Asomafoɔ Nnwuma
19 Ɛbaa sɛ berɛ a Apolo+ wɔ Korinto no, Paul faa baabi a ɛmmɛn ɛpo, na ɔbaa* Efeso.+ Berɛ a ɔduruu hɔ no, ɔhuu asuafoɔ bi, 2 na ɔbisaa wɔn sɛ: “Berɛ a mobɛyɛɛ agyidifoɔ no, monyaa honhom kronkron anaa?”+ Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ei, yɛntee da sɛ honhom kronkron bi mpo wɔ baabi.” 3 Ɛnna ɔbisaa wɔn sɛ: “Ɛnneɛ, na mo asubɔ no yɛ asubɔ bɛn?” Wɔkaa sɛ: “Yohane asubɔ.”+ 4 Paul kaa sɛ: “Asu a Yohane bɔɔ nkurɔfoɔ no, ɔbɔ de kyerɛɛ sɛ wɔasakra wɔn adwene,+ na ɔka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ wɔnnye deɛ ɔdi n’akyi reba no nni.+ Ɔno ne Yesu.” 5 Berɛ a wɔtee wei no, wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Awurade Yesu din mu. 6 Na berɛ a Paul de ne nsa guu wɔn so no, honhom kronkron baa wɔn so,+ na wɔfirii aseɛ kaa kasa hodoɔ,* na wɔhyɛɛ nkɔm.+ 7 Ná wɔn nyinaa bɛyɛ mmarima 12.
8 Na abosome mmiɛnsa deɛ, na ɔkɔ hyiadan mu+ de akokoɔduro ka asɛm, na na ɔne wɔn susu Onyankopɔn Ahennie no ho+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛtɔ wɔn asom. 9 Nanso ebinom pirim wɔn akoma, na wɔannye anni, na wɔkekaa Ɛkwan No+ ho nsɛmmɔne wɔ nnipadɔm no anim. Enti ɔtwee ne ho firii wɔn ho,+ na ɔde asuafoɔ no kaa ne ho kɔeɛ.* Na da biara, na ɔka asɛm wɔ Tirano sukuu dan no mu. 10 Wei kɔɔ so mfeɛ mmienu. Enti wɔn a wɔte Asia mpɔtamu nyinaa, kyerɛ sɛ, Yudafoɔ ne Greecefoɔ nyinaa, tee Awurade asɛm no.
11 Na Onyankopɔn kɔɔ so faa Paul* so yɛɛ anwanwadeɛ akɛseɛ.+ 12 Ɛno nti, nkurɔfoɔ faa ntoma ne ntaadeɛ a aka Paul nipadua kɔmaa ayarefoɔ,+ na wɔn yareɛ no gyaeeɛ, na ahonhommɔne no pue firii wɔn mu.+ 13 Yudafoɔ a wɔkyinkyini tu ahonhommɔne no binom nso yɛɛ sɛ wɔbɛbɔ Awurade Yesu din agu wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne no so. Asɛm a na wɔka ne sɛ: “Mehyɛ mo wɔ Yesu a Paul ka ne ho asɛm no din mu.”+ 14 Ná Yudani sɔfo panin bi a wɔfrɛ no Skewa wɔ mma mmarima nson bi a na wɔreyɛ saa. 15 Ɛnna honhommɔne no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Menim Yesu,+ ɛnna menim Paul,+ na mo nso mofiri he?” 16 Ɛnna onipa a honhommɔne wɔ ne so no to hyɛɛ wɔn so, na ɔdii wɔn so mmaako mmaako yɛɛ wɔn pasaa. Na wɔde adagya dwane firii fie hɔ kɔeɛ, na na wɔapirapira. 17 Obiara tee wei ho asɛm, Yudafoɔ ne Greecefoɔ a wɔtete Efeso nyinaa. Na ehu kaa wɔn nyinaa, na nkurɔfoɔ kɔɔ so kamfoo Awurade Yesu din. 18 Na wɔn a wɔagye adi no bebree bae, na wɔbɛkaa bɔne a wɔayɛ nyinaa wɔ badwam; wɔamfa biribiara ansie. 19 Nokwasɛm ne sɛ, wɔn a wɔdi asumansɛm no mu pii de wɔn nwoma bae, na wɔbɛhye maa obiara hunuiɛ.+ Na berɛ a wɔbuu ne nyinaa ano no, wɔhuu sɛ ne boɔ yɛ nnwetɛbena 50,000. 20 Ɛno nti, Yehowa* asɛm nam ahoɔden so kɔɔ so trɛeɛ, na aseɛ timiiɛ.+
21 Weinom akyi no, Paul yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ akɔfa Makedonia+ ne Akaia, na sɛ ɔfiri hɔ a, ɔbɛkɔ Yerusalem.+ Ɔkaa sɛ: “Sɛ meduru hɔ a, ɛsɛ sɛ mekɔ Roma nso.”+ 22 Enti ɔsomaa wɔn a wɔsom no no mu mmienu, Timoteo+ ne Erasto,+ kɔɔ Makedonia. Na ɔno ara deɛ, ɔtenaa Asia mantam no mu kyɛɛ kakra.
