Krataa a Ɛtɔ So Mmienu a Ɔde Kɔmaa Korintofoɔ
6 Berɛ a yɛne no abom reyɛ adwuma+ yi, yɛtu mo fo bio sɛ monnnye Onyankopɔn adom no mmma no nnyɛ kwa.+ 2 Na ɔka sɛ: “Berɛ a ɛfata mu na metiee wo; nkwagyeɛ da na meboaa wo.”+ Hwɛ! Ɛnnɛ ne adom berɛ. Hwɛ! Ɛnnɛ ne nkwagyeɛ da.
3 Yɛnto suntidua wɔ biribiara mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrennya yɛn som adwuma no ho asɛm biara;+ 4 na mmom adeɛ nyinaa mu, yɛdi yɛn ho adanseɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfoɔ:+ Yɛmia yɛn ani fa nneɛma pii mu, amanehunu mu, ohia mu, ahokyerɛ mu,+ 5 ɛhweɛ mu, afiasenna+ mu, basabasayɛ mu, adwumaden mu, yɛda a yɛnna, ɛtɔ da a yɛnnya aduane nni;+ 6 ahoteɛ mu, nimdeɛ mu, aboterɛ*+ mu, ayamyɛ+ mu, honhom kronkron mu, ɔdɔ a nyaatwom nnim mu,+ 7 nsɛm a yɛka a ɛyɛ nokorɛ mu, Onyankopɔn tumi+ mu; yɛnam tenenee akodeɛ+ a ɛwɔ yɛn nsa nifa mu* ne yɛn nsa benkum mu* so, 8 yɛnam animuonyam ne animguaseɛ so, yɛnam asɛmmɔne ne asɛmpa so. Wɔbu yɛn sɛ nnaadaafoɔ, nanso yɛyɛ anokwafoɔ; 9 wɔbu yɛn sɛ nnipa a wɔnnim yɛn, nanso wɔnim yɛn paa; wɔbu yɛn sɛ nnipa a yɛrewuo,* nanso hwɛ! yɛte ase;+ wɔbu yɛn sɛ nnipa a wɔatwe yɛn aso,* nanso wɔnkum yɛn;+ 10 wɔbu yɛn sɛ nnipa a wɔredi awerɛhoɔ, nanso yɛn ani gye daa; wɔbu yɛn sɛ ahiafoɔ, nanso yɛma nnipa pii yɛ adefoɔ; wɔbu yɛn sɛ nnipa a wɔnni hwee, nanso yɛwɔ nneɛma nyinaa.+
11 Korintofoɔ, yɛabue yɛn ano akasa akyerɛ mo,* na yɛabue yɛn akomam kɛseɛ. 12 Yɛn deɛ, yɛada yɛn dɔ nyinaa adi akyerɛ mo,*+ nanso mo deɛ, monnaa mo dɔ nyinaa adi nkyerɛɛ yɛn. 13 Enti mekasa kyerɛ mo sɛ me mma. Sɛdeɛ yɛayɛ ama mo no, mo nso, mommue mo akomam kɛseɛ.*+
14 Mo ne wɔn a wɔnnye nnie nntwe kɔndua* korɔ.+ Na ayɔnkofa bɛn na tenenee ne bɔne* wɔ?+ Anaa kyɛfa bɛn na hann ne sum wɔ?+ 15 Afei nso, abusuabɔ bɛn na Kristo ne Belial* wɔ?+ Anaasɛ deɛn na gyidini* ne deɛ ɔnnye nnie wɔ yɛ?*+ 16 Na baakoyɛ bɛn na Onyankopɔn asɔrefie ne abosom wɔ?+ Ɛfiri sɛ yɛyɛ Onyankopɔn teasefoɔ no asɔrefie,+ sɛdeɛ Onyankopɔn kaeɛ no. Ɔkaa sɛ: “Mɛtena wɔn mu,+ na manante wɔn mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔayɛ me man.”+ 17 “‘Enti momfiri wɔn mu, na montwe mo ho,’ Yehowa* asɛm nie, ‘na monnyae sɛ mode mo nsa ka deɛ ɛho nteɛ no’”;+ “‘na mɛgye mo.’”+ 18 “‘Na mɛyɛ mo agya,+ na mo nso mobɛyɛ me mma mmarima ne me mma mmaa,’+ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Yehowa* na aka.”