91 Obiara a ɔte Ɔsorosoroni no hintabea no+
Bɛtena adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no nwunu ase.+
2 Mɛka akyerɛ Yehowa sɛ: “Wone me dwankɔbea ne m’abandenden,+
Me Nyankopɔn a mede me ho ato wo so.”+
3 Ɔno na ɔbɛgye wo afiri nnomaayifoɔ fidie mu,
Na wayi wo afiri nsanyareɛ a emu yɛ den mu.
4 Ɔde ne ntakra bɛkata wo so,
Na ne ntaban ase na wobɛnya dwankɔbea.+
Ne nokorɛdie+ bɛyɛ kyɛm+ kɛseɛ ne ɔfasuo a ɛbɛbɔ wo ho ban.
5 Worensuro akomatusɛm a ɛba anadwo+
Anaa agyan a wɔtoto no awia;+
6 Worensuro nsanyareɛ a ahinta sum mu,
Anaa ɔsɛeɛ a ɛba mpofirim awia ketee.
7 Apem bɛtotɔ wo nkyɛn,
Na ɔpedu atotɔ wo nsa nifa so,
Nanso wo deɛ, ɛremmɛn wo.+
8 Wode w’ani na ɛbɛhwɛ,
Na woahu nnebɔneyɛfoɔ asotwe.
9 Ɛsiane sɛ wokaa sɛ: “Yehowa ne me dwankɔbea” nti,
Wode Ɔsorosoroni no ayɛ wo tenabea;+
10 Asiane biara rento wo,+
Na ɔhaw biara remmɛn wo ntomadan.
11 Wo nti ɔbɛsoma n’abɔfoɔ+
Ma wɔawɛn wo w’akwan nyinaa mu.+
12 Wɔbɛsoa wo wɔn nsa so,+
Na woamfa wo nan ampem boɔ.+
13 Wobɛtiatia gyata ne ɔprammire so;
Gyata a ne ho yɛ den ne ɔwɔ kɛseɛ so na wobɛtiatia.+
14 Onyankopɔn aka sɛ: “Ɛsiane sɛ ɔdɔ me nti, mɛgye no.+
Mɛbɔ ne ho ban, ɛfiri sɛ ɔnim me din.+
15 Ɔbɛfrɛ me, na mɛgye ne so.+
Mɛgyina n’akyi wɔ n’ahohia mu.+
Mɛgye no, na mahyɛ no animuonyam.
16 Mɛma no adi nna amee,+
Na mama no ahu me nkwagyeɛ nnwuma.”+