23 Saa berɛ no, gyegyeegye bi a ɛkɔɔ so+ nyɛ asɛm ketewa. Ná ɛfa Ɛkwan No+ ho. 24 Ɛne sɛ, na obi wɔ hɔ a ɔyɛ dwetɛ ho adwuma* a wɔfrɛ no Demetrio. Ná ɔde dwetɛ yɛ Artemi abosom dan, na na ɛma nkurɔfoɔ a wɔn nso yɛ dwetɛ ho adwuma no nya mfasoɔ pii.+ 25 Ɔboaboaa wɔne nkurɔfoɔ a wɔyɛ nnwuma a ɛtete saa no ano, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mmarima, mo ara monim yie sɛ adwuma yi na ɛma yɛnya yɛn ho. 26 Seesei moahunu na moate sɛ, ɛnyɛ Efeso+ nko ara na saa Paul yi adane nnipadɔm pii adwene ama wɔanya adwene foforɔ. Mmom ɛreyɛ ayɛ sɛ, Asia mantam nyinaa mu nso, wayɛ saa ara. Na ɔka sɛ anyame a wɔde nsa ayɛ no nyɛ anyame.+ 27 Deɛ ɛha adwene koraa ne sɛ, deɛ ɔreyɛ no bɛma nkurɔfoɔ akeka yɛn adwuma no ho asɛmmɔne, na onyamebaa kɛseɛ Artemi asɔrefie no nso, nkurɔfoɔ remfa nyɛ hwee bio. Na Artemi a Asia mantam ne asaase sofoɔ nyinaa som no no, n’animuonyam bɛbɔ no.” 28 Berɛ a nkurɔfoɔ no tee wei no, wɔn bo fuiɛ, na wɔfirii aseɛ teateaam sɛ: “Efesofoɔ Artemi yɛ ɔkɛseɛ!”
29 Enti kurom hɔ nyinaa yɛɛ bagyabagya, na wɔn nyinaa gyee bum kɔɔ agohwɛbea hɔ. Berɛ a wɔrekɔ hɔ no, wɔtwee Makedoniafoɔ bi a wɔn din de Gaio ne Aristarko+ a wɔne Paul tutu akwan no kaa wɔn ho. 30 Paul deɛ, na ɔpɛ sɛ ɔkɔ nnipa no mu, nanso asuafoɔ no amma no kwan. 31 Mpanimfoɔ a wɔhwɛ afahyɛ ne agodie so no mu binom a na wɔpɛ n’asɛm no mpo soma bɛsrɛɛ no sɛ, ɔnnkɔ agohwɛbea hɔ, na asiane bi anto no. 32 Nokwasɛm ne sɛ, sɛ ebinom team ka sei a, na ebinom nso ateam aka sei, ɛfiri sɛ na nnipadɔm no ayɛ bagyabagya, na na wɔn mu dodoɔ no ara nnim deɛ enti a wɔabɛhyiam. 33 Ɛnna wɔmaa Aleksandro firii nnipadɔm no mu pue baeɛ, na Yudafoɔ no piapiaa no baa anim. Na Aleksandro him ne nsa sɛ ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ n’asɛm mu kyerɛ nkurɔfoɔ no. 34 Nanso berɛ a wɔhuu sɛ ɔyɛ Yudani no, wɔn nyinaa boom teateaam bɛyɛ nnɔnhwere mmienu sɛ: “Efesofoɔ Artemi yɛ ɔkɛseɛ!”
35 Berɛ a kuro no twerɛfoɔ tumi maa nnipadɔm no yɛɛ komm no, ɔkaa sɛ: “Efeso mmarima, onipa bɛn na ɔnnim sɛ Efesofoɔ kuro yi na ɛhwɛ Artemi ɔkɛseɛ no ne ohoni a ɛfiri soro baeɛ no asɔredan so? 36 Obiara ntumi nnye weinom ho akyinnyeɛ, enti monyɛ komm, na mommpere mo ho nnyɛ biribiara. 37 Ɛfiri sɛ mmarima a mode wɔn aba ha yi nwiaa asɔredan mu nneɛma, na wɔnkaa yɛn nyamebaa no ho abususɛm biara. 38 Enti sɛ Demetrio+ ne wɔn a ɛka ne ho a wɔyɛ dwetɛ ho adwuma no ne obi wɔ asɛm a, nna a wɔdi asɛm wɔ hɔ, ɛnna amantam asoafoɔ* nso wɔ hɔ. Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, ɔmfa mmra. 39 Nanso sɛ morepɛ biribi foforɔ aka ho a, ɛnneɛ gye sɛ mpanimfoɔ no frɛ ɔmanfoɔ no hyiam, na wɔsi ho gyinaeɛ. 40 Na deɛ asi nnɛ yi nti, anhwɛ a wɔbɛbɔ yɛn soboɔ sɛ yɛyɛ amammɔfoɔ, ɛfiri sɛ basabasa a yɛreyɛ yi, yɛnni nnyinasoɔ biara.” 41 Berɛ a ɔkaa saa no, ɔmaa nnipadɔm a abɛhyia no kɔeɛ.