Timoteo Nwoma a Ɛdi Kan
6 Wɔn a wɔhyɛ nkoasom kɔndua ase no, ma wɔnkɔ so mmu wɔn wuranom sɛ wɔfata anidie a ɛdi mũ,+ na amma nkurɔfoɔ ankeka Onyankopɔn din ne nkyerɛkyerɛ no ho nsɛmmɔne da.+ 2 Bio nso, wɔn a wɔwɔ awuranom a wɔyɛ agyidifoɔ no, ɛnsɛ sɛ wɔka sɛ wɔn wuranom yɛ anuanom nti wɔremmu wɔn. Mmom no, ɛsɛ sɛ wɔyi wɔn yam som wɔn, ɛfiri sɛ wɔn a wɔnya wɔn adwuma pa so mfasoɔ no yɛ agyidifoɔ ne adɔfoɔ.
Kɔ so fa saa nsɛm yi kyerɛkyerɛ, na fa afotuo yi ma. 3 Sɛ obi kyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ foforɔ, na wannye akwankyerɛ pa*+ a ɛfiri yɛn Awurade Yesu Kristo hɔ no antom, anaa wannye nkyerɛkyerɛ a ɛne onyamesom pa hyia+ no antom a, 4 ɔyɛ ahomasoɔ, na ɔnte hwee ase.+ Akyinnyegyeɛ ne nsɛm ho mansotwe agye n’adwene.*+ Deɛ saa nneɛma no de ba ne aniberɛ, twe-ma-mentwe, dinsɛeɛ,* nnipa ho adwemmɔne, 5 nneɛma a ɛho nhia a nnipa a wɔn adwene asɛe+ na wɔnte nokorɛ no ase bio twe ho manso daa. Wɔn adwene yɛ wɔn sɛ onyamesom pa yɛ adeɛ a wɔde pɛ mfasoɔ.+ 6 Deɛ ɛwom ne sɛ, sɛ obi de onyamesom pa+ bɔ ne bra na ɔma deɛ ɔwɔ sɔ n’ani a, mfasoɔ wɔ so paa. 7 Ɛfiri sɛ yɛamfa hwee amma wiase, na yɛrentumi nso mfa hwee mfiri mu nkɔ.+ 8 Enti sɛ yɛwɔ deɛ yɛbɛdi ne deɛ yɛbɛhyɛ* a, yɛbɛma ɛno ara asɔ yɛn ani.*+
9 Na wɔn a wɔn ani abere sɛ wɔbɛyɛ asikafoɔ no deɛ, wɔtɔ sɔhwɛ ne fidie+ ne nkwasea akɔnnɔ bebree a ɛpira nnipa no mu; na ɛno de nnipa kɔ ɔsɛeɛ pasaa mu.+ 10 Ɛfiri sɛ nneɛma bɔne nyinaa nhini baako ne sikaniberɛ, na ebinom adi akyire ama wɔayera afiri gyidie no ho, na wɔde yea bebree awowɔ wɔn ho nyinaa.+
11 Nanso wo Onyankopɔn nipa deɛ, dwane firi weinom ho. Mmom no, yere wo ho yɛ adetenenee, na yere wo ho di onyamesom pa, gyidie, ɔdɔ, animia, ne ɔdwoɔ+ akyi. 12 Ko gyidie ko pa no, na daa nkwa a ɛno nti wɔfrɛɛ wo na wokaa ho asɛm yie wɔ badwam wɔ adansefoɔ pii anim no, sɔ mu dendeenden.
13 Megyina Onyankopɔn a ɔma nneɛma nyinaa nkwa, ne Kristo Yesu, ɔdanseni a ɔgyinaa Pontio Pilato anim dii no adanseɛ kama wɔ badwam+ no anim ka kyerɛ wo sɛ, 14 di ahyɛdeɛ no so, na mma nkekaeɛ ne asɛm biara mmma wo ho* kɔsi sɛ wɔbɛda yɛn Awurade Yesu Kristo adi.+ 15 Na sɛ berɛ a wɔahyɛ no so a, Ɔberempɔn koro pɛ a ɔwɔ anigyeɛ no bɛda ne ho adi. Ɔno ne ahemfo mu Hene ne awuranom mu Awurade,+ 16 ɔno nko ara na ɔntumi nwu da,+ deɛ ɔte hann a wɔntumi mmɛn ho mu,+ a onipa biara nhuu no da, na obiara rentumi nhu no+ no. Ɔno na anidie ne daa tumi yɛ ne dea. Amen.
17 Ka kyerɛ* wɔn a wɔyɛ asikafoɔ wɔ wiase yi* mu sɛ, wɔnnyɛ ahomasoɔ,* na wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyadeɛ a ɛnkyɛ*+ so. Mmom wɔmfa wɔn ani nto Onyankopɔn so, deɛ ɔma yɛn nneɛma a yɛhia nyinaa ma ɛboro so+ no. 18 Ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ papa, wɔnyɛ adefoɔ wɔ nnwuma pa mu, wɔmmue wɔn nsam,* wɔnkyɛ adeɛ,+ 19 na wɔmfa nto fapem pa nsie yie mma daakye,+ na ama wɔatumi asɔ nkwa ankasa no mu dendeenden.+
20 Timoteo, deɛ wɔde ahyɛ wo nsa no, bɔ ho ban,+ na nsɛnhunu a ɛtia deɛ ɛyɛ kronkron ne deɛ wɔfrɛ no “nimdeɛ” nanso ɛne nokorɛ nhyia no, twe wo ho firi ho.+ 21 Ebinom de saa nimdeɛ no hoahoaa wɔn ho, na wɔamane afiri gyidie no ho.
Adom nka mo.