mo mu biara da nsi ne ahokeka korɔ no ara bi adi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mode awerɛhyɛmu a ɛdi mu bɛhwɛ mo anidasoɔ+ no kwan akɔsi sɛ ɛbɛba mu,+ 12 na amma moanyɛ aniha,+ na mmom moasuasua wɔn a wɔnam gyidie ne aboterɛ so nya bɔhyɛ ahodoɔ no.
13 Na berɛ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ no, ɛsiane sɛ na obiara nni hɔ a ɔyɛ kɛseɛ sene no a ɔde no bɛka ntam nti, Onyankopɔn de ɔno ara ne ho kaa ntam,+ 14 na ɔkaa sɛ: “Ɛkwan biara so mɛhyira wo, na ɛkwan biara so mɛma w’asefoɔ ayɛ bebree.”+ 15 Enti berɛ a Abraham nyaa aboterɛ no, ne nsa kaa bɔhyɛ yi. 16 Nnipa de deɛ ɔso sene wɔn na ɛka ntam, na wɔn ntam no ma akasakasa* biara to twa, ɛfiri sɛ ɛyɛ mmara kwan so adanseɛ ma wɔn.+ 17 Saa ara na Onyankopɔn nso, berɛ a ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛma bɔhyɛ no ho adedifoɔ*+ no ahunu pefee sɛ n’atirimpɔ* rentumi nsakra no, ɔkaa ntam de sii so,* 18 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nneɛma mmienu a ɛnsakra a Onyankopɔn ntumi nni atorɔ+ wom nti, yɛn a yɛadwane akɔnya dwankɔbea no bɛnya nkuranhyɛ a emu yɛ den a ɛbɛma yɛasɔ anidasoɔ a wɔde asi yɛn anim no mu pintinn. 19 Saa anidasoɔ+ a yɛwɔ yi, ɛte sɛ sɛkyɛ* ma ɔkra;* ɛtim hɔ na ɛnhinhim. Na ɛfa ntwamutam no mu kɔ mu,+ 20 baabi a odikanfoɔ bi akɔ hɔ ama yɛn no. Ɔno ne Yesu+ a wabɛyɛ ɔsɔfo panin daa te sɛ Melkisedek+ no.